Yeremia 8 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 8:1-22

1“ ‘Saa bere no, sɛnea Awurade se ni, wobeyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfo nnompe, asɔfo ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn nna mu. 2Wɔbɛsɛw no kɛtɛ wɔ owia ne ɔsram ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔe, na wɔsomee, na wodii akyi kɔɔ so abisa na wɔsɔree no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn; mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam. 3Baabiara a metwa saa ɔman bɔne yi nkae no asu akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛnea Asafo Awurade se ni.’

Bɔne Ne Asotwe

4“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni:

“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre ana?

Sɛ onipa dan ne ho a, ɔnsan nʼakyi ana?

5Afei adɛn nti na saa nnipa yi adan wɔn ho?

Adɛn nti na Yerusalem dan ne ho daa yi?

Wokura nnaadaa mu pintinn;

na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.

6Mawɛn mʼaso atie,

nanso wɔnnka nea ɛteɛ.

Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumɔyɛ ho,

na ɔka se, “Dɛn na mayɛ?”

Obiara fa ne kwan

te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrepem akɔ akono.

7Mpo aturukuku a ɔwɔ wim

nim ne mmere a wɔahyehyɛ ama no,

na asukɔnkɔn, asomfena ne agyenkuku

hu bere a wotu kɔtena baabi,

nanso me nkurɔfo nnim

nea Awurade hwehwɛ.

8“ ‘Adɛn na mutumi ka se, “Yenim nyansa,

efisɛ yɛwɔ Awurade mmara,”

wɔ bere a akyerɛwfo kyerɛwdua torofo

de atoro adannan mu?

9Anyansafo no anim begu ase;

wɔn ho bedwiriw wɔn na afide ayi wɔn.

Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,

na nyansa bɛn na wɔwɔ?

10Mede wɔn yerenom bɛma mmarima afoforo

ne wɔn mfuw nso ama afoforo.

Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;

adiyifo ne asɔfo te saa,

wɔn nyinaa yɛ asisifo.

11Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru

te sɛnea ɛnyɛ hu.

Wɔka se, “Asomdwoe, asomdwoe”

wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.

12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?

Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;

wonnim fɛre mpo.

Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;

wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,

sɛnea Awurade se ni.

13“ ‘Mɛfa wɔn twabere nnɔbae akɔ,

nea Awurade se ni.

Aba biara remma bobe nnua no so.

Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,

ɛso nhaban begunguan.

Nea mede ama wɔn no,

wobegye afi wɔn nsam.’ ”

14Adɛn nti na yɛtete ha?

Mommoaboa mo ho ano!

Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ mu

na yenkowuwu wɔ hɔ!

efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abu yɛn kumfɔ

na wama yɛn nsu a awuduru wɔ mu sɛ yɛnnom,

efisɛ yɛayɛ bɔne atia no.

15Yɛhwɛɛ kwan sɛ yebenya asomdwoe

nanso biribi pa biara amfi mu amma,

yɛhwɛɛ ayaresabere kwan

nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.

16Wɔte atamfo no apɔnkɔ home

fii Dan;

na wɔn apɔnkɔnini su

ma asase no nyinaa wosow.

Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe

asase no ne so nneɛma nyinaa,

kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.

17“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ bɔre aba mo mu,

nhurutoa a wontumi nnwudwo wɔn,

na wɔbɛkeka mo,”

nea Awurade se ni.

18Wone mʼawerɛhow mu Werɛkyekyefo,

me koma abotow wɔ me mu.

19Tie me nkurɔfo sufrɛ;

a efi akyirikyiri asase so:

Awurade nni Sion ana?

Ne Hene no nni hɔ bio ana?”

“Adɛn nti na wɔde wɔn nsɛsode ahyɛ me abufuw,

wɔn ananafo ahoni huhuw no?”

20“Otwabere no atwa mu,

ahuhuru bere no aba awiei,

na wonnnyee yɛn nkwa.”

21Sɛ wɔadwerɛw me nkurɔfo no nti, wɔadwerɛw me;

midi awerɛhow, na ahodwiriw akyekyere me.

22Aduru bi nni Gilead ana?

Ɔyaresafo bi nni hɔ ana?

Na afei adɛn nti na ayaresa nni hɔ

mma me nkurɔfo apirakuru?

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 8:1-22

1耶和华说:“那时,犹大王、首领、祭司、先知及耶路撒冷居民的骸骨都要从坟墓中被挖出来, 2抛散在他们昔日恋慕、供奉、追随、求问、祭拜的日月星辰之下,无人收殓和埋葬,他们好像地上的粪便。 3我要把这邪恶民族的余民流放异地,他们在那里必痛不欲生。这是万军之耶和华说的。”

4耶和华吩咐我对犹大人说:

“人跌倒后难道不站起来吗?

人走错了路难道不回头吗?

5为什么耶路撒冷的居民一味地背叛我?

他们诡诈成性,不肯回头。

6我仔细听,没有人说实话,

没有人为自己的恶行后悔,说,

‘我做了可怕的事!’

人人一意孤行,

像战马直奔战场。

7天空的鹳鸟尚且知道来去的季节,

斑鸠、燕子和白鹤也遵守迁徙的时间,

但我的子民却不认识耶和华的法则。

8“你们怎能说,‘我们有智慧,

因为我们有耶和华的律法’?

事实上,律法教师撒谎的笔把律法篡改了。

9智者必蒙羞辱,受惊吓,

被捉拿。

看啊,他们既弃掉耶和华的话,

哪里还有智慧可言呢?

10因此,我要把他们的妻子和田地交给别人,

因为他们无论贵贱,

个个贪图不义之财;

无论是先知还是祭司,

都行为诡诈。

11他们敷衍了事地医治我子民的伤痛,说,

‘没事了,没事了!’

其实情况很糟。

12他们做可憎的事会羞愧吗?

不!他们不知廉耻,

毫不脸红。

因此,他们要与其他人一样灭亡,

死在我的惩罚下。

这是耶和华说的。

13我要彻底灭绝他们。

葡萄树必没有葡萄,

无花果树必没有果子,

树叶也要枯干,

我所赐给他们的都要被夺走。

这是耶和华说的。”

14他们说:“我们为什么还坐在这里?

大家一起进入坚城,死在那里吧!

我们的上帝耶和华要毁灭我们,

给我们毒药喝,

因为我们得罪了祂。

15我们期待平安,

却没有平安;

渴望得到医治,

却饱受惊吓。

16“从传来敌人战马的嘶鸣,

声音震动大地。

他们要来吞灭我们的土地和作物、城邑和居民。

17“看啊,我要派毒蛇去咬你们,

法术无法制服它们。”

这是耶和华说的。

18我有无限忧愁,伤心欲绝。

19听啊!远处传来我同胞的哀鸣:

“难道耶和华不在锡安了吗?

难道她的王不在她那里了吗?”

耶和华说:“他们为什么供奉雕刻的神像和外族无用的偶像,惹我发怒?”

20他们说:“麦收已完,

夏季已过,

但我们还未得救。”

21同胞的创伤令我伤心欲绝,

痛苦万分,

惊慌失措。

22难道基列没有药物、

没有医生吗?

为什么我同胞的创伤至今未愈?