Yesaia 19 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 19:1-25

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho:

Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum mu

na ɔreba Misraim.

Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,

na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu.

2“Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako,

onua bɛko atia onua,

ɔyɔnko atia ɔyɔnko,

kuropɔn atia kuropɔn,

ahenni atia ahenni.

3Misraimfo no rennya abodwo,

na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa.

Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufo ahonhom,

samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn.

4Mede Misraim bɛhyɛ

owura tirimuɔdenfo tumi ase,

na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,”

sɛnea Asafo Awurade se ni.

5Nsubɔnten mu nsu bɛyow,

na konkɔn bɛwo ayɛ wosee.

6Nsuka beyi hua;

na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na ayow.

Demmire ne sare bekisakisa,

7Nil nsunoa nnua nso,

nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no.

Nil nsunoa so mfuw nyinaa

bɛwo wosee na awu koraa.

8Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo,

wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;

wɔn a wogu asau wɔ nsu no so

bedi awerɛhow.

9Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bebu,

wɔn a wɔnwen nwera no anidaso bɛsa.

10Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ

na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow.

11Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo;

Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne.

Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se,

“Meyɛ anyansafo no mu baako,

tete ahemfo no kyidifo?”

12Wʼanyansafo no wɔ he afei?

Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhu

nea Asafo Awurade

ahyehyɛ atia Misraim.

13Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo,

wɔadaadaa Memfis19.13 Na Memfis yɛ Misraim kuropɔn. akwankyerɛfo

ne nnipa no ntuano

ama Misraim afom kwan.

14Awurade ahwie

anisobiri honhom agu wɔn mu;

wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,

te sɛ nea ɔsabowfo tɔ ntintan wɔ ne fe ho no.

15Biribiara nni hɔ a Misraim betumi ayɛ,

sɛ eti anaa ɛto, abɛ anaa demmire.

16Saa da no, Misraimfo bɛyɛ sɛ mmea, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn nti.

18Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn.

19Saa da no, wobesi afɔremuka wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaedum wɔ ne hye so nso ama Awurade. 20Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn. 21Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so. 22Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ Awurade nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare.

23Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom. 24Saa da no Israel bɛto Misraim ne Asiria so sɛ abiɛsa, a ayɛ nhyira wɔ asase so. 25Na Asafo Awurade behyira wɔn, aka se, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 19:1-25

关于埃及的预言

1以下是关于埃及的预言:

看啊,耶和华驾着疾驰的云来到埃及

埃及的偶像在祂面前颤抖,

埃及人胆战心惊。

2“我必使埃及人彼此为敌——手足相残,

邻居互斗,城邑相争,

邦国互攻。

3埃及人必灰心丧志,

我必破坏他们的计谋。

他们必求问偶像、巫师、灵媒和术士。

4我必将埃及人交给一位残忍的主人,

一位暴君必统治他们。”

这是主——万军之耶和华说的。

5尼罗河必枯竭,

河床必干涸。

6河流必发臭,

埃及的河流逐渐枯竭。

芦荻和灯心草必枯死,

7尼罗河两岸青草枯黄,

田地龟裂,庄稼被风吹去,

荡然无存。

8所有在尼罗河下钩的渔夫都哀哭悲伤,

在河上撒网的人都伤痛。

9纺纱织布的人一筹莫展,

感到绝望。

10埃及的显贵都没落,

靠工钱维生的人都忧心忡忡。

11埃及王聪明的谋士——琐安的首领们变得愚不可及。

他们怎敢在埃及王面前自称是古圣先贤的子孙呢?

12埃及王啊,你的智者在哪里呢?

让他们把万军之耶和华对付埃及的计划告诉你吧!

13琐安的首领愚昧,

挪弗的首领糊涂。

他们是埃及的房角石,

却把埃及人引入歧途。

14耶和华使错谬的灵进入他们当中,

使他们像又呕又吐、东倒西歪的醉汉,

做什么都错误百出。

15埃及从首领到平民,

从权贵到草根必一筹莫展。

16到那日,当万军之耶和华挥拳惩罚的时候,埃及人必恐惧战抖,如柔弱的女子。 17他们必对犹大充满恐惧,一听见犹大的名字就害怕,因为万军之耶和华定下计划要对付他们。 18到那日,埃及必有五座城的人讲迦南的语言,并信奉万军之耶和华,其中有一座必叫灭亡城19:18 灭亡城”有些抄本作“太阳城”。

19到那日,埃及的中央必有一座为耶和华筑的祭坛,边境必有一根为耶和华立的石柱。 20这是万军之耶和华在埃及的记号和凭据。埃及人因受到欺压就呼求耶和华,祂必差遣一位救主保护、拯救他们。 21耶和华必向埃及人彰显自己。到那日,埃及人必认识祂,带着祭物和供品来敬拜祂,向祂许愿还愿。 22耶和华必击打他们,也必医治他们。他们必归向耶和华,祂必应允他们的祷告,医治他们。

23到那日,必有一条大道连接埃及亚述,两国人民可以互相往来,一同敬拜耶和华。 24到那日,以色列必与埃及亚述一同成为世人的祝福。 25万军之耶和华必赐福给他们,说:“我的子民埃及、我手中的杰作亚述、我的产业以色列都有福了!”