Ɛsra 2 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 2:1-70

1Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 2Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:

3Dodoɔ a wɔyɛ   Paros abusuafoɔ 2,1724Sefatia abusuafoɔ 3725Arah abusuafoɔ 7756Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,8127Elam abusuafoɔ 1,2548Satu abusuafoɔ 9459Sakai abusuafoɔ 76010Bani abusuafoɔ 64211Bebai abusuafoɔ 62312Asgad abusuafoɔ 1,22213Adonikam abusuafoɔ 66614Bigwai abusuafoɔ 2,05615Adin abusuafoɔ 45416Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 9817Besai abusuafoɔ 32318Yora abusuafoɔ 11219Hasum abusuafoɔ 22320Gibar abusuafoɔ 9521Betlehemfoɔ 12322Netofafoɔ 5623Anatotfoɔ 12824Asmawetfoɔ 4225Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 74326Ramafoɔ ne Gebafoɔ 62127Mikmasfoɔ 12228Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 22329Nebo ɔman mma 5230Magbis ɔman 15631Elam ɔman mma 1,25432Harim ɔman mma 32033Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 72534Yeriko ɔman mma 34535Senaa ɔman mma 3,630

36Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 97337Imer abusuafoɔ 1,05238Pashur abusuafoɔ 1,24739Harim abusuafoɔ 1,017

40Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

   Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74

41Nnwontofoɔ:

   Asaf2.41 Na Asaf yɛ Lewifoɔ no mu baako a Dawid yii no maa ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. abusuafoɔ 128

42Aponoanohwɛfoɔ:2.42 Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.

   Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ   Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139

43Asɔredan asomfoɔ:

Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,44Keros, Siaha, Padon asefoɔ,45Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,46Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,47Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,48Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,49Usa, Paseah, Besai asefoɔ,50Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,51Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,52Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,53Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,54Nesia ne Hatifa.

55Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:

Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,56Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,57Sefatia, Hatil,Pokeret-Hasebaim ne Ami.58Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392

59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.

Saa nnipakuo yi ne:

60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652

61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:

Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)

62Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 63Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

64Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 65a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ2.65 Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase. ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 67nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.

68Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. 69Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.

70Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.

Japanese Contemporary Bible

エズラ記 2:1-70

2

帰還者名簿

1次に示すのは、ネブカデネザルによって捕らえられ、バビロンに移された人々の子孫の中で、エルサレムや他のユダの町々へ帰還した者の名簿です。

2指導者――ゼルバベル(シェシュバツァル)、ヨシュア、ネヘミヤ、セラヤ、レエラヤ、モルデカイ、ビルシャン、ミスパル、ビグワイ、レフム、バアナ。

氏族別の帰還者数は次のとおり。

3-35パルオシュ氏族、二、一七二名。シェファテヤ氏族、三七二名。アラフ氏族、七七五名。ヨシュアとヨアブの子孫パハテ・モアブ氏族、二、八一二名。エラム氏族、一、二五四名。ザト氏族、九四五名。ザカイ氏族、七六〇名。バニ氏族、六四二名。ベバイ氏族、六二三名。アズガデ氏族、一、二二二名。アドニカム氏族、六六六名。ビグワイ氏族、二、〇五六名。アディン氏族、四五四名。ヒゼキヤ氏族、すなわちアテル氏族、九八名。ベツァイ氏族、三二三名。ヨラ氏族、一一二名。ハシュム氏族、二二三名。ギバル氏族、九五名。ベツレヘムの男子、一二三名。ネトファの男子、五六名。アナトテの男子、一二八名。アズマベテの男子、四二名。キルヤテ・アリム、ケフィラ、ベエロテの男子、七四三名。ラマとゲバの男子、六二一名。ミクマスの男子、一二二名。ベテルとアイの男子、二二三名。ネボの男子、五二名。マグビシュ氏族、一五六名。別のエラム氏族、一、二五四名。ハリム氏族、三二〇名。ロデ、ハディデ、オノの男子、七二五名。エリコの男子、三四五名。セナアの男子、三、六三〇名。

36-39帰還した祭司は次のとおり。

ヨシュアの家系のエダヤ氏族、九七三名。イメル氏族、一、〇五二名。パシュフル氏族、一、二四七名。ハリム氏族、一、〇一七名。

40-42帰還したレビ人は以下のとおり。

ホダブヤ氏族の、ヨシュアとカデミエルの二族、七四名。

聖歌隊員のアサフ氏族、一二八名。

門衛のシャルム氏族、アテル氏族、タルモン氏族、アクブ氏族、ハティタ氏族、ショバイ氏族、合計一三九名。

43-54以下は神殿奉仕者。

ツィハ氏族、ハスファ氏族、タバオテ氏族、ケロス氏族、シアハ氏族、パドン氏族、レバナ氏族、ハガバ氏族、アクブ氏族、ハガブ氏族、サルマイ氏族、ハナン氏族、ギデル氏族、ガハル氏族、レアヤ氏族、レツィン氏族、ネコダ氏族、ガザム氏族、ウザ氏族、パセアハ氏族、ベサイ氏族、アスナ氏族、メウニム氏族、ネフシム氏族、バクブク氏族、ハクファ氏族、ハルフル氏族、バツルテ氏族、メヒダ氏族、ハルシャ氏族、バルコス氏族、シセラ氏族、テマフ氏族、ネツィアハ氏族、ハティファ氏族。

55-57ソロモン王臣下の家系の人々は次のとおり。

ソタイ氏族、ソフェレテ氏族、ペルダ氏族、ヤラ氏族、ダルコン氏族、ギデル氏族、シェファテヤ氏族、ハティル氏族、ポケレテ・ハツェバイム氏族、アミ氏族。

58神殿奉仕者とソロモン王臣下の家系の者は、合計三九二名。

59時を同じくして、ペルシヤのテル・メラフ、テル・ハルシャ、ケルブ、アダン、イメルなどからも、エルサレムに帰った人々がいました。ところが、系図をなくしてしまっていたので、彼らが生粋のイスラエル人かどうかは明らかではありませんでした。 60その数は、デラヤ族、トビヤ族、ネコダ族など、総勢六五二名。

61祭司の氏族のうち、ホバヤ氏族、コツ氏族、バルジライ氏族〔ギルアデ人バルジライの娘を妻に迎えたことから、この名で呼ばれた〕も帰還しましたが、 62-63この人々も系図を紛失していたので、祭司職を差し止められました。それで、ウリムとトンミム(神意を伺う一種のくじ)で調べ、実際に祭司の子孫かどうかが判明するまでは、いけにえのうち祭司の食糧となる分も与えられませんでした。

64-65こうして、総勢四万二、三六〇名がユダへ帰りました。このほか、男女の奴隷七、三三七名と、男女の聖歌隊員二〇〇名もいっしょでした。 66-67また、馬七三六頭、らば二四五頭、らくだ四三五頭、ろば六、七二〇頭もいました。

68指導者たちは神殿再建のため、率先してささげ物をささげました。 69それぞれの力に応じてささげられた金品は、金六万一千ダリク(五一八キログラム)、銀五千ミナ(二、八五〇キログラム)、祭司の長服百着でした。

70このようにして、祭司やレビ人をはじめ一部の民はエルサレムおよび周辺の村々に住みつき、歌い手、門衛、神殿奉仕者たちは、ほかの人々とともに故郷の町へと帰って行ったのです。