Yesaia 39 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 39:1-8

Asomafo A Wofi Babilonia

1Saa bere no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛde kɔmaa Hesekia, efisɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no. 2Hesekia gyee asomafo no fɛw so, na afei ɔde nea ɔwɔ wɔ ne adekoradan mu kyerɛɛ wɔn; dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam, ngohuam, nʼakode akorae ne biribiara a ɛka nʼademude ho. Biribiara nni nʼahemfi ne nʼahenni mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?”

Hesekia buae se, “Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”

4Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?”

Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”

5Afei Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie asɛm a efi Asafo Awurade nkyɛn: 6Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se. 7Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.”

8Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, “Saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso na ɔhene no redwene sɛ, ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ.