Yohane 21 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 21:1-25

Yesu Yi Ne Ho Adi Bio

1Akyiri no Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni: 2Saa bere no na Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafo no mu baanu na na wɔwɔ faako. 3Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Merekoyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no se, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa ɔkorow mu, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.

4Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafo no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.

5Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, “Anuanom, moayi nam bi ana?”

Wobuae se, “Dabi.”

6Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mubeyi nam.” Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.

7Afei osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ. 8Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ tɔ. Ɔkwan a efi faako a wɔwɔ wɔ po no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. 9Woduu mpoano hɔ no wohuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na brodo bi nso gu nkyɛn.

10Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa nam a moayi no bi mmra.” 11Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwɔ mu sɛ na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew. 12Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedidi.” Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. 13Yesu faa brodo no kyekyɛ maa wɔn. Eyi akyi no, ɔkyɛɛ nam no nso maa wɔn. 14Eyi ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafo no.

Petro Kyerɛ Ne Dɔ

15Wodidi wiei no, Yesu bisaa Simon Petro se, “Yohane ba Simon, wodɔ me sen sɛnea eyinom dɔ me no ana?”

Petro buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguamma.”

16Yesu san bisaa no se, “Yohane ba Simon, wodɔ me ana?”

Petro san buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.”

Yesu san ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ me nguan.”

17Yesu bisaa no ne mprɛnsa so se, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?”

Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhow sɛ Yesu abisa no saa asɛm koro no ara mprɛnsa. Enti ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, wunim biribiara, na wunim nso sɛ medɔ wo!”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguan. 18Meka nokware akyerɛ wo. Woyɛ aberante no, na wutumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ nea wopɛ biara nso. Nanso sɛ wobɔ akwakoraa a, wobɛteɛ wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.” 19Asɛm a Yesu kaa no de kyerɛɛ owu ko a Petro bewu de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Di mʼakyi.”

20Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi huu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, otwiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, hena na obeyi wo ama?” no. 21Petro huu saa osuani no, obisaa Yesu se, “Awurade, na oyi nso dɛn na ɛbɛto no?”

22Yesu buaa no se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di mʼakyi.” 23Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifo no mu pii susuw sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso na ɛnyɛ nea Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, bere a ɔkae se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn?”

24Saa osuani yi ne onipa a odi eyinom nyinaa ho adanse na ɔkyerɛw nso. Yenim sɛ nʼadansedi no yɛ nokware.

25Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛe a wɔankyerɛw, na sɛ wɔkyerɛw no mmaako mmaako a, anka migye di sɛ ɛrensen wiase.

New International Version

John 21:1-25

Jesus and the Miraculous Catch of Fish

1Afterward Jesus appeared again to his disciples, by the Sea of Galilee.21:1 Greek Tiberias It happened this way: 2Simon Peter, Thomas (also known as Didymus21:2 Thomas (Aramaic) and Didymus (Greek) both mean twin.), Nathanael from Cana in Galilee, the sons of Zebedee, and two other disciples were together. 3“I’m going out to fish,” Simon Peter told them, and they said, “We’ll go with you.” So they went out and got into the boat, but that night they caught nothing.

4Early in the morning, Jesus stood on the shore, but the disciples did not realize that it was Jesus.

5He called out to them, “Friends, haven’t you any fish?”

“No,” they answered.

6He said, “Throw your net on the right side of the boat and you will find some.” When they did, they were unable to haul the net in because of the large number of fish.

7Then the disciple whom Jesus loved said to Peter, “It is the Lord!” As soon as Simon Peter heard him say, “It is the Lord,” he wrapped his outer garment around him (for he had taken it off) and jumped into the water. 8The other disciples followed in the boat, towing the net full of fish, for they were not far from shore, about a hundred yards.21:8 Or about 90 meters 9When they landed, they saw a fire of burning coals there with fish on it, and some bread.

10Jesus said to them, “Bring some of the fish you have just caught.” 11So Simon Peter climbed back into the boat and dragged the net ashore. It was full of large fish, 153, but even with so many the net was not torn. 12Jesus said to them, “Come and have breakfast.” None of the disciples dared ask him, “Who are you?” They knew it was the Lord. 13Jesus came, took the bread and gave it to them, and did the same with the fish. 14This was now the third time Jesus appeared to his disciples after he was raised from the dead.

Jesus Reinstates Peter

15When they had finished eating, Jesus said to Simon Peter, “Simon son of John, do you love me more than these?”

“Yes, Lord,” he said, “you know that I love you.”

Jesus said, “Feed my lambs.”

16Again Jesus said, “Simon son of John, do you love me?”

He answered, “Yes, Lord, you know that I love you.”

Jesus said, “Take care of my sheep.”

17The third time he said to him, “Simon son of John, do you love me?”

Peter was hurt because Jesus asked him the third time, “Do you love me?” He said, “Lord, you know all things; you know that I love you.”

Jesus said, “Feed my sheep. 18Very truly I tell you, when you were younger you dressed yourself and went where you wanted; but when you are old you will stretch out your hands, and someone else will dress you and lead you where you do not want to go.” 19Jesus said this to indicate the kind of death by which Peter would glorify God. Then he said to him, “Follow me!”

20Peter turned and saw that the disciple whom Jesus loved was following them. (This was the one who had leaned back against Jesus at the supper and had said, “Lord, who is going to betray you?”) 21When Peter saw him, he asked, “Lord, what about him?”

22Jesus answered, “If I want him to remain alive until I return, what is that to you? You must follow me.” 23Because of this, the rumor spread among the believers that this disciple would not die. But Jesus did not say that he would not die; he only said, “If I want him to remain alive until I return, what is that to you?”

24This is the disciple who testifies to these things and who wrote them down. We know that his testimony is true.

25Jesus did many other things as well. If every one of them were written down, I suppose that even the whole world would not have room for the books that would be written.