Yohane 17 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 17:1-26

Yesu Bɔ Mpae Se Wɔnhyɛ No Anuonyam

1Yesu kaa saa nsɛm yi wiee no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpae se,

“Agya, bere no adu. Hyɛ wo Ba no anuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam. 2Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a enni awiei. 3Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! 4Mawie adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ nam so ada wʼanuonyam adi akyerɛ wɔ asase so. 5Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na wobɔ wiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.

6“Mama nnipa a na anka wɔte wiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahu wo. Na wɔyɛ wo de na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm. 7Afei, wɔahu sɛ biribiara a wode ama me no fi wo nkyɛn. 8Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wotiei. Wonim sɛ ɛyɛ nokware sɛ mifi wo nkyɛn na mebae. Na wogye di sɛ wo na wosomaa me. 9Mebɔ mpae ma wɔn. Memmɔ mpae mma wɔn a wonnye wʼasɛm nni, na mmom nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpae ma wɔn, efisɛ wɔyɛ wo de. 10Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam. 11Na afei, merefi wiase na magyaw wɔn wɔ akyi aba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no. 12Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara anyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu.

13“Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa bere a meda so wɔ wiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a mʼanigye bɛhyɛ wɔn ma. 14Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na wiasefo tan wɔn, efisɛ womfi wiase sɛnea me nso mimfi wiase no. 15Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ wɔn ho ban fi ɔbonsam nsam. 16Sɛnea mimfi wiase no, saa ara na wɔn nso mfi wiase. 17Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron. 18Sɛnea wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase. 19Wɔn nti mede me ho ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.

20“Memmɔ mpae mma wɔn nko. Mebɔ mpae ma wɔn a wɔnam asuafo asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso. 21Mebɔ mpae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛnea wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara na ma wɔn nso ntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ wo na wosomaa me. 22Mede anuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no. 23Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.

24“Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahu mʼanuonyam, anuonyam a wode maa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase.

25“Agya Kronkron, wiase nnim wo nanso me de, minim wo; na asuafo yi nim sɛ wo na wosomaa me. 26Mama wɔahu sɛnea wo te, na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso matena wɔn mu bi.”

Nova Versão Internacional

João 17:1-26

Jesus Ora por si mesmo

1Depois de dizer isso, Jesus olhou para o céu e orou:

“Pai, chegou a hora. Glorifica o teu Filho, para que o teu Filho te glorifique. 2Pois lhe deste autoridade sobre toda a humanidade17.2 Grego: carne., para que conceda a vida eterna a todos os que lhe deste. 3Esta é a vida eterna: que te conheçam, o único Deus verdadeiro, e a Jesus Cristo, a quem enviaste. 4Eu te glorifiquei na terra, completando a obra que me deste para fazer. 5E agora, Pai, glorifica-me junto a ti, com a glória que eu tinha contigo antes que o mundo existisse.

Jesus Ora por seus Discípulos

6“Eu revelei teu nome àqueles que do mundo me deste. Eles eram teus; tu os deste a mim, e eles têm obedecido à tua palavra. 7Agora eles sabem que tudo o que me deste vem de ti. 8Pois eu lhes transmiti as palavras que me deste, e eles as aceitaram. Eles reconheceram de fato que vim de ti e creram que me enviaste. 9Eu rogo por eles. Não estou rogando pelo mundo, mas por aqueles que me deste, pois são teus. 10Tudo o que tenho é teu, e tudo o que tens é meu. E eu tenho sido glorificado por meio deles. 11Não ficarei mais no mundo, mas eles ainda estão no mundo, e eu vou para ti. Pai santo, protege-os em teu nome, o nome que me deste, para que sejam um, assim como somos um. 12Enquanto estava com eles, eu os protegi e os guardei no nome que me deste. Nenhum deles se perdeu, a não ser aquele que estava destinado à perdição17.12 Grego: a não ser o filho da perdição., para que se cumprisse a Escritura.

13“Agora vou para ti, mas digo estas coisas enquanto ainda estou no mundo, para que eles tenham a plenitude da minha alegria. 14Dei-lhes a tua palavra, e o mundo os odiou, pois eles não são do mundo, como eu também não sou. 15Não rogo que os tires do mundo, mas que os protejas do Maligno. 16Eles não são do mundo, como eu também não sou. 17Santifica-os na verdade; a tua palavra é a verdade. 18Assim como me enviaste ao mundo, eu os enviei ao mundo. 19Em favor deles eu me santifico, para que também eles sejam santificados pela verdade.

Jesus Ora por Todos os Crentes

20“Minha oração não é apenas por eles. Rogo também por aqueles que crerão em mim, por meio da mensagem deles, 21para que todos sejam um, Pai, como tu estás em mim e eu em ti. Que eles também estejam em nós, para que o mundo creia que tu me enviaste. 22Dei-lhes a glória que me deste, para que eles sejam um, assim como nós somos um: 23eu neles e tu em mim. Que eles sejam levados à plena unidade, para que o mundo saiba que tu me enviaste, e os amaste como igualmente me amaste.

24“Pai, quero que os que me deste estejam comigo onde eu estou e vejam a minha glória, a glória que me deste porque me amaste antes da criação do mundo.

25“Pai justo, embora o mundo não te conheça, eu te conheço, e estes sabem que me enviaste. 26Eu os fiz conhecer o teu nome e continuarei a fazê-lo, a fim de que o amor que tens por mim esteja neles, e eu neles esteja”.