1 Ahemfo 21 – ASCB & NVI-PT

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 21:1-29

Nabot Bobeturo

1Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ɔfiri Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfie. 2Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeɛfuo, ɛfiri sɛ, ɛbɛn mʼahemfie pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, ɛboɔ biara a asase no die no, mɛtua.”

3Nanso, Nabot buaa sɛ, “Awurade mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapadeɛ bɛma wo.”

4Enti, Ahab sane kɔɔ ahemfie hɔ a ne bo afu ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdaeɛ a wannidie, de nʼanim kyerɛɛ fasuo.

5Ne yere Isebel bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woayɛ bosaa saa? Adɛn enti na wompɛ sɛ wodidie?”

6Ɔbuaa no sɛ, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no sɛ, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.”

7Ne yere Isebel bisaa sɛ, “Wonyɛ Israelhene anaa? Sɔre na didi! Mma yei nha wo. Mɛgye Nabot bobeturo no ama wo!”

8Na Isebel twerɛɛ nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔano sɔɔ ano, de kɔmaa mpanimfoɔ ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. 9Krataa no mu nsɛm ne sɛ:

“Yi ɛda bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyene, na ma Nabot ntena animuonyambea wɔ nnipa no mu. 10Monhwehwɛ ahuhufoɔ baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfiri adi, nkɔsi no aboɔ nku no.”

11Enti, mpanimfoɔ ne atitire a wɔte Nabot kuro no mu no yɛɛ deɛ Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no. 12Wɔhyɛɛ akɔnkyene no ase, de Nabot tenaa animuonyambea wɔ nnipa no mu. 13Na ahuhufoɔ baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti, wɔde no kɔɔ kurotia, kɔsii no aboɔ kumm no. 14Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔasi Nabot aboɔ, ama wawu.”

15Ɛberɛ a Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” 16Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no.

17Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 18“Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19Ka kyerɛ no sɛ, sei na Awurade ka: ‘Ɛnnɔɔso sɛ wokum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔno nso? Deɛ woayɛ yi enti beaeɛ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo mogya, aane, wʼankasa wo mogya!’ ”

20Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Woahunu me, me ɔtamfoɔ.”

Ɔbuaa sɛ, “Aane maba bio ɛfiri sɛ, woatɔn wo ho ama ɔbɔnefoɔ no wɔ Awurade ani so. 21‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhye wʼasefoɔ nyinaa, na matwa ɔbarima a ɔtwa toɔ koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehyeɛ, afiri Ahab ho. 22Mɛma wo fie ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie, ɛfiri sɛ, woahyɛ me abufuo ama Israel ayɛ bɔne!’

23“Na ɛfa Isebel ho nso no, Awurade ka sɛ, Yesreel nkraman bɛwe ne ɛnam wɔ kuropɔn no afasuo ho.

24“Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wɔwuwuu wɔ kuro no mu no nso, nkraman bɛwe wɔn ɛnam, na apete nso asosɔ wɔn a wɔwuwuu wɔ wiram no ɛnam.”

25(Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no, ɛfiri sɛ, ne yere Isebel tuu no fo bɔne. 26Ɔyɛɛ bɔne ara, kɔsii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifoɔ21.26 Edin Amorifoɔ no gyina hɔ ma Palestinafoɔ a na wɔte hɔ dada ansa na Israelfoɔ reba no (1 Mose 15.15; 2 Mose 23.23; 5 Mose 1.7). a Awurade pamoo wɔn wɔ Israelfoɔ anim no).

27Ahab tee saa asɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, firaa ayitoma, kyenee kɔm. Ɔfiraa ayitoma no saa de awerɛhoɔ a emu yɛ den kyinkyiniiɛ.

28Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, 29“Woahunu sɛdeɛ Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase enti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no ɛnnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmammarima so; mɛsɛe nʼasefoɔ nyinaa.”

Nova Versão Internacional

1 Reis 21:1-29

A Vinha de Nabote

1Algum tempo depois houve um incidente envolvendo uma vinha que pertencia a Nabote, de Jezreel. A vinha ficava em Jezreel, ao lado do palácio de Acabe, rei de Samaria. 2Acabe tinha dito a Nabote: “Dê-me a sua vinha para eu usar como horta, já que fica ao lado do meu palácio. Em troca eu darei a você uma vinha melhor ou, se preferir, eu pagarei, seja qual for o seu valor”.

3Nabote, contudo, respondeu: “O Senhor me livre de dar a ti a herança dos meus pais!”

4Então Acabe foi para casa aborrecido e indignado porque Nabote, de Jezreel, lhe dissera: “Não te darei a herança dos meus pais”. Deitou-se na cama, virou o rosto para a parede e recusou-se a comer.

5Jezabel, sua mulher, entrou e lhe perguntou: “Por que você está tão aborrecido? Por que não come?”

6Ele respondeu-lhe: “Porque eu disse a Nabote, de Jezreel: ‘Venda-me a sua vinha; ou, se preferir, eu darei a você outra vinha no lugar dessa.’ Mas ele disse: ‘Não te darei minha vinha’ ”.

7Disse-lhe Jezabel, sua mulher: “É assim que você age como rei de Israel? Levante-se e coma! Anime-se. Conseguirei para você a vinha de Nabote, de Jezreel”.

8Então ela escreveu cartas em nome de Acabe, pôs nelas o selo do rei e as enviou às autoridades e aos nobres da cidade de Nabote. 9Naquelas cartas ela escreveu:

“Decretem um dia de jejum e ponham Nabote sentado num lugar de destaque entre o povo. 10E mandem dois homens vadios sentar-se em frente dele e façam com que testemunhem que ele amaldiçoou tanto a Deus quanto ao rei. Levem-no para fora e apedrejem-no até a morte”.

11As autoridades e os nobres da cidade de Nabote fizeram conforme Jezabel os orientara nas cartas que lhes tinha escrito. 12Decretaram jejum e fizeram Nabote sentar-se num local destacado no meio do povo. 13Então dois homens vadios vieram e se sentaram em frente dele e o acusaram diante do povo, dizendo: “Nabote amaldiçoou tanto a Deus quanto ao rei”. Por isso o levaram para fora da cidade e o apedrejaram até a morte. 14Então mandaram informar a Jezabel: “Nabote foi apedrejado e está morto”.

15Assim que Jezabel soube que Nabote tinha sido apedrejado até a morte, disse a Acabe: “Levante-se e tome posse da vinha que Nabote, de Jezreel, recusou-se a vender-lhe. Ele não está mais vivo; está morto!” 16Quando Acabe ouviu que Nabote estava morto, levantou-se e foi tomar posse da vinha.

17Então a palavra do Senhor veio ao tesbita Elias: 18“Vá encontrar-se com Acabe, o rei de Israel, que reina em Samaria. Agora ele está na vinha de Nabote para tomar posse dela. 19Diga-lhe que assim diz o Senhor: ‘Você assassinou um homem e ainda se apossou de sua propriedade?’ E acrescente: Assim diz o Senhor: ‘No local onde os cães lamberam o sangue de Nabote, lamberão também o seu sangue; isso mesmo, o seu sangue!’ ”

20Acabe disse a Elias: “Então você me encontrou, meu inimigo!”

“Eu o encontrei”, ele respondeu, “porque você se vendeu para fazer o que o Senhor reprova. 21E ele diz: ‘Vou trazer desgraça sobre você. Devorarei os seus descendentes e eliminarei da sua família todos os do sexo masculino21.21 Hebraico: os que urinam na parede. em Israel, sejam escravos sejam livres. 22Farei à sua família o que fiz à de Jeroboão, filho de Nebate, e à de Baasa, filho de Aías, pois você provocou a minha ira e fez Israel pecar’.

23“E acerca de Jezabel o Senhor diz: ‘Os cães devorarão Jezabel junto ao muro de21.23 Conforme a maioria dos manuscritos do Texto Massorético. Alguns manuscritos do Texto Massorético, a Vulgata e a Versão Siríaca dizem no campo de. Veja 2Rs 9.26. Jezreel’.

24“Os cães comerão os que pertencem a Acabe e que morrerem na cidade, e as aves do céu se alimentarão dos que morrerem no campo”.

25(Nunca existiu ninguém como Acabe que, pressionado por sua mulher, Jezabel, vendeu-se para fazer o que o Senhor reprova. 26Ele se comportou da maneira mais detestável possível, indo atrás de ídolos, como faziam os amorreus, que o Senhor tinha expulsado de diante de Israel.)

27Quando Acabe ouviu essas palavras, rasgou as suas vestes, vestiu-se de pano de saco e jejuou. Passou a dormir sobre panos de saco e agia com mansidão.

28Então a palavra do Senhor veio ao tesbita Elias: 29“Você notou como Acabe se humilhou diante de mim? Visto que se humilhou, não trarei essa desgraça durante o seu reinado, mas durante o reinado de seu filho”.