Ɔsɛnkafoɔ 2 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 2:1-26

Anigyeɛ Ne Adwuma Yɛ Adehuhuo

1Mekaa mʼakomam sɛ, “Afei bra, mede anigyeɛ bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahunu deɛ ɛyɛ.” Nanso, ankɔsi hwee. 2Mekaa sɛ, “Ɔsereɛ yɛ nkwaseadeɛ. Na ɛdeɛn na anigyeɛ tumi yɛ?” 3Mepɛɛ sɛ mehunu deɛ ɛyɛ pa ara ma yɛn wɔ ɛberɛ tiawa a yɛwɔ wɔ asase yi so. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsã bɛsɛpɛ me ho na mahwehwɛ, ahunu nkwaseasɛm asekyerɛ, a mʼankasa deɛ, mennyɛ ɔkwasea.

4Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛseɛ ase; mesisii adan yɛɛ bobe nturo. 5Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na meduaduaa nnuaba ahodoɔ bebree wɔ mu. 6Mesisii nsukoraeɛ a mɛtwe nsuo afiri mu, de agugu nnua a ɛrenyini no so. 7Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na menyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fie. Afei nso menyaa anantwie ne nnwan bebree sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. 8Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyegyee ahemfo ne amantam no ademudeɛ kaa ho. Mefaa mmarima ne mmaa nnwomtofoɔ, pɛɛ mmaa atenaeɛ nso; deɛ ɛyɛ ɔbarima akoma anigyedeɛ biara. 9Megyee edin sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Yeinom nyinaa mu no, me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.

10Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no;

mansi mʼakoma anigyeɛ ho ɛkwan.

Mʼakoma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,

na yei yɛ mʼadwumayɛ so akatua.

11Nanso sɛ mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa

ne deɛ mabrɛ anya a,

ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa.

Mannya mfasoɔ biara wɔ owia yi ase.

Nimdeɛ Ne Nkwaseadeɛ Yɛ Ade Huhuo

12Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,

abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm so.

Ɛdeɛn bio na deɛ wɔadi ɔhene adeɛ bɛtumi ayɛ

asene deɛ wɔayɛ dada no?

13Mehunuu sɛ, nimdeɛ yɛ sene nkwaseasɛm,

sɛdeɛ hann yɛ sene esum no.

14Onyansafoɔ ani wɔ ne tirim,

na ɔkwasea deɛ, ɔnante esum mu;

nanso mehunuu sɛ

wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ pɛ.

15Afei mesusuu mʼakomam sɛ,

“Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso.

Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?”

Mekaa wɔ mʼakomam sɛ,

“Yei nso nka hwee.”

16Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa;

nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.

Te sɛ ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu!

Adwumayɛ Nka Hwee

17Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. 18Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ megya hɔ ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ. 19Na hwan na ɔnim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. 20Enti mepaa aba wɔ owia yi ase adwumaden ho. 21Na onipa bɛfiri ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛdeɛ, na afei ɛsɛ sɛ ogya nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛha adwene. 22Ɛdeɛn na onipa nya firi ne brɛ ne dadwene a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu? 23Ne nkwa nna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyea ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

24Biribiara nsene sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya ahomeka wɔ adwumayɛ mu. Yei nso mehunuu sɛ ɛfiri Onyankopɔn, 25ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka hwan na ɔbɛtumi adidi anaasɛ ɔbɛnya ahomeka? 26Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigyeɛ, nanso omumuyɛfoɔ deɛ, ɔma ɔboaboa ahonyadeɛ ano ma deɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, sɛdeɛ wɔde mmirikatuo taa mframa.

King James Version

Ecclesiastes 2:1-26

1I said in mine heart, Go to now, I will prove thee with mirth, therefore enjoy pleasure: and, behold, this also is vanity. 2I said of laughter, It is mad: and of mirth, What doeth it? 3I sought in mine heart to give myself unto wine, yet acquainting mine heart with wisdom; and to lay hold on folly, till I might see what was that good for the sons of men, which they should do under the heaven all the days of their life.2.3 to give…: Heb. to draw my flesh with wine2.3 all…: Heb. the number of the days of their life 4I made me great works; I builded me houses; I planted me vineyards: 5I made me gardens and orchards, and I planted trees in them of all kind of fruits: 6I made me pools of water, to water therewith the wood that bringeth forth trees: 7I got me servants and maidens, and had servants born in my house; also I had great possessions of great and small cattle above all that were in Jerusalem before me:2.7 servants born…: Heb. sons of my house 8I gathered me also silver and gold, and the peculiar treasure of kings and of the provinces: I gat me men singers and women singers, and the delights of the sons of men, as musical instruments, and that of all sorts.2.8 musical…: Heb. musical instrument and instruments 9So I was great, and increased more than all that were before me in Jerusalem: also my wisdom remained with me. 10And whatsoever mine eyes desired I kept not from them, I withheld not my heart from any joy; for my heart rejoiced in all my labour: and this was my portion of all my labour. 11Then I looked on all the works that my hands had wrought, and on the labour that I had laboured to do: and, behold, all was vanity and vexation of spirit, and there was no profit under the sun.

12¶ And I turned myself to behold wisdom, and madness, and folly: for what can the man do that cometh after the king? even that which hath been already done.2.12 even…: or, in those things which have been already done 13Then I saw that wisdom excelleth folly, as far as light excelleth darkness.2.13 that…: Heb. that there is an excellency in wisdom more than in folly, etc 14The wise man’s eyes are in his head; but the fool walketh in darkness: and I myself perceived also that one event happeneth to them all. 15Then said I in my heart, As it happeneth to the fool, so it happeneth even to me; and why was I then more wise? Then I said in my heart, that this also is vanity.2.15 happeneth even…: Heb. happeneth to me, even to me 16For there is no remembrance of the wise more than of the fool for ever; seeing that which now is in the days to come shall all be forgotten. And how dieth the wise man? as the fool.

17Therefore I hated life; because the work that is wrought under the sun is grievous unto me: for all is vanity and vexation of spirit.

18¶ Yea, I hated all my labour which I had taken under the sun: because I should leave it unto the man that shall be after me.2.18 taken: Heb. laboured 19And who knoweth whether he shall be a wise man or a fool? yet shall he have rule over all my labour wherein I have laboured, and wherein I have shewed myself wise under the sun. This is also vanity. 20Therefore I went about to cause my heart to despair of all the labour which I took under the sun. 21For there is a man whose labour is in wisdom, and in knowledge, and in equity; yet to a man that hath not laboured therein shall he leave it for his portion. This also is vanity and a great evil.2.21 leave: Heb. give 22For what hath man of all his labour, and of the vexation of his heart, wherein he hath laboured under the sun? 23For all his days are sorrows, and his travail grief; yea, his heart taketh not rest in the night. This is also vanity.

24There is nothing better for a man, than that he should eat and drink, and that he should make his soul enjoy good in his labour. This also I saw, that it was from the hand of God.2.24 should make…: or, delight his senses 25For who can eat, or who else can hasten hereunto, more than I? 26For God giveth to a man that is good in his sight wisdom, and knowledge, and joy: but to the sinner he giveth travail, to gather and to heap up, that he may give to him that is good before God. This also is vanity and vexation of spirit.2.26 in his…: Heb. before him