Numero 26 – APSD-CEB & ASCB

Ang Pulong Sa Dios

Numero 26:1-65

Ang Ikaduhang Pagsensos

1Human sa katalagman, miingon ang Ginoo kang Moises ug kang Eleazar nga anak sa pari nga si Aaron, 2“Esensus ninyo ang tibuok katilingban sa Israel basi sa ilang pamilya—tanan nga nagpangidaron ug 20 ka tuig pataas nga makahimo sa pagserbisyo isip sundalo sa Israel.” 3Busa nakigsulti si Eleazar nga pari ug si Moises sa mga Israelinhon didto sa kapatagan sa Moab sa daplin sa Suba sa Jordan atbang sa Jerico. 4Miingon sila, “Sensosa ang mga tawo nga nagaedad ug 20 ka tuig pataas, sumala sa gisugo sa Ginoo kang Moises.”

Mao kini ang mga Israelinhon nga migawas gikan sa Ehipto:

5Ang mga kaliwat ni Reuben, nga kamagulangang anak ni Jacob,26:5 Jacob: sa Hebreo, Israel. mao ang pamilya ni Hanoc, Palu, 6Hezron, ug Carmi. 7Mikabat ug 43,730 ang mga kaliwat ni Reuben.

8Ang anak ni Palu mao si Eliab, 9ug ang mga anak ni Eliab mao sila si Nemuel, Datan, ug Abiram. Kini si Datan ug si Abiram mao ang mga pangulo sa katilingban nga nakigkunsabo kang Kora sa pagrebelde batok sa Ginoo pinaagi sa pagsupak kang Moises ug kang Aaron. 10Apan gilamoy sila sa yuta uban kang Kora, kansang 250 ka mga sumusunod nangamatay pinaagi sa kalayo. Kining maong panghitabo nahimong pasidaan ngadto sa mga Israelinhon. 11Apan ang mga anak ni Kora wala maapil ug kamatay niining hitaboa.

12Ang mga kaliwat ni Simeon mao ang mga pamilya ni Nemuel, Jamin, Jakin, 13Zera, ug Saul. 14Mikabat ug 22,200 ang mga kaliwat ni Simeon.

15Ang mga kaliwat ni Gad mao ang mga pamilya nila ni Zefon, Hagi, Shuni, 16Ozni, Eri, 17Arod, ug Areli. 18Mikabat ug 40,500 ang mga kaliwat ni Gad.

19Si Juda dunay duha ka anak nga si Er ug Onan, nga namatay sa yuta sa Canaan. 20Apan may mga kaliwat gihapon si Juda nga mao ang mga pamilya nila ni Shela, Perez, ug Zera. 21Ang mga kaliwat ni Perez mao ang mga pamilya nga naggikan kanila ni Hezron ug ni Hamul. 22Mikabat ug 76,500 ang mga kaliwat ni Juda.

23Ang mga kaliwat ni Isacar mao ang mga pamilya nila ni Tola, Pua, 24Jashub, ug Shimron. 25Mikabat ug 64,300 ang mga kaliwat ni Isacar.

26Ang mga kaliwat ni Zebulun mao ang mga pamilya nila ni Sered, Elon, ug Jalel. 27Mikabat ug 60,500 ang mga kaliwat ni Zebulun.

28Ang mga kaliwat ni Jose naggikan sa duha niya ka anak nga si Manase ug Efraim. 29Ang mga kaliwat ni Manase mao ang mga pamilya nga naggikan kang Makir ug sa anak niining si Gilead. 30Ang mga anak ni Gilead mao sila si Iezer, 31Asriel, Helek, Shekem, 32Shemida, ug Hefer. 33Ang anak ni Hefer nga si Zelofehad walay anak nga lalaki, apan may mga anak siya nga babaye nga ang mga ngalan mao sila si Mala, Noa, Hogla, Milca, ug Tirza. 34Mikabat ug 52,700 ang mga kaliwat ni Manase.

35Ang mga kaliwat usab ni Efraim mao ang mga pamilya nila ni Shutela, Beker, Tahan, 36ug sa anak ni Shutela nga si Eran. 37Mikabat ug 32,500 ang mga kaliwat ni Efraim. Kini nga mga pamilya nga naggikan kang Manase ug Efraim mao ang mga kaliwat ni Jose.

38Ang mga kaliwat ni Benjamin mao ang mga pamilya nila ni Bela, Ashbel, Ahiram, 39Shufam, ug Hufam. 40Ang mga kaliwat ni Bela mao ang mga pamilya nila ni Ard ug Naaman. 41Mikabat ug 45,600 ang mga kaliwat ni Benjamin.

42Ang mga kaliwat ni Dan mao ang mga pamilya ni Shuham. 43Mikabat ug 64,400 ang mga kaliwat ni Dan.

44Ang mga kaliwat ni Asher mao ang mga pamilya nila ni Imna, Ishvi, ug Beria. 45Ang mga kaliwat ni Beria mao ang mga pamilya nila ni Heber ug Malkiel. 46(May anak nga babaye si Asher nga si Sera.) 47Mikabat ug 53,400 ang mga kaliwat ni Asher.

48Ang mga kaliwat ni Naftali mao ang mga pamilya nila ni Jazeel, Guni 49Jezer, ug Shilem. 50Mikabat ug 45,400 ang mga kaliwat ni Naftali.

51Ang gidaghanon sa tanang mga lalaki nga Israelinhon nga giihap mikabat ug 601,730.

52Unya miingon ang Ginoo kang Moises, 53“Bahina ang yuta ingon nga ilang panulondon basi sa gidaghanon sa kada tribo. 54Ang tribo nga daghan, bahini ug dako ug ang tribo nga gamay ra bahini ug gamay. 55Kinahanglan pinaagi sa pagripa ang pagbahin sa yuta subay sa tribo diin sila nasakop. 56Ang bahin nila mag-agad sa gidak-on sa ilang pamilya.”

57Ang mga kaliwat ni Levi mao ang mga pamilya nila ni Gershon, Kohat, ug Merari. 58Ug kanila naggikan ang mga pamilya nila ni Libni, Hebron, Mali, Mushi, ug Kora.

Si Kohat mao ang amahan ni Amram. 59Ug ang asawa ni Amram mao si Jokebed nga kaliwat usab ni Levi. Natawo si Jokebed sa Ehipto. Si Amram ug Jokebed mao ang mga ginikanan nila ni Aaron, Moises, ug Miriam. 60Si Aaron mao ang amahan nila ni Nadab, Abihu, Eleazar, ug Itamar. 61Apan namatay si Nadab ug si Abihu sa dihang migamit silag kalayo nga dili maoy ginagamit sa ilang paghalad sa Ginoo.

62Ang gidaghanon sa mga lalaking kaliwat ni Levi nga nagaedad ug usa ka bulan pataas mikabat ug 23,000. Wala sila iapil sa kinatibuk-an nga ihap sa gidaghanon sa mga Israelinhon kay wala man silay bahin sa yuta nga gipanunod sa mga Israelinhon.

63Mao kini ang mga Israelinhon nga naihap ni Moises ug ni Eleazar nga pari didto sa kapatagan sa Moab sa daplin sa Jordan atbang sa Jerico. 64Wala nay naapil gikan sa nahaunang pag-ihap nga gihimo ni Moises ug ni Aaron nga pari sa kamingawan sa Sinai, 65kay miingon ang Ginoo kanila kaniadto nga sigurado gayong mangamatay sila sa kamingawan. Ug walay usa nga nahibilin gawas kang Caleb nga anak ni Jefune, ug kang Josue nga anak ni Nun.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 26:1-65

Israel Nnipakan A Ɛtɔ So Mmienu

1Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ, 2“Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ ɔsa wɔ abusua biara mu.” 3Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no sɛ, 4“Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.”

Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie.

Ruben Abusuakuo

5Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ:

Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;

Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;

6Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;

Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.

7Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa (43,730).

8Na Palu yɛ Eliab aseni, 9na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia. 10Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa. 11Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no.

Simeon Abusuakuo

12Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu:

Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.

Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.

Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.

13Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;

Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.

14Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.

Gad Abusuakuo

15Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu:

Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;

Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi.

Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni.

16Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni.

Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;

17Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod.

Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.

18Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500).

Yuda Abusuakuo

19Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so.

20Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase.

Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela.

Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres.

Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.

21Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase.

Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron.

Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.

22Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum.

Isakar Asefoɔ

23Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase:

Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola.

Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.

24Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub.

Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.

25Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa (64,300).

Sebulon Asefoɔ

26Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase:

Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered.

Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.

Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.

27Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum.

Manase Abusuakuo

28Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ.

29Manase asefoɔ:

Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir.

Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.

30Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase:

Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser.

Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek.

31Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel.

Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem.

32Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida.

Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.

33Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700).

Efraim Abusuakuo

35Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase:

Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela.

Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker.

Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.

36Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase:

Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.

37Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,500).

Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ.

Benyamin Abusuakuo

38Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu.

Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela.

Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel.

Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram.

39Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam.

Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.

40Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu.

Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard.

Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman.

41Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia (45,600).

Dan Abusuakuo

42Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu.

Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.

Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ. 43Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400).

Aser Abusuakuo

44Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu.

Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna.

Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui.

Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.

45Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu.

Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber.

Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

46Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera.

47Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

Naftali Abusuakuo

48Yeinom ne mmusua a wɔfiri Naftali mmammarima mu.

Yakseelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel.

Gunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn agya Guni.

49Yeserfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser.

Silemfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.

50Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahanan (45,400).

Nnipa Dodoɔ A Wɔkan Wɔn

51Enti, nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).

52Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 53“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ. 54Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa. 55Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so. 56Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.”

57Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie:

Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson.

Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat.

Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.

58Yeinom nso yɛ Lewifoɔ mmusua:

Libnifoɔ,

Hebronfoɔ,

Mahlifoɔ,

Musifoɔ ne

Korafoɔ.

Kohat yɛ Amram tete agya; 59Ɛberɛ a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam. 60Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. 61Nanso, ɛberɛ a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wɔwuwuiɛ.

62Nnipakan no mu na Lewifoɔ nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmiɛnsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi firi bosome kɔsi mpanimfoɔ so. Nanso, wɔammu Lewifoɔ no ano anka Israel nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuo no, wɔamma Lewifoɔ no bi.

63Enti, sɛdeɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔ a ɛbɛn Asubɔnten Yordan na ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ne no. 64Saa nnipa yi nyinaa, wɔn mu baako mpo nni hɔ a nnipakan a ɛdi ɛkan no, wɔkan no wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ, 65ɛfiri sɛ, na mfeɛ aduanan atwam enti na wɔn a wɔkan wɔn kane no nyinaa awuwu sɛdeɛ Awurade kaeɛ sɛ. “Wɔbɛwuwu wɔ ɛserɛ so” no. Wɔn a ɛkaa wɔn ara ne Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.