1 Berɛsosɛm 11 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 11:1-47

Dawid Di Israel Nyinaa So Ɔhene

1Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. 2Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’ ”

3Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.

Dawid Ko Faa Yerusalem

4Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ hɔ kane no, ɛfiri sɛ, Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ. 5Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no.

6Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene.” Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene.

7Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kuro no. 8Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no. 9Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo Awurade ka ne ho.

Dawid Nnɔmmarima

10Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no. 11Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu.

12Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni. 13Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ. 14Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.

15Ɛda bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin wɔ Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no wɔ hɔ. 16Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem. 17Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ sɛ, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi.” 18Enti, Baasa no bɔ wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim 19teaam sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya.” Enti, Dawid annom. Yei yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ.

Dawid Nnɔmmarima Aduasa No

20Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no. 21Abisai na na ne din ahyeta yie wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho.

22Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no. 23Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten yɛ anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no. 24Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no. 25Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene.

26Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie:

Yoab nuabarima Asahel;

Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem;

27Samot a ɔfiri Harori;

Heles a ɔfiri Pelon;

28Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa;

Abieser a ɔfiri Anatot;

29Sibekai a ɔfiri Husa;

Salmon a ɔfiri Ahoa;

30Maharai a ɔfiri Netofa;

Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled;

31Ribai a ɔfiri Gibea babarima Itai (wɔfiri Benyamin abusuakuo mu); Benaia a ɔfiri Piraton;

32Hurai a ɔfiri baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas;

Abiel a ɔfiri Araba.

33Asmawet a ɔfiri Baharum;

Eliahba a ɔfiri Saalbon.

34Hasem mmammarima a wɔfiri Gison;

Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar.

35Sakar babarima Ahiam a ɔfiri Harar;

Ur babarima Elifar.

36Hefer a ɔfiri Mekera;

Ahiya a ɔfiri Pelon.

37Hesro a ɔfiri Karmel;

Esbai babarima Naarai.

38Natan nuabarima Yoɛl;

Hagri babarima Mibhar.

39Selek a ɔfiri Amon;

Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ);

40Ira a ɔfiri Yitri;

Gareb a ɔfiri Yitri;

41Hetini Uria;

Ahlai babarima Sabad;

42Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfoɔ ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;

43Maaka babarima Hanan;

Yosafat a ɔfiri Mitna;

44Usia a ɔfiri Astera;

Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel;

45Simri babarima Yediael;

Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis;

46Eliel a ɔfiri Mahawi;

Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia;

Yitma a ɔfiri Moab;

47Eliel ne Obed;

Yaasiel a ɔfiri Soba.

New International Reader’s Version

1 Chronicles 11:1-47

David Becomes King Over Israel

1The whole community of Israel came together to see David at Hebron. They said, “We are your own flesh and blood. 2In the past, Saul was our king. But you led the men of Israel in battle. The Lord your God said to you, ‘You will be the shepherd over my people Israel. You will become their ruler.’ ”

3All the elders of Israel came to see King David at Hebron. There he made a covenant with them in front of the Lord. They anointed David as king over Israel. It happened just as the Lord had promised through Samuel.

David Captures Jerusalem

4David and all the men of Israel marched to Jerusalem. Jerusalem was also called Jebus. The Jebusites who lived there 5said to David, “You won’t get in here.” But David captured the fort of Zion. It became known as the City of David.

6David had said, “Anyone who leads the attack against the Jebusites will become the commander of Israel’s army.” Joab went up first. So he became the commander of the army. He was the son of Zeruiah.

7David moved into the fort. So it was called the City of David. 8He built up the city around the fort. He filled in the low places. He built a wall around it. During that time, Joab built up the rest of the city. 9David became more and more powerful. That’s because the Lord who rules over all was with him.

David’s Mighty Warriors

10The chiefs of David’s mighty warriors and the whole community of Israel helped David greatly. They helped him become king over the entire land. That’s exactly what the Lord had promised him. 11Here is a list of David’s mighty warriors.

Jashobeam was chief of the officers. He was a Hakmonite. He used his spear against 300 men. He killed all of them at one time.

12Next to him was Eleazar. He was one of the three mighty warriors. He was the son of Dodai, the Ahohite. 13Jashobeam was with David at Pas Dammim. The Philistines had gathered there for battle. Israel’s troops ran away from the Philistines. At the place where that happened, there was a field full of barley. 14The three mighty warriors took their stand in the middle of the field. They didn’t let the Philistines capture it. They struck them down. The Lord helped them win a great battle.

15David was near the rock at the cave of Adullam. Three of the 30 chiefs came down to him there. A group of Philistines was camped in the Valley of Rephaim. 16At that time David was in his usual place of safety. Some Philistine troops were stationed at Bethlehem. 17David really wanted some water. He said, “I wish someone would get me a drink of water from the well near the gate of Bethlehem!” 18So the three mighty warriors fought their way past the Philistine guards. They got some water from the well near the gate of Bethlehem. They took the water back to David. But David refused to drink it. Instead, he poured it out as a drink offering to the Lord. 19“I would never drink that water!” David said. “It would be like drinking the blood of these men. They put their lives in danger by going to Bethlehem.” The men had put their lives in danger by bringing the water back. So David wouldn’t drink it.

Those were some of the brave things the three mighty warriors did.

20Abishai was chief over the three mighty warriors. He was the brother of Joab. Abishai used his spear against 300 men. He killed all of them. So he became as famous as the three mighty warriors. 21He was honored twice as much as the three mighty warriors. He became their commander. But he wasn’t included among them.

22Benaiah was a great hero from Kabzeel. He was the son of Jehoiada. Benaiah did many brave things. He struck down two of Moab’s best fighting men. He also went down into a pit on a snowy day. He killed a lion there. 23And Benaiah struck down an Egyptian who was seven and a half feet tall. The Egyptian was holding a spear as big as a weaver’s rod. Benaiah went out to fight against him with a club. He grabbed the spear out of the Egyptian’s hand. Then he killed him with it. 24Those were some of the brave things Benaiah, the son of Jehoiada, did. He too was as famous as the three mighty warriors. 25He was honored more than any of the 30 chiefs. But he wasn’t included among the three mighty warriors. And David put him in charge of his own personal guards.

26Here is a list of David’s mighty warriors.

Asahel, the brother of Joab

Elhanan, the son of Dodo, from Bethlehem

27Shammoth, the Harorite

Helez, the Pelonite

28Ira, the son of Ikkesh, from Tekoa

Abiezer from Anathoth

29Sibbekai, the Hushathite

Ilai, the Ahohite

30Maharai from Netophah

Heled, the son of Baanah, from Netophah

31Ithai, the son of Ribai, from Gibeah in Benjamin

Benaiah from Pirathon

32Hurai from the valleys of Gaash

Abiel, the Arbathite

33Azmaveth, the Baharumite

Eliahba, the Shaalbonite

34the sons of Hashem, the Gizonite

Jonathan, the son of Shagee, the Hararite

35Ahiam, the son of Sakar, the Hararite

Eliphal, the son of Ur

36Hepher, the Mekerathite

Ahijah, the Pelonite

37Hezro from Carmel

Naarai, the son of Ezbai

38Joel, the brother of Nathan

Mibhar, the son of Hagri

39Zelek from Ammon

Naharai, from Beeroth, who carried the armor of Joab, the son of Zeruiah

40Ira, the Ithrite

Gareb, the Ithrite

41Uriah, the Hittite

Zabad, the son of Ahlai

42Adina, the son of Shiza, the Reubenite, who was chief of the Reubenites and the 30 men with him

43Hanan, the son of Maakah

Joshaphat, the Mithnite

44Uzzia, the Ashterathite

Shama and Jeiel, the sons of Hotham from Aroer

45Jediael, the son of Shimri

his brother Joha, the Tizite

46Eliel, the Mahavite

Jeribai and Joshaviah, the sons of Elnaam

Ithmah from Moab

47Eliel

Obed

Jaasiel, the Mezobaite