1 Ahemfo 19 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 19:1-21

Elia Dwane Kɔ Bepɔ Sinai So

1Ɛberɛ a Ahab duruu fie no, ɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ wakunkum Baal adiyifoɔ nyinaa no kyerɛɛ Isebel. 2Enti, Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia sɛ, “Sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na menkum wo, sɛdeɛ woakum nkurɔfoɔ yi a, anyame no nku me bi.”

3Elia tee nkra no, ɔsuroeɛ, enti ɔdwane de peree ne ti. Ɔkɔɔ kuro bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaa ne ɔsomfoɔ wɔ hɔ. 4Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔnwu. Ɔkaa sɛ, “Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom.”

5Na ɔdaa dua no ase.

Na ne nna mu no, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na didi.” 6Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio.

7Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware.” 8Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb19.8 Herob yɛ Sinai Bepɔ no din foforɔ a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. 9Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.

Awurade Kasa Kyerɛ Elia

Na Awurade bisaa no sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”

10Elia buaa sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”

11Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi adi kɔgyina mʼanim wɔ bepɔ no so.” Na ɛberɛ a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa denden bi bɔ sii bepɔ no mu.

Na mframa no ano den no dwidwaa abotan no mu. Nanso, na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosooɛ. Nanso, na Awurade nni asasewosoɔ no mu. 12Na asasewosoɔ no akyi, ogya pueeɛ. Nanso, na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ deɛ wɔde ka asomusɛm baeɛ. 13Elia tee nne no, ɔde nʼatadeɛ kataa nʼanim19.13 Elia kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, obiara nhunu Onyankopɔn na ɔnnya nkwa ɛnna ɔfiri ɔbodan no mu, kɔgyinaa ano kwan no ano.

Na nne bi bisaa sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”

14Ɔbuaa bio sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”

15Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane wʼakyi kɔ baabi a wofiri baeɛ, na kɔ Damasko ɛserɛ so. Na sɛ woduru hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene. 16Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ɔfiri Abel-Mehola, na ɔnsi wʼananmu sɛ me odiyifoɔ. 17Obiara a ɔbɛdwane afiri Hasael ho no, Yehu bɛkum no, na obiara a ɔbɛdwane afiri Yehu ho nso no, Elisa bɛkum no. 18Yeinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforɔ mpem nson bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotoo Baal, mfee nʼano da no ho ban.”

Elisa Frɛ

19Na Elia kɔhunuu Safat babarima Elisa sɛ ɔde anantwie refuntum afuo. Na anantwie mpamho dubaako na wɔdi nʼanim, ɛnna Elisa nso de mpamho a ɛtɔ so dumienu refuntum. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo nʼatadeɛ guu ne mmati so, na ɔsane nʼakyi kɔeɛ. 20Elisa gyaa anantwie no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ.”

Elia buaa sɛ, “Sane wʼakyi na kɔ. Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho.”

21Afei, Elisa sane kɔɔ anantwie no ho kɔkunkumm wɔn. Ɔde funtumfidie no ho nnua no yɛɛ nnyensin de totoo ɛnam no. Ɔde ɛnam no kɔmaa mmarima a wɔde funtumfidie a aka no reyɛ adwuma no nyinaa, ma wɔweeɛ. Na ɔne Elia kɔeɛ sɛ ne ɔboafoɔ.