Yohane 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 2:1-25

Yesu Ma Nsu Dan Nsa

1Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na wɔ hɔ, 2na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba hɔ bi. 3Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.”

4Yesu ka kyerɛɛ ne na se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ? Me bere nnya nnui.”

5Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, “Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ.”

6Na abo asuhina asia sisi hɔ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho wɔ amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa.

7Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, “Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama.” Wɔde nsu hyɛɛ no amaama.

8Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no.”

9Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no 10ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba wɔ nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!”

11Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ wɔ bagua mu de kyerɛɛ sɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

12Ayeforohyia no akyi no, ɔne ne na ne ne nuanom ne nʼasuafo no dii nna kakra wɔ Kapernaum.

Yesu Kɔ Asɔredan Mu

13Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu nti, Yesu kɔɔ Yerusalem. 14Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohuu sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika. 15Yesu faa ntampehama yɛɛ no mpire de pam sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gu maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. 16Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Munnyae sɛ mode mʼAgya fi ayɛ aguadibea no!” 17Asuafo no kae se, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwen ahyɛ me so.”

18Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopam nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”

19Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”

20Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?” 21Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho, 22Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.

23Bere a Twam Afahyɛ no duu a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii. 24Nanso Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ na onim sɛnea nnipa suban te. 25Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu.

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 2:1-25

Yesu Ma Nsuo Dane Nsa

1Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi. 2Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ hɔ bi. 3Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsã saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn nsã a wɔrenom no asa.”

4Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛsɛ me yɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ.”

5Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Biribiara a ɔbɛka sɛ monyɛ no, monyɛ.”

6Na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de hohoro wɔn ho amanneɛ kwan so. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa.

7Yesu ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Momfa nsuo nhyehyɛ nhina no ma ma.” Wɔde nsuo hyɛɛ no ma ma.

8Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsa bi nkɔma onipa a ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no.”

9Deɛ ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no kaa nsuo no a adane nsã no hwɛeɛ. Na ɔnnim baabi a na nsã no firi, nanso na asomfoɔ no deɛ, wɔnim. Ɔfrɛɛ ayeforɔkunu no 10ka kyerɛɛ no sɛ, “Saa nsã yi yɛ nsã pa. Wonte sɛ afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto ɛpono de nsã pa di ɛkan ba wɔ nʼapontoɔ ase, na akyire yi, ɔde nsã a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsã pa no atwa toɔ!”

11Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

12Ayeforɔhyia no akyi, ɔne ne maame ne ne nuanom ne nʼasuafoɔ no dii nna kakra wɔ Kapernaum.

Yesu Kɔ Asɔredan Mu

13Esiane sɛ na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛduru no enti, Yesu kɔɔ Yerusalem. 14Ɔduruu asɔredan no mu hɔ no, ɔhunuu sɛ adwadifoɔ bi nso tete wɔn apono akyi resesa sika. 15Yesu faa ntampehoma, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafoɔ no ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie no firii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apono guiɛ maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. 16Afei, ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsesa wɔn mfiri ha nkɔ ntɛm! Mommfa mʼAgya fie nyɛ adwadibea!” 17Asuafoɔ no kaa sɛ, wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Wo fie yiedie ho dadwene ahyɛ me so.”

18Afei, Yudafoɔ mpanin no bisaa Yesu sɛ, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi fa di adanseɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”

19Yesu buaa wɔn sɛ, “Mate deɛ moaka no. Nsɛnkyerɛnneɛ a mede bɛdi adanseɛ ara ne sɛ, mommubu asɔredan yi ngu na mede nnansa bɛsi bio.”

20Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisaa no sɛ, “Asɔredan a wɔde mfeɛ aduanan nsia siiɛ no, na wode nnansa bɛtumi asi?” 21Nanso, Yesu deɛ, na ɔde ɔno ankasa ne onipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho, 22Yesu wusɔreɛ no akyi ansa na asuafoɔ no kaee asɛm a ɔkaeɛ no. Yei ma wɔgyee Atwerɛsɛm ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

23Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no duruiɛ a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ bebree maa nnipa gyee no diiɛ. 24Nanso, Yesu amfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛdeɛ nnipa suban te. 25Na ɔnhia onipa adanseɛ a ɔbɛdi afa onipa ho, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu.