Yesaia 40 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 40:1-31

Onyankopɔn Nkurɔfo Awerɛkyekye

1Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ.

Saa na mo Nyankopɔn se.

2Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,

na mompae mu nka nkyerɛ no se

ne som dennen no aba awiei,

wɔatua ne bɔne no so ka,

na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho

afi Awurade nsam.

3Nne bi reteɛ mu se,

“Munsiesie ɔkwan mma Awurade

wɔ nweatam no so.

Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no so

mma yɛn Nyankopɔn.

4Obon biara bɛyɛ ma,

bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam,

asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,

na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.

5Na Awurade anuonyam bɛda adi,

na nnipa nyinaa behu.

Efisɛ Awurade na waka!”

6Nne bi kae se, “Teɛ mu.”

Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?”

“Nnipa nyinaa te sɛ sare,

na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren.

7Sare hyew, na nhwiren twintwam

efisɛ Awurade ahomegu fa wɔn so.

Nokware, nnipa no yɛ sare.

8Sare hyew, na nhwiren twintwam,

nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”

9Wo a wode asɛm pa reba Sion,

foro kɔ bepɔw tenten bi so.

Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,

ma wo nne so na teɛ mu,

ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkurow se,

“Mo Nyankopɔn ni!”

10Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,

na nʼabasa bedi hene ama no.

Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,

na ɔde nʼabasobɔde nam.

11Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo.

Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa so

oturu wɔn ne koko so;

na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.

12Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsam

anaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro?

Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu,

anaa wakari mmepɔw wɔ nsania so

ne nkoko wɔ nsania apampaa so?

13Hena na wate Awurade ase,

anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo?

14Hena na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,

na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no?

Hena na ɔmaa no nimdeɛ

anaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan?

15Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu;

wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho;

ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.

16Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya,

na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde.

17Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;

obu wɔn adehunu bi

a wɔnka hwee.

18Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?

Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto?

19Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ,

na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu ho

na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.

20Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma no

kɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw.

Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo

na wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ.

21Wunnim ana?

Wontee ana?

Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana?

Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana?

22Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifi

ɛso nnipa te sɛ tɛwtɛw

ɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii,

na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu.

23Ɔma ahemmea yɛ nnipahunu

na wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase.

24Wɔtɛw wɔn ara pɛ,

woduaa wɔn ara pɛ,

wogyee ntin wɔ asase mu pɛ,

na wahome agu wɔn so ama wɔakisa,

na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.

25“Hena ho na wode me bɛto?

Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose.

26Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:

Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?

Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,

na ɔbɔ obiara din frɛ no.

Nʼahoɔden ne ne tumi nti

wɔn mu baako mpo nyera.

27Adɛn na wunwiinwii, Yakob,

na woka se, Israel,

“Mʼakwan ahintaw Awurade;

na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?

28Wunnim ana?

Wontee ana?

Awurade yɛ daapem Nyankopɔn,

na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.

Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,

na ne nhumu nni nhwehwɛmu.

29Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden

nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.

30Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,

na mmerante hintihintiw hwehwe ase;

31Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

benya ahoɔden foforo.

Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim;

wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.

Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 40:1-31

የእግዚአብሔርን ሕዝብ የሚያጽናና ቃል

1አጽናኑ፤ ሕዝቤን አጽናኑ፤

ይላል አምላካችሁ።

2ለኢየሩሳሌም አለዝባችሁ ንገሯት፤

ዐውጁላትም፤

በባርነት ያገለገለችበት ዘመን አብቅቷል፤

የኀጢአቷም ዋጋ ተከፍሏል፤

ስለ ኀጢአቷ ሁሉ ከእግዚአብሔር እጅ

ሁለት ዕጥፍ ተቀብላለች።

3የዐዋጅ ነጋሪ ድምፅ እንዲህ ይላል፤

የእግዚአብሔርን መንገድ፣

በምድረ በዳ አዘጋጁ፤

ለአምላካችን አውራ ጐዳና፣

በበረሓ አስተካክሉ።

4ሸለቆው ሁሉ ከፍ ይላል፤

ተራራውና ኰረብታው ሁሉ ዝቅ ይላል፤

ወጣ ገባው ምድር ይስተካከላል፤

ሰርጓጕጡም ሜዳ ይሆናል።

5የእግዚአብሔርም ክብር ይገለጣል፤

ሰው ሁሉ በአንድነት ያየዋል፤

የእግዚአብሔር አፍ ይህን ተናግሯልና።”

6ድምፅም፣ “ጩኽ” አለኝ፤

እኔም፣ “ምን ብዬ ልጩኽ?” አልሁ።

“ሰው ሁሉ እንደ ሣር ነው፤

ክብሩም ሁሉ እንደ ሜዳ አበባ ነው።

7ሣሩ ይደርቃል፤ አበባውም ይረግፋል፤

የእግዚአብሔር እስትንፋስ ነፍሶበታልና፤

ሕዝቡ በርግጥ ሣር ነው።

8ሣሩ ይደርቃል፤ አበባውም ይረግፋል፤

የአምላካችን ቃል ግን ለዘላለም ጸንቶ ይኖራል።”

9አንተ ለጽዮን የምሥራችን የምትነግር፤

ከፍ ወዳለው ተራራ ውጣ፤

አንተ ለኢየሩሳሌም ብሥራት የምትነግር፣40፥9 ወይም፣ ጽዮን ሆይ፤ የምሥራቹን የምታበሥሪ፣ ወደ ረዥም ተራራ ላይ ውጪ ወይም የምሥራቹን የምታበሥሪ ኢየሩሳሌም ሆይ

ድምፅህን ከፍ አድርገህ ጩኽ።

ከፍ አድርገው፤ አትፍራ፤

ለይሁዳም ከተሞች፣

“እነሆ፤ አምላካችሁ!” በል።

10እነሆ፤ጌታ እግዚአብሔር በኀይል

ይመጣል፤

ክንዱ ስለ እርሱ ይገዛል።

እነሆ፤ ዋጋው ከእርሱ ጋር ነው፤

የሚከፍለውም ብድራት አብሮት አለ።

11መንጋውን እንደ እረኛ ያሰማራል፤

ጠቦቶቹን በክንዱ ይሰበስባል፤

በዕቅፉም ይይዛቸዋል፤

የሚያጠቡትንም በጥንቃቄ ይመራል።

12ውሆችን በዕፍኙ የሰፈረ፣

ሰማያትን በስንዝሩ የለካ፣

የምድርን ዐፈር በመስፈሪያ ሰብስቦ የያዘ፣

ተራሮችን በሚዛን፣

ኰረብቶችንም በመድሎት የመዘነ ማነው?

13የእግዚአብሔርን መንፈስ የተረዳ፣

አማካሪውስ ሆኖ ያስተማረው ማነው?

14ዕውቀት ለማግኘት እግዚአብሔር ማንን አማከረ?

ትክክለኛውንስ መንገድ ማን አስተማረው?

ዕውቀትን ያስተማረው፣

የማስተዋልንም መንገድ ያሳየው ማን ነበር?

15እነሆ፤ አሕዛብ በገንቦ ውስጥ እንዳለች ጠብታ ናቸው፤

በሚዛን ላይ እንዳለ ትቢያ ይቈጠራሉ፤

ደሴቶችንም እንደ ደቃቅ ዐፈር ይመዝናቸዋል።

16ሊባኖስ ለመሠዊያ እሳት አትበቃም፤

የእንስሶቿም ቍጥር ለሚቃጠል መሥዋዕት ያንሳል።

17አሕዛብ ሁሉ በፊቱ እንደ ኢምንት ናቸው፤

ከምንም የማይቈጠሩ መና ናቸው።

18እንግዲህ፣ እግዚአብሔርን ከማን ጋር ታወዳድሩታላችሁ?

ከየትኛውስ ምስል ጋር ታነጻጽሩታላችሁ?

19የተቀረጸውንማ ምስል ባለ እጅ ይቀርጸዋል፤

ወርቅ አንጥረኛም በወርቅ ይለብጠዋል፤

የብር ሰንሰለትም ያበጅለታል።

20እንዲህ ያለውን መባ ማቅረብ የማይችል ምስኪን ድኻ፣

የማይነቅዝ ዕንጨት ይመርጣል፤

የማይወድቅ ምስልን ለማቆምም፣

ታዋቂ ባለሙያ ይፈልጋል።

21አላወቃችሁምን?

አልሰማችሁምን?

ከጥንት አልተነገራችሁምን?

ምድር ከተመሠረተች ጀምሮ አላስተዋላችሁምን?

22እርሱ ከምድር ክበብ በላይ በዙፋን ላይ ይቀመጣል፤

ሕዝቦቿም እንደ አንበጣ ናቸው።

ሰማያትን እንደ ድባብ ይዘረጋቸዋል፤

እንደ መኖሪያ ድንኳንም ይተክላቸዋል።

23አለቆችን ኢምንት፣

የዚህን ዓለም ገዦች እንዳልነበሩ ያደርጋቸዋል።

24ተተክለው ምንም ያህል ሳይቈዩ፣

ተዘርተው ምንም ያህል ሳይሰነብቱ፣

ገና ሥር መስደድ ሳይጀምሩ

አነፈሰባቸው፤ እነርሱም ደረቁ፤

ዐውሎ ነፋስም እንደ ገለባ ጠራርጎ ወሰዳቸው።

25ቅዱሱ፣ “ከማን ጋር ታወዳድሩኛላችሁ?

የሚስተካከለኝስ ማን አለ?” ይላል።

26ዐይናችሁን አንሡ፤ ወደ ሰማይ ተመልከቱ፤

እነዚህን ሁሉ የፈጠረ ማን ነው?

የከዋክብትን ሰራዊት አንድ በአንድ የሚያወጣቸው፣

በየስማቸው የሚጠራቸው እርሱ ነው።

ከኀይሉ ታላቅነትና ከችሎታው ብርታት የተነሣ፣

አንዳቸውም አይጠፉም።

27ያዕቆብ ሆይ፤ ለምን እንዲህ ትላለህ?

እስራኤል ሆይ፤ ለምን እንዲህ ትናገራለህ?

“መንገዴ ከእግዚአብሔር ተሰውራለች፤

ፍርዴም በአምላኬ ቸል ተብላለች” ለምን ትላለህ?

28አታውቅምን?

አልሰማህምን?

እግዚአብሔር የዘላለም አምላክ፣

የምድር ዳርቻ ፈጣሪ ነው።

አይደክምም፤ አይታክትም፤

ማስተዋሉም በማንም አይመረመርም።

29ለደከመው ብርታት ይሰጣል፤

ለዛለው ጕልበት ይጨምራል።

30ወጣቶች እንኳ ይደክማሉ፤ ይታክታሉም፤

ጐበዛዝትም ተሰናክለው ይወድቃሉ።

31እግዚአብሔርን ተስፋ የሚያደርጉ ግን፣

ኀይላቸውን ያድሳሉ፤

እንደ ንስር በክንፍ ይወጣሉ፤

ይሮጣሉ፤ አይታክቱም፤

ይሄዳሉ፤ አይደክሙም።