Yesaia 60 – AKCB & OL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 60:1-22

Sion Anuonyam

1“Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba,

na Awurade anuonyam apue wo so.

2Hwɛ, sum akata asase so

na sum kabii akata aman no so,

nanso Awurade apue wo so

na nʼanuonyam ada adi wɔ wo so.

3Amanaman bɛba wo hann no mu,

na Ahemfo bɛba wo adekyee hann no mu.

4“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia:

wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn;

wo mmabarima fifi akyirikyiri,

na wokura wo mmabea wɔ abasa so.

5Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew,

wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma;

ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo,

na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn.

6Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma,

yomaforo a wufi Midian ne Efa.

Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba,

wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuam

na wɔpae mu ka Awurade ayeyi.

7Wɔbɛboaboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo,

Nebaiot adwennini bɛsom wo;

wobegye wɔn sɛ afɔrebɔde wɔ mʼafɔremuka so,

na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no anuonyam.

8“Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum,

te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn berebuw mu yi?

9Ampa ara asupɔw no ani da me so;

Tarsis ahyɛn na wodi anim,

wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba,

wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ,

de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam,

Israel Kronkronni No,

efisɛ wahyɛ wo anuonyam.

10“Ananafo bɛto wʼafasu no bio,

na wɔn ahemfo bɛsom wo.

Ɛwɔ mu, mede abufuw asɛe wo de,

nanso menam adom so behu wo mmɔbɔ.

11Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara,

wɔrentoto mu awia anaa anadwo,

sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo,

wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim.

12Na ɔman anaa ahenni a wɔrensom wo no bɛyera,

wɔbɛsɛe no pasaa.

13“Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn,

ɔpepaw, ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔre bɛbɔ mu,

abesiesie me kronkronbea hɔ;

na mɛhyɛ beae a me nan sisi no anuonyam.

14Wo nhyɛsofo mmabarima bɛba abɛkotow wo;

wɔn a wobu wo animtiaa nyinaa bɛkotow wʼanan ase

na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn,

Israel Kronkronni, Sion.

15“Ɛwɔ mu, wɔapa wʼakyi atan wo,

a obiara ntu kwan mfa wo mu,

nanso mɛyɛ wo ahohoahoade a ɛte hɔ daa

ne awo ntoatoaso nyinaa anigyede.

16Wobɛnom amanaman nufusu no

na woanum adehye nufu.

Afei wubehu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa,

wo gyefo, Yakob Tumfo no.

17Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo,

na dwetɛ asi dade anan mu.

Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo,

na dade asi abo anan mu.

Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amrado

na trenee ayɛ wo sodifo.

18Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio,

anaa nnwiriwii ne ɔsɛe wɔ wʼahye so

mmom wobɛfrɛ wʼafasu se Nkwagye

ne wʼapon se Ayeyi.

19Owia renyɛ wo hann adekyee mu bio

na ɔsram hann renhyerɛn wo so,

efisɛ Awurade bɛyɛ wo daapem hann,

na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam.

20Wo wia rentɔ bio,

wo sram rennum bio,

Awurade bɛyɛ wo daapem hann,

na wʼawerɛhownna to betwa.

21Na afei wo nkurɔfo nyinaa bɛyɛ atreneefo

na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ.

Wɔyɛ ade a madua na afefɛw

me nsa ano adwuma a

ɛbɛda mʼanuonyam adi.

22Mo mu akumaa koraa bɛdɔ ayɛ apem,

na aketewa no ayɛ ɔman kɛse.

Mene Awurade;

na ne bere mu, mɛyɛ eyi ntɛm so.”

O Livro

Isaías 60:1-22

A glória de Sião

1Levanta-te, meu povo! Que a tua luz brilhe para todas as nações verem! Porque a glória do Senhor está a irradiar de ti. 2Os outros povos da Terra serão cobertos por uma escuridão tão densa como a noite escura, mas a glória do Senhor resplenderá sobre ti. 3Então as nações virão para a tua luz; os reis se chegarão para verem o resplendor que te envolve.

4Levanta os olhos e vê! Os teus filhos e as tuas filhas estão a regressar vindos de terras bem longe. 5Os teus olhos cintilarão de contentamento e o teu coração estremecerá de emoção. Mercadores de todas as partes do mundo afluirão trazendo-te as riquezas de muitas terras. 6Grandes desfiles de camelos convergirão sobre ti; dromedários de Midiã, de Sabá e de Efá virão carregados de ouro e de incenso para oferecer, enquanto proclamam os louvores ao Senhor. 7Rebanhos inteiros de ovelhas de Quedar te serão dados; carneiros de Nabaiote serão oferecidos para o meu altar. O meu glorioso templo será exaltado nesse dia.

8E quem serão estes que voam como nuvens, como pombas correndo para os seus ninhos? 9Em mim esperam as ilhas; à frente vêm os grandes navios de Társis, para trazerem os filhos de Israel de novo para casa, vindos de muito longe, carregando todos os seus bens de prata e ouro, para glorificar o Senhor teu Deus. Porque o Santo de Israel, conhecido em todo o mundo, vos glorificou, vos honrou aos olhos de toda a gente.

10Virão estrangeiros edificar as vossas cidades, reis e presidentes enviar-vos-ão ajuda, porque apesar de vos ter destruído, na minha ira, terei agora misericórdia através da minha graça. 11Os portões das muralhas ficarão continuamente abertos de par em par, para poderem deixar passar todas essas riquezas que vos chegam do exterior, vindas das nações. Os governos dos países estrangeiros vos servirão. 12E aqueles que não quiserem ser vossos aliados, acabarão por perecer; virão a ser destruídos.

13“Será vossa a glória do Líbano, as florestas de faias, ciprestes e pinheiros, a fim de ornamentarem o meu santuário, o sítio onde descansam os meus pés. 14Até aqueles que vos afligiram virão e se inclinarão perante vocês! Chamar-te-ão Cidade do Senhor, a Sião do Santo de Israel.

15Ainda que tenham sido rejeitados, odiados e desprezados por toda a gente, tornar-se-ão agora prestigiados para sempre; serão bem vistos; serão os preferidos de todo o mundo, porque serei eu quem faz isso. 16Governos poderosos de grandes nações fornecerão o melhor dos seus produtos, para satisfazer as vossas necessidades. Vocês saberão, enfim, e compreenderão realmente que eu, o Senhor, sou o vosso Salvador, o vosso Redentor, o Poderoso de Jacob. 17Trocarei o vosso bronze por ouro, o vosso ferro por prata, a madeira por bronze e pedras por ferro. A paz e a justiça serão os princípios fundamentais das vossas leis de trabalho! 18Desaparecerá a violência da vossa terra! Não haverá mais guerra! As muralhas à vossa volta chamar-se-ão Salvação e os portões Louvor. 19Não precisarão mais nem do Sol nem da Lua para vos iluminarem, porque o Senhor, o vosso Deus, será a vossa luz eterna e a vossa glória. 20O vosso Sol nunca mais se porá! A Lua nunca mais se desvanecerá! O Senhor será a vossa luz para sempre! O vosso tempo de tristeza acabará! 21Toda a vossa população será gente justa. Possuirão a sua terra para sempre, visto que serei eu próprio a estabelecê-los ali, com as minhas próprias mãos, e isso será para mim uma glória. 22A mais pequena família se multiplicará formando um imenso grupo. A mais pequenina tribo se tornará numa grande nação. Eu, o Senhor, farei com que tudo isto aconteça, no tempo oportuno.