1 Berɛsosɛm 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 1:1-54

Ɛfiri Adam So Kɔsi Noa Mma So

1Adam asefoɔ yɛ Set, Enos,

2Kenan, Mahalalel, Yared,

3Henok, Metusela, Lamek,

4Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.

Yafet Asefoɔ

5Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma.

7Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

Ham Asefoɔ

8Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan. 10Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.

11Misraim yɛ tete agya ma

Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, 12Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi.

13Na Kanaan abakan din de

Sidon a na ɔyɛ Sidonfoɔ tete agya. Na Kanaan nso yɛ Hetifoɔ, 14Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, 15Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, 16Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya.

Sem Asefoɔ

17Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas.

18Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber. 19Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

20Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 21Hadoram, Usal, Dikla, 22Obal, Abimael, Seba, 23Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa yɛ Yoktan asefoɔ.

24Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela, 25Eber, Peleg, Reu, 26Serug, Nahor, Tera, 27ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.

Abraham Asefoɔ

28Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael.

29Na Ismael mmammarima nso ne

Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam, 30Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, 31Yetur, Nafis ne Kedema.

Yeinom ne Ismael mmammarima.

32Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

Na Yoksan asefoɔ yɛ Seba ne Dedan.

33Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.

Yeinom nyinaa yɛ Abraham ne ne mpena Ketura mmammarima.

Isak Asefoɔ

34Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel.1.34 Israel: Yei ne edin a Onyankopɔn de too Yakob

Esau Asefoɔ

35Na Esau mmammarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36Na Elifas mmammarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37Na Reuel mmammarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.

Edomfoɔ Abɔseɛ

38Na Seir mmammarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39Na Lotan mmammarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna.

40Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.

Sibeon mmammarima yɛ Aya ne Ana.

41Na Ana babarima yɛ Dison.

Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

42Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan.

Na Disan mmammarima yɛ Us ne Aran.

Edom Sodifoɔ

43Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo:

Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene.

44Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

45Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

46Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.

47Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

48Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.

49Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.

50Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. 51Na Hadad nso wuiɛ.

Na Edom mmusua no ntuanofoɔ ne

Timna, Alwa, Yetet, 52Oholibama, Ela, Pinon, 53Kenas, Teman, Mibsar, 54Magdiel ne Iram.

Yeinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofoɔ.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 1:1-54

Efi Adam So Kosi Noa Mma So

1Adam asefo yɛ Set, Enos,

2Kenan, Mahalalel, Yared,

3Henok, Metusela, Lamek,

4Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.

Yafet Asefo

5Na Yafet asefo ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6Na Gomer asefo ne Askenas, Rifat ne Togarma.

7Na Yawan asefo ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

Ham Asefo

8Na Ham asefo ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9Na Kus asefo ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo yɛ Saba ne Dedan. 10Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.

11Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo, 12Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.

13Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het, 14Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, 15Hewifo, Arkifo, Sinifo, 16Arwadfo, Semarifo ne Hamatifo tete agya.

Sem Asefo

17Na Sem asefo yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefo ne Us, Hul, Geter ne Mas.

18Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber. 19Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

20Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 21Hadoram, Usal, Dikla, 22Obal, Abimael, Seba, 23Ofir, Hawila ne Yobab. Eyinom nyinaa yɛ Yoktan asefo.

24Ɛno nti, eyi ne anato a efi Sem: Arfaksad, Selah, 25Eber, Peleg, Reu, 26Serug, Nahor, Tera, 27ne Abram a akyiri no, wɔfrɛɛ no Abraham no.

Abraham Asefo

28Abraham mmabarima yɛ Isak ne Ismael.

29Na Ismael mmabarima nso ne

Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam, 30Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, 31Yetur, Nafis ne Kedema.

Eyinom ne Ismael mmabarima.

32Na Abraham mpena Ketura mmabarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

Na Yoksan asefo yɛ Seba ne Dedan.

33Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.

Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.

Isak Asefo

34Abraham woo Isak. Isak mmabarima yɛ Esau ne Israel.1.34 Israel: Eyi ne din a Onyankopɔn de too Yakob

Esau Asefo

35Na Esau mmabarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36Na Elifas mmabarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37Na Reuel mmabarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.

Edomfo Abɔse

38Na Seir mmabarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39Na Lotan mmabarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabea din de Timna.

40Na Sobal mmabarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.

Sibeon mmabarima yɛ Aya ne Ana.

41Na Ana babarima yɛ Dison.

Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

42Na Eser mmabarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan.

Na Disan mmabarima yɛ Us ne Aran.

Edom Sodifo

43Eyinom ne ahemfo a wodii Edom so ansa na Israelfo renya ahemfo:

Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii hene.

44Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.

45Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.

46Husam wu akyi no, Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.

47Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

48Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.

49Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.

50Baal-Hanan wui no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii hene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babea ne Me-Sahab nso nena. 51Na Hadad nso wui.

Na Edom mmusua no ntuanofo ne

Timna, Alia, Yetet, 52Oholibama, Ela, Pinon, 53Kenas, Teman, Mibsar, 54Magdiel ne Iram.

Eyinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofo.