Ɛster 10 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 10:1-3

Ahasweros Ne Mordekai Kɛseyɛ

1Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. 2Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛɛ ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa no nyinaa no, wɔatwerɛ wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu. 3Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔman panin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa deɛ akyi. Na ɔdi mu wɔ Yudafoɔ no mu. Na wɔbu no yie, ɛfiri sɛ, na ne nkurɔfoɔ yiedie yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfie hɔfoɔ nyinaa tenaa yie.

Persian Contemporary Bible

استر 10:1-3

عظمت مردخای

1خشايارشا برای تمام مردم قلمرو پادشاهی خود كه وسعتش تا سواحل دور دست می‌رسيد، جزيه مقرر كرد. 2قدرت و عظمت كارهای خشايارشا و نيز شرح كامل به قدرت رسيدن مردخای و مقامی كه پادشاه به او بخشيد، در كتاب «تاريخ پادشاهان ماد و پارس» نوشته شده است. 3پس از خشايارشا، مردخای يهودی قدرتمندترين شخص مملكت بود. او برای تأمين رفاه و امنيت قوم خود هر چه از دستش برمی‌آمد، انجام می‌داد و يهوديان نيز او را دوست می‌داشتند و احترام زيادی برايش قايل بودند.