Yosua 20 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 20:1-9

Guankɔbea Nkuropɔn

1Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, 2“Afei, ka kyerɛ Israelfo no na wonyiyi guankɔbea nkuropɔn no sɛnea mehyɛɛ Mose no. 3Obiara a wanhyɛ da na obekum obi no tumi guan kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho aguaa, sɛnea owufo no abusuafo no rentumi ntɔ okum no so were. 4Sɛ onipa a wanhyɛ da na okum obi no du kuropɔn no bi so a, onkohu kuropɔn no mu mpanyimfo wɔ kuropɔn no pon ano na ɔnkyerɛ wɔn nea esii. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma owura kuropɔn no mu, na wɔne no tena. 5Sɛ owufo no abusuafo ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no yi okumfo no ma, efisɛ ɛyɛ esiane. 6Nanso ɛsɛ sɛ okumfo no tena kuropɔn no mu na ɔmanfo di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ owudifo no kɔ so tena kurow no mu, efisɛ owu no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ hɔ saa bere no a asɛm no sii no bewu. Ɛno akyi, okumfo no wɔ ho kwan sɛ ɔsan kɔ ne kurom.”

7Nkuropɔn a edidi so yi na woyiyi yɛɛ hɔ guankɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔw asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so. 8Na Asubɔnten Yordan apuei fam nso a etwa mu fi Yeriko no, saa nkuropɔn a edidi so yi na woyiyii sɛ guankɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ sare pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuw de no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuw asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuw no asase. 9Eyinom ne nkuropɔn a woyiyi maa Israelfo ne ahɔho a wɔne wɔn te no. Obiara a wamfi ɔboayɛ mu ankum ɔfoforo no, otumi kɔhwehwɛ guankɔbea wɔ saa nkuropɔn yi biara so. Sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so a wɔn a wɔrehwehwɛ aweretɔ no nsa renka awudifo no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfo asennii abeyi wɔn ho ano.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約書亞記 20:1-9

避難城

1耶和華對約書亞說: 2「你吩咐以色列人,照我以前藉摩西所吩咐你們的,設立一些城邑作為避難城, 3好讓那些誤殺了人的可以逃到那裡,免遭仇人追殺。 4逃進城的人要先站在城門口,向避難城的長老陳明事情的經過,長老就把他們收容到城裡,給他們地方住。 5如果他們的仇人追到,長老們不可把他們交出來,因為他們是無意殺的,跟被殺者無冤無仇。 6這些人要住在城內,直到在會眾面前受了審訊,並且還要等到在任的大祭司死後,才可離城回鄉。」

7於是,民眾便設立拿弗他利山區加利利境內的基低斯以法蓮山區的示劍猶大山區的基列·亞巴,即希伯崙作為避難城。 8他們又在約旦河、耶利哥東面空曠的平原上設立呂便支派的比悉迦得支派基列境內的拉末瑪拿西支派巴珊境內的哥蘭作為避難城。 9這是為以色列人和那些從外地來寄居的人所設立的避難城,誤殺了人的可以逃到那裡,不致未在會眾面前受審便死在報仇的人手裡。