Yesaia 66 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 66:1-24

Atemmu Ne Anidaso

1Sɛɛ na Awurade se:

“Ɔsoro yɛ mʼahengua,

na asase yɛ me nan ntiaso.

Ofi a wubesi ama me no wɔ he?

Ɛhe na ɛbɛyɛ me homebea?

2Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa,

na ɛma ɛbae ana?”

Awurade na ose.

“Obi a mʼani sɔ no ni:

nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom,

na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.

3Nanso obi a ɔde nantwinini bɔ afɔre no

saa onipa no ara kum nnipa,

na nea ɔma oguamma no,

saa onipa no ara bu ɔkraman kɔn mu;

nea ɔbɔ aduan afɔre no

saa onipa no ara de prako mogya bɔ afɔre,

nea ɔhyew nnuhuam a ɛwɔ din no

saa onipa no ara som ɔbosom.

Wɔafa wɔn ankasa akwan

na wɔn akra ani gye wɔn akyiwade ho;

4enti me nso mɛpɛ ayayade ayɛ wɔn

na mede nea wosuro bɛba wɔn so.

Efisɛ mefrɛe no, obiara annye so,

mekasae no, obiara antie.

Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so

na wɔyɛɛ nea mempɛ.”

5Muntie Awurade asɛm,

mo a mote nʼasɛm a mo ho popo:

“Mo nuanom mmarima a wɔtan mo,

na me din nti wotwa mo gyaw no, aka se,

‘Momma wɔnhyɛ Awurade anuonyam,

na yɛahu mo anigye!’

Nanso wɔn anim begu ase.

6Muntie huuyɛ a efi kuropɔn no mu,

muntie gyegyeegye a efi asɔredan no mu!

Ɛyɛ Awurade nnyigyei

a ɔde retua nʼatamfo ka sɛnea ɛfata wɔn.

7“Ansa na ɔbea bɛkyem no,

ɔwo;

ansa na ɔbɛte awoyaw no

ɔwo ɔbabarima.

8Hena na wate biribi sɛɛ ho asɛm pɛn?

Hena na wahu biribi sɛɛ pɛn?

Wobetumi de da koro akyekyere ɔmansin,

anaa ɔman mu, bere sin bi mu ana?

Nanso awo ka Sion ara pɛ a

ɔwo ne mma.

9Mede obi bedu awoko ano a

memma no nwo ana?” Sɛnea Awurade se ni.

“Misiw awotwaa ano

bere a awo adu so ana?” Wo Nyankopɔn na ose.

10Mo ne Yerusalem ani nnye na munni ahurusi mma no,

mo a modɔ no nyinaa;

mo ne no nsɛpɛw mo ho yiye,

mo a mudi ne ho awerɛhow nyinaa.

11Mubenum nʼawerɛkyekye nufu

no amee;

mobɛnom aboro so

na mo ani begye nea abu so atra so no ho.

12Na sɛɛ na Awurade se:

“Mede asomdwoe bɛma no sɛ asubɔnten,

ne amanaman no ahonya nso sɛ asuten a ayiri.

Mubenum na waturu mo wɔ ne basa so

na obegyigye mo agoru wɔ nʼanankoroma so.

13Sɛnea ɛna kyekye ne ba werɛ no

saa ara na mɛkyekye mo werɛ;

na mubenya awerɛkyekye wɔ Yerusalem.”

14Sɛ muhu eyi a, mo koma ani begye

na mobɛyɛ frɔmfrɔm sɛ sare;

wobehu Awurade nsa wɔ ne nkoa so,

nanso wobehu nʼabufuwhyew wɔ nʼatamfo so.

15Hwɛ, Awurade de ogya reba,

na ne nteaseɛnam te sɛ mfɛtɛ;

ɔde nʼabufuw bɛba wɔ anibere so,

na ɔde gyaframa ayɛ nʼanimka.

16Ogya ne nʼafoa,

na Awurade de bebu nnipa nyinaa atɛn,

na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.

17“Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho de kɔ nturo mu, na wodi ɔbaako a ɔfra wɔn a wɔwe mprakonam ne akisi ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade akyi no, wɔbɛbɔ mu ahu wɔn awiei,” sɛnea Awurade se ni.

18“Esiane wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii nti, Me, mereba abɛboaboa amanaman ne ɔkasa ahorow ano, na wɔbɛba abehu mʼanuonyam.

19“Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne bi wɔ wɔn mu, na mede nkae no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafo ne Lidiafo (wɔn a wɔagye din wɔ agyantow mu), Tubal ne Helafo, ne asupɔw a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wonhuu mʼanuonyam no. Wɔbɛpae mu aka mʼanuonyam wɔ amanaman mu. 20Na wɔde mo nuabarimanom nyinaa befi amanaman nyinaa so bɛba me bepɔw kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ, afɔrebɔde ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so bɛba,” sɛɛ na Awurade se. “Wɔde wɔn bɛba sɛnea Israelfo de wɔn aduan afɔre kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ho tew mu. 21Na meyi wɔn mu bi ayɛ asɔfo ne Lewifo,” Awurade, na ose!

22“Sɛnea ɔsorosoro foforo ne asase foforo bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefo bɛtena hɔ,” sɛnea Awurade se ni. 23“Efi Ɔsram Foforo baako kɔpem foforo, efi Homeda baako kosi foforo no, adesamma nyinaa bɛba abɛkotow me,” sɛnea Awurade se ni. 24“Na wobefi adi akohu wɔn a wɔtew atua tiaa me no afunu; wɔn asunson renwu, na wɔn gya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adesamma nyinaa nwini.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 66:1-24

耶和华的审判

1耶和华说:

“天是我的宝座,

地是我的脚凳,

你们要为我造怎样的殿宇?

哪里可作我的安歇之处?

2一切都是我亲手创造的。

这是耶和华说的。

我看顾谦卑、悔过、

对我的话心存敬畏的人。

3“至于那些任意妄为、以行可憎之事为乐、宰牛就像杀人、

献羊羔就像打断狗颈、

献谷物就像献猪血、

烧香就像颂赞偶像的人,

4我必重重地惩罚他们,

使他们遭遇自己害怕的事。

因为我呼唤,无人回应;

我讲话,无人聆听。

他们做我视为恶的事,

专行令我不悦的事。”

5对耶和华的话心存敬畏的人啊,要听祂的话:

“你们的弟兄憎恨你们,

因为我的缘故而弃绝你们,

他们讥讽说,

‘愿耶和华得荣耀,

我们好看看你们的欢乐!’

他们必受羞辱。

6城中传出喧闹声,

殿中也传出声音,

这是耶和华报应祂仇敌的声音。

7锡安还没有阵痛就分娩,

还没有感到产痛就生下男婴。

8谁曾听过看过这样的事?

一个国家能一日而生吗?

一个民族能在刹那间产生吗?

然而锡安刚开始分娩就生下了儿女。”

9耶和华说:“我既使她临产,

难道不让她分娩吗?”

你的上帝说:“我既使她生产,

难道封闭她的胎吗?

10“爱耶路撒冷的人啊,

要与她一同欢喜,为她高兴。

为她悲哀的人啊,

要与她尽情欢乐。

11你们必在她舒适的怀抱里得到满足,

如婴儿欢快地在母亲怀中吮吸充足的奶汁。”

12耶和华说:

“看啊,我赐给她的平安如川流不息的江河,

使万国的滚滚财富都归给她。

你们必被她抱在怀中,

摇在膝上。

13母亲怎样抚慰孩子,

我也怎样抚慰你们,

使你们在耶路撒冷得到安慰。”

14你们见到这些事,必满心欢喜,

身体如青草一样充满活力。

耶和华必向祂的仆人彰显大能,

向祂的仇敌发怒。

15看啊,耶和华要在火中降临,

祂的战车好像旋风。

祂要发烈怒,用火焰惩罚。

16因为耶和华要用火和剑审判世人,杀死许多人。

17耶和华说:“那些奉献自己、洁净自己的人一个接一个进园中祭拜假神,又吃猪肉、老鼠及其他可憎之物,他们必一同灭亡。 18我知道他们的所作所为和所思所想。我要召集万邦万民,使他们看见我的荣耀。 19我要在他们中间行神迹,我要派一些生还者到他施普勒路德米设罗施土巴雅完各国,以及那些没有听过我名声也没有见过我荣耀的遥远海岛,在列国传扬我的荣耀。 20他们必骑着马、驾着车、坐着轿、骑着骡子或骆驼,把你们的弟兄从各国带到我的圣山耶路撒冷,作为供物献给耶和华,好像以色列人用洁净的器皿把素祭带到耶和华的殿中。这是耶和华说的。” 21耶和华说:“我要在他们中间立一些人做祭司和利未人。”

22耶和华说:“正如我造的新天新地在我面前长存,

你们的名字和后裔也必长存。

23每逢朔日和安息日,

世人都必来敬拜我。

这是耶和华说的。

24他们必出去观看那些背叛我之人的尸体,

因为咬他们的虫永远不死,

烧他们的火永远不灭,

世人都必厌恶他们。”