Yosua 17 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 17:1-18

1Wɔde asase no fa a ɛda atɔe fam no maa Manase abusuakuw no fa a ɔyɛ Yosef babarima panyin no asefo. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apuei fam no ama Makir abusua no dedaw, efisɛ na ɔyɛ ɔkofo kɛse. (Na Makir yɛ Manase babarima panyin ne Gilead agya.) 2Asase a ɛda Yordan atɔe fam no, wɔde maa mmusua nkae a wɔwɔ Manase abusuakuw mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.

3Nanso na Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no nni mmabarima. Mmom, na ɔwɔ mmabea baanum. Na wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 4Saa mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofo no nkyɛn bɛkae se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuw mu no agyapade.” Enti Yosua maa wɔn ne wɔn agyanom agyapade sɛnea Awurade hyɛe no. 5Ɛno nti Manase agyapade bɛyɛɛ nsaseteaa du a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, 6efisɛ Manase asefo a wɔyɛ mmea no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapade. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefo a wɔyɛ mmarima nkae no).

7Manase abusuakuw no hye no fi Aser hye ano kosi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apuei fam. Afei, ɔhye no fi Mikmetat kɔ anafo fam, kosi nnipa a wɔte bɛn Tapua nsu no ho no. 8(Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso Tapua kurow no a ɛda Manase mantam no hye so no yɛ Efraim abusuakuw no dea.) 9Manase hye no fi Tapua asu no, nenam Kana suka atifi kosi Po Kɛse no. (Nkurow bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuw no dea.) 10Asase a ɛda suka no anafo fam no yɛ Efraim dea, na nea ɛda atifi fam nso yɛ Manase de; na Po kɛse no yɛ Manase asase no hye wɔ atɔe fam. Aser asase no da Manase de no atifi fam, na Isakar asase no nso da apuei fam.

11Wɔde saa nkurow a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraa.

12Nanso Manase asefo no antumi amfa saa nkurow yi. Wɔantumi antu Kanaanfo a na wɔte hɔ no. 13Akyiri no, bere a Israelfo nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso wɔampam wɔn amfi asase no so.

14Yosef asefo baa Yosua nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na woama yɛn asasetaw baako pɛ wɔ bere a Awurade ama yɛn ase adɔ?”

15Yosua buaa se, “Sɛ Efraim bepɔw asase no sua ma mo a, monkɔdɔw kwae a Perisifo ne Refaitefo te so no.”

16Na wobuae se, “Bepɔw so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfo a wɔwɔ bepɔw no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bon ho ahyia no wɔ nnade nteaseɛnam, na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”

17Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo no se, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den nti, mubenya nsasetam no bi aka baako no ho. 18Wɔde kwae a ɛda bepɔw no so no bɛka mo ho. Monnɔw asase no sɛnea mubetumi biara na montena hɔ. Ɛwɔ mu sɛ Kanaanfo no ho yɛ den na wɔwɔ nnade nteaseɛnam, nanso mewɔ awerehyɛmu sɛ mubetumi apam wɔn afi obon no mu.”

Korean Living Bible

여호수아 17:1-18

므낫세 서쪽 반 지파

1다음은 요셉의 장남 므낫세의 서쪽 반 지파가 분배받은 땅이다. 길르앗의 아버지인 마길은 므낫세의 장남이자 전쟁의 영웅이었 으므로 요단강 동쪽의 땅인 길르앗과 바산을 이미 얻었다.

2그래서 요단강 서쪽에서는 므낫세의 나머지 자손이 집안별로 땅을 분배받았는데 이들 집안은 아비에셀, 헬렉, 아스리엘, 세겜, 헤벨, 스미다 집안이었다. 이들은 모두 요셉의 아들인 므낫세의 남자 후손이며 집안 어른들이다.

3그러나 헤벨의 아들이요 길르앗의 손자이며 마길의 증손이자 므낫세의 현손인 슬로브핫은 아들이 없고 딸뿐이었으며 그들의 이름은 말락, 노아, 호글라, 밀가, 디르사였다.

4그들이 제사장 엘르아살과 눈의 아들 여호수아와 이스라엘 백성의 지도자들 앞에 나와 “여호와께서는 모세에게 우리 지파의 남자들과 함께 우리에게도 땅의 일부를 주라고 명령하였습니다” 하고 말하였다. 그래서 여호수아는 여호와께서 명령하신 대로 그 여자들에게도 그들의 남자 친척들과 함께 땅을 분배해 주었다.

5므낫세가 요단강 동쪽에 있는 길르앗과 바산 외에도 열 구획의 땅을 얻은 것은

6므낫세의 여자 자손들이 그들의 남자 자손들과 마찬가지로 땅을 분배받았기 때문이었다. 그리고 길르앗 땅은 므낫세의 나머지 자손들에게 분배되었다.

7므낫세 서쪽 반 지파의 경계선은 아셀에서부터 세겜 동쪽 믹므닷에 미치고 거기서 남쪽으로 내려가 엔 – 답부아 주민들의 땅에 이르렀다.

8답부아 일대의 땅은 므낫세에게 속하였으나 므낫세 땅의 경계 지역에 있는 답부아읍은 에브라임 자손에게 속하였다.

9다시 그 경계선은 답부아에서 가나 시내로 내려갔다. 그 시내 남쪽의 일부 성들은 므낫세 지파의 땅에 위치해 있어도 에브라임 지파의 땅이었다. 그리고 므낫세 지파의 경계는 그 시내 북쪽 둑을 따라 지중해에서 끝났다.

10그래서 가나 시내 남쪽은 에브라임의 땅이었고 그 북쪽은 므낫세의 땅이었으며 그들의 서쪽 경계는 지중해였다. 그리고 므낫세 지파의 경계는 북서쪽으로 아셀 지파의 땅과 접해 있고 북동쪽으로는 잇사갈 지파의 땅과 접해 있었다.

11잇사갈 지파와 아셀 지파의 땅에는 므낫세 서쪽 반 지파가 소유한 땅이 있었는데 그것은 벧 – 스안, 이블르암, 돌, 엔돌, 다아낙, 므깃도, 그리고 이 성들 주변의 부락들이었다.

12그러나 므낫세 자손이 이 성들에 사는 주민들을 쫓아내지 못하였으므로 가나안 사람들이 계속 그대로 살고 있었다.

13그런데 이스라엘 사람들은 세력이 강해진 다음에 가나안 사람들을 굴복시켜 강제 노동을 시키고 그들을 완전히 쫓아내지 않았다.

땅을 더 요구하는 에브라임과 므낫세 서쪽 반 지파

14요셉 자손이 여호수아에게 와서 말하였다. “여호와께서 우리에게 복을 주셔서 오늘날 우리가 큰 지파가 되었는데 어째서 우리에게는 한 몫의 땅만 주십니까?”

15“여러분이 인구가 많아서 에브라임 산간 지대가 너무 좁으면 브리스 사람과 르바임 사람의 산림 지대로 올라가서 그 곳을 개간하십시오.”

16“그 산림 지대도 우리에게는 충분하지 못합니다. 더구나 벧 – 스안과 이스르엘 골짜기 일대에 사는 가나안 사람들은 다 철전차를 가지고 있습니다.”

17여호수아는 다시 요셉의 아들 에브라임과 므낫세 자손들에게 말하였다. “여러분은 인구도 많고 막강하니 한 몫의 땅만 가질 것이 아니라

18그 산림 지대도 소유해야 합니다. 여러분이 그 땅을 개간하면 그 온 산림 지대가 이 끝에서 저 끝까지 모두 여러분의 땅이 될 것입니다. 가나안 사람들이 아무리 막강하고 철전차를 가졌다고 해도 여러분은 그들을 충분히 쫓아낼 수 있습니다.”