Ɛster 9 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 9:1-32

Yudafoɔ Nkonimdie

1Na Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, wɔde ɔhene no mmara mmienu no yɛɛ adwuma. Saa ɛda no, na Yudafoɔ no atamfoɔ no ani da so sɛ, wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani daneeɛ. 2Yudafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban, de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛha wɔn. Nanso, obiara antumi ansɔre antia wɔn, ɛfiri sɛ, na obiara suro wɔn. 3Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no. 4Ɛfiri sɛ na wama Mordekai panin wɔ ahemfie hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa so wɔ ɛberɛ a na ne tumi nso rekɔ soro.

5Na da a wɔahyɛ no, Yudafoɔ no kunkumm wɔn atamfoɔ, sɛee wɔn wɔ akofena ano. Wɔkunkumm wɔn atamfoɔ, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no deɛ wɔpɛ biara. 6Wɔkunkumm nnipa ahanum wɔ Susa aban no mu. 7Afei, wɔkumm Parsandata, Dalfon ne Aspata, 8Porata, Adalia, Aridata, 9Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata 10a wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no mmammarima edu no. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara.

11Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no amaneɛ a ɛfa nnipa dodoɔ a wɔkumm wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummerɛ no, 12ɔmaa wɔfrɛɛ Ɔhemmaa Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ no akunkum nnipa ahanum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmammarima edu. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha deɛ a, ɛnneɛ asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, ɛdeɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo. Ka kyerɛ me na mɛyɛ.”

13Na Ɛster kaa sɛ, “Ɔhenkɛseɛ, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ deɛ wɔyɛɛ no ɛnnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmammarima edu no amu nsensɛn dua no so.”

14Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuro wɔ Susa. Wɔsane de Haman mmammarima edu no amu sensɛnee dua no so. 15Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na wɔsane kunkumm nnipa ahasa, na bio, wɔamfa asadeɛ biara.

16Saa ɛberɛ no mu, na Yudafoɔ nkaeɛ no a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa no aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔkumm wɔn atamfoɔ no ɔpeduɔson enum, nam so nyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara. 17Amantam no nyinaa mu, saa ara na wɔyɛɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson no. Adeɛ kyeeɛ no, wɔhomeeɛ, didiiɛ, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdie no ho.

18Nanso, Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no toaa so kunkumm wɔn atamfoɔ no da a ɛtɔ so mmienu no nso, na wɔhomee ne nnansa so didiiɛ, gyee wɔn ani. 19Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yudafoɔ a wɔtete nkuraa a wɔntwaa afasuo mfaa ho no di saa afirinhyia dapɔnna yi. Wɔdi afoofi saa awɔberɛ da yi mu, sɛpɛ wɔn ho, de akyɛdeɛ mema wɔn ho wɔn ho.

Purim Afahyɛ

20Mordekai twerɛɛ saa nsɛm a ɛsisiiɛ yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmemaa Yudafoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu, 21hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔnni afirinhyia afahyɛ yi wɔ saa nnanu no mu. 22Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no.

23Enti, Yudafoɔ no faa Mordekai adwenkyerɛ no, hyɛɛ afirinhyia amanneɛ no ase. 24Na Hamedata, a ɔfiri Agag babarima Haman, a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no pamm sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔbosome a ɔnam ntontobɔ so nyaeɛ no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim). 25Nanso, Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne tiri so, na wɔsɛnee no ne mmammarima wɔ dua no so. 26(Ɛno enti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ tete kasa a asekyerɛ ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahunu a wɔanya enti, 27Yudafoɔ a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanneɛ no ho fa, na wɔama wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafoɔ no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no afe biara mu no, wɔremma ɛmmpa wɔn tiri so da. 28Wɔbɛkae saa nna yi, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafoɔ mu, na nsɛm a ɛsiiɛ no nso wɔn asefoɔ werɛ remfiri da.

29Na Ɔhemmaa Ɛster, Abihail babaa no ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa foforɔ a wɔde ɔhemmaa no tumi kɛseɛ foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den. 30Ɛno akyi, wɔsoma maa wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoeɛ ne banbɔ aba, kɔɔ Yudafoɔ a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu nson no a ɛwɔ Ahasweros ahemman no nyinaa so. 31Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirinhyiadeɛ a wɔdi no ɛnnɛ yi ara no tim. Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛdeɛ wɔasi no gyinaeɛ ama wɔn ho ne wɔn asefoɔ de ama mmuadadie ne agyaadwotwa mmerɛ atim no.) 32Enti Ɛster ɔhyɛ no sii Purim ho nhyɛhyɛɛ so dua, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa guu nkrataa mu.

New International Version

Esther 9:1-32

1On the thirteenth day of the twelfth month, the month of Adar, the edict commanded by the king was to be carried out. On this day the enemies of the Jews had hoped to overpower them, but now the tables were turned and the Jews got the upper hand over those who hated them. 2The Jews assembled in their cities in all the provinces of King Xerxes to attack those determined to destroy them. No one could stand against them, because the people of all the other nationalities were afraid of them. 3And all the nobles of the provinces, the satraps, the governors and the king’s administrators helped the Jews, because fear of Mordecai had seized them. 4Mordecai was prominent in the palace; his reputation spread throughout the provinces, and he became more and more powerful.

5The Jews struck down all their enemies with the sword, killing and destroying them, and they did what they pleased to those who hated them. 6In the citadel of Susa, the Jews killed and destroyed five hundred men. 7They also killed Parshandatha, Dalphon, Aspatha, 8Poratha, Adalia, Aridatha, 9Parmashta, Arisai, Aridai and Vaizatha, 10the ten sons of Haman son of Hammedatha, the enemy of the Jews. But they did not lay their hands on the plunder.

11The number of those killed in the citadel of Susa was reported to the king that same day. 12The king said to Queen Esther, “The Jews have killed and destroyed five hundred men and the ten sons of Haman in the citadel of Susa. What have they done in the rest of the king’s provinces? Now what is your petition? It will be given you. What is your request? It will also be granted.”

13“If it pleases the king,” Esther answered, “give the Jews in Susa permission to carry out this day’s edict tomorrow also, and let Haman’s ten sons be impaled on poles.”

14So the king commanded that this be done. An edict was issued in Susa, and they impaled the ten sons of Haman. 15The Jews in Susa came together on the fourteenth day of the month of Adar, and they put to death in Susa three hundred men, but they did not lay their hands on the plunder.

16Meanwhile, the remainder of the Jews who were in the king’s provinces also assembled to protect themselves and get relief from their enemies. They killed seventy-five thousand of them but did not lay their hands on the plunder. 17This happened on the thirteenth day of the month of Adar, and on the fourteenth they rested and made it a day of feasting and joy.

18The Jews in Susa, however, had assembled on the thirteenth and fourteenth, and then on the fifteenth they rested and made it a day of feasting and joy.

19That is why rural Jews—those living in villages—observe the fourteenth of the month of Adar as a day of joy and feasting, a day for giving presents to each other.

Purim Established

20Mordecai recorded these events, and he sent letters to all the Jews throughout the provinces of King Xerxes, near and far, 21to have them celebrate annually the fourteenth and fifteenth days of the month of Adar 22as the time when the Jews got relief from their enemies, and as the month when their sorrow was turned into joy and their mourning into a day of celebration. He wrote them to observe the days as days of feasting and joy and giving presents of food to one another and gifts to the poor.

23So the Jews agreed to continue the celebration they had begun, doing what Mordecai had written to them. 24For Haman son of Hammedatha, the Agagite, the enemy of all the Jews, had plotted against the Jews to destroy them and had cast the pur (that is, the lot) for their ruin and destruction. 25But when the plot came to the king’s attention,9:25 Or when Esther came before the king he issued written orders that the evil scheme Haman had devised against the Jews should come back onto his own head, and that he and his sons should be impaled on poles. 26(Therefore these days were called Purim, from the word pur.) Because of everything written in this letter and because of what they had seen and what had happened to them, 27the Jews took it on themselves to establish the custom that they and their descendants and all who join them should without fail observe these two days every year, in the way prescribed and at the time appointed. 28These days should be remembered and observed in every generation by every family, and in every province and in every city. And these days of Purim should never fail to be celebrated by the Jews—nor should the memory of these days die out among their descendants.

29So Queen Esther, daughter of Abihail, along with Mordecai the Jew, wrote with full authority to confirm this second letter concerning Purim. 30And Mordecai sent letters to all the Jews in the 127 provinces of Xerxes’ kingdom—words of goodwill and assurance— 31to establish these days of Purim at their designated times, as Mordecai the Jew and Queen Esther had decreed for them, and as they had established for themselves and their descendants in regard to their times of fasting and lamentation. 32Esther’s decree confirmed these regulations about Purim, and it was written down in the records.