Yosua 4 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 4:1-24

Abo Dumien Nkaedum

1Bere a ɔman no nyinaa twaa Yordan wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, 2“Yiyi mmarima dumien fi ɔmanfo no mu a ɔbaako biara fi abusuakuw no bi mu, 3na ka kyerɛ wɔn se, wɔmfa abo dumien mfi Yordan mfimfini nifa so wɔ faako a na asɔfo no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmegu faako a mobɛtena anadwo yi.”

4Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a oyii wɔn fii Israelfo no mu no a ɔbaako biara fi abusuakuw bi mu no, 5na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munkodi Awurade, mo Nyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɔbo nto ne bati so sɛnea Israelfo mmusuakuw no dodow te, 6na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo se, ‘Saa abo yi ase kyerɛ dɛn’ a, 7monka nkyerɛ wɔn se, Yordan gyaee sen, gyinae wɔ Awurade apam adaka no anim, bere a Awurade apam adaka no retwa Yordan asubɔnten no. Saa abo yi bɛyɛ nkae ade ama Israelfo daa nyinaa.”

8Enti, mmarima no yɛɛ sɛnea Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa abo dumien fii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɔbo baako biara gyina hɔ ma abusuakuw baako, sɛnea Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ faako a wɔtenaa hɔ anadwo no na wosii nkaedum wɔ hɔ. 9Yosua nso de abo dumien sii nkaedum wɔ Yordan mfimfini wɔ faako a na asɔfo a wɔso apam Adaka no gyinae no. Ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.

10Asɔfo a na wɔso adaka no gyinaa asu no mfimfini hɔ ara kosii sɛ wɔyɛɛ Awurade ahyɛde a ɔnam Mose so de maa Yosua no nyinaa. Saa bere no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asu no koduu ne konkɔn so. 11Na bere a obiara duu asu no fa hɔ no, asɔfo no nso de Awurade adaka no twa kɔɔ hɔ bi. 12Na akofo a wɔahyɛ wɔn akode a wofi Ruben abusuakuw mu, Gad abusuakuw mu ne Manase abusuakuw fa mu akofo no dii Israelfo no anim twaa Yordan sɛnea Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. 13Saa akofo yi, na wɔn dodow bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wotwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.

14Saa da no, Awurade yɛɛ Yosua kɛse wɔ Israelfo no nyinaa anim; na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfo de obu ne nidi maa no sɛnea wɔde obu ne nidi maa Mose no.

15Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, 16“Hyɛ asɔfo a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, womfi nsubon no mu hɔ mmra.” 17Enti, Yosua hyɛɛ wɔn. 18Na bere a asɔfo a wɔso Awurade apam adaka no fii nsubon no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan san ka sram so tɛnn te sɛ kan no.

19Ɔsram a edi kan no da ɛto so du no nnipa no foro fii Yordan kɔbɔɔ atenae wɔ Gilgal, Yeriko apuei fam hye so. 20Gilgal hɔ na Yosua boaa abo dumien a wɔde fi Asubɔnten Yordan mu bae no ano. 21Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Daakye bi mo mma bebisa se, ‘Saa abo yi kyerɛ dɛn?’ 22Na mo nso moaka akyerɛ wɔn se, ‘Ɛha ne beae a Israelfo twaa Yordan wɔ asase wosee so no.’ 23Awurade, mo Nyankopɔn, maa asu no yowee wɔ mo anim, na ɔkɔɔ so ma ɛyowee ara kosii sɛ mo nyinaa twae, sɛnea ɔyɛɛ Po Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no yowee ara kosii sɛ yɛn nyinaa twae. 24Ɔyɛɛ eyi sɛnea aman a wɔwɔ wiase nyinaa behu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Nyankopɔn, daa nyinaa.”