Yesaia 6 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 6:1-13

Yesaia Soma

1Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma. 2Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu. 3Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se,

“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;

Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”

4Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma.

5Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”

6Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn. 7Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.”

8Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?”

Na mekae se, “Mini. Soma me!”

9Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se,

“ ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase;

Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu.’

10Efisɛ mo, moapirim mo koma;

moasisiw mo aso,

akatakata mo ani.

Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade,

na mo koma ate asɛm ase,

na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”

11Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?”

Na obuae se,

“Enkosi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ amamfo

a nnipa ntete so,

enkosi sɛ afi no bɛyɛ afituw

na mfuw no asɛe ayɛ pasaa,

12enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyiri

na asase no ada mpan.

13Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so a

wɔbɛsɛe no bio.

Nso sɛnea dupɔn anaa odum

gyaw dunsin, bere a wɔatwa ato fam no,

saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsin wɔ asase no so.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以賽亞書 6:1-13

上帝呼召以賽亞

1烏西雅王駕崩那年,我看見主坐在高高的寶座上,衣袍下垂,覆蓋了聖殿。 2在祂上方侍立著撒拉弗天使,他們各有三對翅膀:一對遮臉,一對遮腳,一對飛翔。 3他們彼此呼喊:

「聖哉,聖哉,聖哉,

萬軍之耶和華!

祂的榮耀充滿大地。」

4他們的聲音震動聖殿的根基,聖殿裡煙雲彌漫。 5那時我說:「我有禍了!我要滅亡了!因為我口出不潔之言,又住在口出不潔之言的人群中,並且親眼看見了大君王——萬軍之耶和華。」 6有個撒拉弗天使用火鉗從祭壇上取了一塊燃燒的炭,飛到我面前, 7用炭碰我的嘴唇,說:「看啊,這炭碰了你的嘴唇,你的過犯已被除掉,你的罪惡已被赦免。」 8然後,我聽見主說:「我可以差遣誰呢?誰肯為我們去呢?」我說:「我在這裡,請差遣我!」 9祂說:「你去告訴以色列人,

『你們聽了又聽,卻不明白;

看了又看,卻不領悟。』

10要讓這些人心靈麻木,

耳朵發背,

眼睛昏花,

免得他們眼睛看見,

耳朵聽見,

心裡明白,

回心轉意,就得到醫治。」

11我說:「主啊,這要到什麼時候呢?」祂說:

「直到城邑荒涼,無人居住,房屋空置,

土地荒廢的時候。

12那時,我必把他們趕到遠方,

他們的土地必荒蕪。

13即使境內只剩下十分之一的人,

也必被消滅。

然而,就像砍掉松樹和橡樹後必留下樹墩,

這地方必有聖潔的苗裔存留下來。」