Yosua 21 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 21:1-45

Nkurow A Wɔde Maa Lewifo

1Afei, Lewifo abusua mu ntuanofo kɔɔ ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw a aka mu ntuanofo no nkyɛn. 2Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so no se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkurow na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwi.”

3Na sɛnea Awurade hyɛe no, wɔde nkurow a edidi so yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifo sɛ wɔn agyapade.

4Aaron asefo a na wɔyɛ Kohat abusuamma, na wɔfra Lewi abusuakuw mu no nyaa nkurow dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuw no dea.

5Afi a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurow du fii Efraim ne Dan mmusuakuw no ne Manase abusuakuw fa no nsase mu.

6Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuw fa no wɔ Basan.

7Merari abusua no nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuw no nkyɛn.

8Enti Israelfo no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkurow yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifo.

9Israelfo no de saa nkurow a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuw no dea no 10maa Aaron asefo a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuw ho no, efisɛ ntonto kronkron a edi kan no bɔɔ wɔn.

11Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) 12Nanso nsase ne nkuraa a atwa kurow no ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. 13Nkurow a edidi so yi ne wɔn adidibea no wɔde maa ɔsɔfo Aaron asefo: Hebron (guankɔbea kuropɔn ma nea ne nsa apa wɔ obi ho), Libna, 14Yatir, Estemoa, 15Holon, Debir, 16Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurow akron a wonya fii saa mmusuakuw abien yi nkyɛn no.

17Wofi Benyamin abusuakuw mu de saa nkurow yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfo:

Gibeon, Geba, 18Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurow anan.

19Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no.

20Kohat21.20 Kohatfo—Na saa nnipa yi nyɛ asɔfo, efisɛ na wɔnyɛ Aaron asefo. abusua nkae a wofi Lewi abusuakuw mu no nso, wɔde saa nkurow yi ne adidibea a efi Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:

21Sekem, (guankɔbea kuropɔn), Geser. 22Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurow anan.

23Saa nkurow ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfo a wofi Dan abusuakuw mu:

Elteke ne Gibeton, 24Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow anan.

25Manase abusuakuw fa no de saa nkurow ne wɔn adidibea maa asɔfo no:

Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow abien.

26Enti nkurow du ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkae no.

27Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuw no fa bi no nso nyaa nkurow abien ne wɔn adidibea

fii Manase abusua fa no nkyɛn.

Nkurow no ne Golan a ɛwɔ Basan (guankɔbea kuropɔn) ne Beestra.

28Isakar abusuakuw no nso maa wɔn:

Kision, Daberat, 29Yarmut ne En-Ganim, nkurow anan a wɔn adidibea ka ho.

30Aser abusuakuw no maa

Misal, Abdon, 31Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurow anan a wɔn adidibea ka ho.

32Naftali abusuakuw no maa wɔn

Kedes a ɛwɔ Galilea (guankɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkurow abiɛsa ne wɔn adidibea.

33Enti nkurow dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no.

34Lewifo nkae a wɔyɛ Merari abusua no nyaa saa nkurow yi a

efi Sebulon abusuakuw no nkyɛn:

Yokneam, Karta, 35Dimna ne Nahalal—nkurow anan ne ɛho adidibea.

36Ruben abusuakuw no nso maa wɔn

Beser, Yahas, 37Kedemot ne Mefaat—nkurow anan ne wɔn adidibea.

38Gad abusuakuw no maa wɔn

Ramot a ɛwɔ Gilead (guankɔbea kuropɔn), Mahanaim, 39Hesbon ne Yaser, nkurow anan ne ho adidibea.

40Enti nkurow dumien na wɔde maa Merari abusua.

41Nkurow dodow ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifo no nyinaa yɛ aduanan awotwe. 42Na kurow biara wɔ adidibea da ho.

43Enti Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfo no, na wodii so nkonim, tenaa hɔ. 44Na Awurade ma wonyaa ɔhome wɔ afanan nyinaa, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfo biara antumi annyina wɔn anim, efisɛ Awurade boaa wɔn ma wodii wɔn atamfo so nkonim. 45Bɔ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu; emu bi anni huammɔ.

Bibelen på hverdagsdansk

Josvabogen 21:1-45

Levitternes byer

1De levitiske klaners overhoveder kom nu til Shilo med en anmodning til ypperstepræsten Eleazar, Josva og overhovederne for de øvrige stammer.

2„Herren talte til Moses om, at vi skulle have nogle byer at bo i og have græsmarker til vores husdyr,” sagde de.

3Derfor gav de øvrige stammer afkald på et antal byer med opland, som ved lodtrækning blev fordelt mellem levitterne. 4Det første lod faldt på Kehat-klanen. Arons slægt, som hørte til denne klan,21,4 Levi havde tre sønner: Gershon, Kehat og Merari (se 1.Mos. 46,11), og Aron var sønnesøn af Kehat (se 2.Mos. 6,18-20). Eleazar var søn af Aron. fik 13 byer, der oprindelig var blevet tildelt Judas, Simeons og Benjamins stammer. 5De øvrige slægter blandt kehattitterne fik 10 byer fra Efraims, Dans og Manasses halve stammes områder, 6mens Issakars, Ashers, Naftalis og Manasses halve stamme i Bashan overgav 13 byer til Gershon-klanen. 7Merari-klanen fik 12 byer af Rubens, Gads og Zebulons stammer. 8Herrens befaling til Moses var dermed fulgt. Alle disse byer med tilhørende græsmarker blev ved lodtrækning fordelt blandt levitterne.

9-16Af de 13 byer, som Arons slægt fik, var de ni fra Judas og Simeons områder. Først fik de Hebron med tilhørende græsmarker i Judas højland—tilflugtsbyen, som også kaldes Kirjat-Arba efter anakitten Anaks far. Men Kaleb af Judas stamme fik lov at beholde de øvrige marker,21,9-16 Præsterne måtte ikke dyrke jorden, men måtte gerne holde køer, får og geder. Derfor havde de brug for græsmarker, men ikke de øvrige marker, som kunne dyrkes med korn, vindruer eller frugttræer. som hørte til byen, samt de omliggende landsbyer. Arons slægt fik også Libna, Jattir, Eshtemoa, Holon, Debir, Ajin, Jutta og Bet-Shemesh—alle med tilhørende græsmarker.

17-18De øvrige fire byer var i Benjamins stammeområde: Gibeon, Geba, Anatot og Alemet. 19Præsterne, Arons efterkommere, fik altså i alt 13 byer med tilhørende græsmarker til deres husdyr.

20-22De øvrige familier fra Kehat-klanen fik af Efraims stamme følgende fire byer med tilhørende græsmarker: tilflugtsbyen Sikem i Efraims højland, Gezer, Kibsajim og Bet-Horon.

23-24Dans stamme afstod følgende fire byer med tilhørende græsmarker: Elteke, Gibbeton, Ajjalon og Gat-Rimmon.

25Manasses halve stamme afstod byerne Ta’anak og Jibleam.21,25 Den hebraiske kopi af teksten har fejlagtigt gentaget navnet Gat-Rimmon. 26Det var i alt 10 byer med tilhørende græsmarker, som blev afstået til resten af Kehat-klanen.

27De 13 byer med tilhørende græsmarker, som Gershon-klanen fik, lå i følgende stammeområder: Manasses halve stamme i Bashan afstod to byer: tilflugtsbyen Golan og Ashtarot.

28-29Issakars stamme afstod fire byer: Kishjon, Daberat, Jarmut og En-Gannim.

30-31Ashers stamme afstod også fire byer: Mishal, Abdon, Helkat og Rehob.

32-33Naftalis stamme afstod tre byer: tilflugtsbyen Kedesh i Galilæa, Hammot-Dor og Kartan.

34-35De 12 byer, som ved lodtrækning tilfaldt den sidste af levitternes klaner, Merari-klanen, lå i følgende stammeområder: Zebulons stamme afstod fire byer: Jokneam, Karta, Rimmona og Nahalal.

36-37Rubens stamme afstod også fire byer: Betzer, Jahatz, Kedemot og Mefa’at. 38-40Gads stamme afstod også fire byer: tilflugtsbyen Ramot i Gilead, Mahanajim, Heshbon og Jazer.

41-42På denne måde fik Levitterne i alt 48 byer med tilhørende græsmarker.

43Således fordelte Herren hele landet mellem Israels stammer, sådan som han havde lovet deres forfædre; og de slog sig ned i landet, efter at de havde taget det i besiddelse. 44Derefter gav Herren dem fred og ro i landet, sådan som han havde lovet; ingen kunne klare sig imod dem, for Herren overgav deres fjender til dem. 45Herren opfyldte alle de gode løfter, han havde givet sit folk. Det var ikke tomme ord, han havde talt!