Yeremia 49 – AKCB & CST

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 49:1-39

Asɛm A Ɛfa Amon Ho

1Nea ɛfa Amonfo ho:

Sɛɛ na Awurade se:

“Israel nni mmabarima ana?

Onni wɔn a wobedi nʼade?

Ɛno de adɛn nti na Molek afa Gad ayɛ ne de yi?

Adɛn nti na ne nkurɔfo tete ne nkurow mu?

2Nanso nna no reba,”

Awurade na ose.

“Bere a mɛbobɔ mu de afrɛ ɔko

atia Raba a ɛyɛ Amonfo de;

ɛbɛyɛ afabo siw,

wɔbɛto nkuraa a atwa ne ho ahyia no mu gya.

Na Israel bɛpam wɔn a

wɔpam no no,”

sɛɛ na Awurade se.

3“Twa adwo. Hesbon, efisɛ wɔasɛe Ai!

Monteɛ mu, mo a mowɔ Raba!

Mumfura ayitam na munni awerɛhow;

mommɔ nnyenyen wɔ afasu no mu,

efisɛ Molek bɛkɔ nnommum mu,

ɔne nʼasɔfo ne nʼadwumayɛfo.

4Adɛn nti na wode wʼabon ahorow no hoahoa wo ho,

wʼabon a wunya mu aba bebree no nti?

Amon Babea a Onni nokware,

wode wo ho to wʼahonya so na woka se,

‘Hena na ɔbɛtow ahyɛ me so?’

5Mede ehu bɛba wo so,

ebefi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,”

Awurade na ose, Asafo Awurade no.

“Wɔbɛpam mo nyinaa,

na obiara remmoaboa akobɔfo ano.

6“Nanso akyiri no, mɛsan de Amonfo adenya ama wɔn,”

sɛe na Awurade se.

Asɛm A Ɛfa Edom Ho

7Nea ɛfa Edom ho:

Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“Nyansa nni Teman bio ana?

Afotu ayera wɔ anyansafo mu ana?

Wɔn nyansa no aporɔw ana?

8Monnan mo ho na munguan,

monkɔtetɛw abodan a mu dɔ mu,

mo a motete Dedan,

efisɛ mede amanehunu bɛba Esau so

wɔ bere a mɛtwe nʼaso no.

9Sɛ bobetetewfo no baa mo nkyɛn a

anka wɔrennya bobe no kakra ana?

Sɛ akorɔmfo baa ɔdasu mu a,

anka wɔrenwia ade dodow a wɔpɛ ana?

10Na mɛma Esau ada adagyaw.

Mɛda ne hintabea ahorow adi,

sɛnea ɔrentumi mfa ne ho nhintaw.

Ne mma, nʼabusuafo ne ne mfɛfo bewuwu,

na wɔrenhu no bio.

11Munnyaw mo ayisaa, mɛbɔ wɔn nkwa ho ban.

Mo akunafo nso betumi de wɔn ho ato me so.”

12Nea Awurade se ni: “Sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔmfata sɛ wɔnom kuruwa no nom a, ɛno de adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso na mobɛnom nso. 13Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiriwde, ahohorade ne nnome; na ne nkurow nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ose.

14Mate asɛm a efi Awurade nkyɛn:

wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no se,

“Mommoaboa mo ho ano nkɔtow nhyɛ no so!

Monsɔre nkɔ ɔko!”

15“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu,

na wɔabu wo animtiaa.

16Ehu a wobɔ

ne koma mu ahomaso adaadaa wo,

wo a wote abotan ntokuru mu,

na wote koko no sorɔnsorɔmmea.

Ɛwɔ mu, woyɛ wo berebuw wɔ sorosoro sɛ ɔkɔre de,

nanso hɔ na mefi de wo aba fam,”

Awurade na ose.

17“Edom bɛyɛ ahodwiriwde;

wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw

esiane nʼapirakuru nyinaa nti.

18Sɛnea wɔdan Sodom ne Gomora

ne wɔn nkurow gui no,”

Awurade na ose,

“saa ara na obiara rentena hɔ;

onipa biara rentena mu.

19“Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu

rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,

saa ara na mɛtaa Edom afi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu.

Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi?

Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi?

Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”

20Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Edom,

nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman ni:

Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ;

wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.

21Wɔn asehwe nnyigyei bɛma asase awosow;

wɔn nteɛteɛmu gyegyeegye akodu Po Kɔkɔɔ ho.

22Monhwɛ! Ɔkɔre bi betu akɔ soro na wabɔ hoo aba fam a

watrɛtrɛw ne ntaban mu wɔ Bosra so.

Saa da no Edom dɔmmarima koma

betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.

Asɛm A Ɛfa Damasko Ho

23Nea ɛfa Damasko ho:

“Hamat ne Arpad di yaw,

efisɛ wɔate asɛmmɔne.

Wɔn koma abotow

te sɛ po a ayɛ hagyahagya.

24Damasko ayɛ mmerɛw,

wayɛ sɛ ɔrebeguan

wabɔ huboa;

ahoyeraw ne ɔyaw akyekyere no,

ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a, ɔrekyem wɔ awo so.

25Adɛn nti na wonnyaw kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ,

kurow a mʼani gye mu?

26Ampa ara ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so;

wɔbɛma nʼasraafo nyinaa aka wɔn ano ato mu saa da no,”

sɛɛ na Asafo Awurade se.

27“Mede ogya bɛto Damasko afasu mu;

na ɛbɛhyew Ben-Hadad aban.”

Asɛm A Ɛfa Kedar Ne Hasor Ho

28Nea ɛfa Kedar ne Hasor ahenni, a Babiloniahene Nebukadnessar tow hyɛɛ so no.

Sɛɛ na Awurade se:

“Sɔre na kɔtow hyɛ Kedar so

na sɛe nnipa a wɔwɔ apuei fam no.

29Wɔbɛfa wɔn ntamadan ne wɔn nguankuw;

wɔbɛfa wɔn nkataso,

ne wɔn ho nneɛma ne yoma akɔ.

Nnipa bɛteɛteɛ mu se,

‘Ehu wɔ baabiara!’

30“Munguan nkɔ ntɛmntɛm!

Monhyehyɛ abodan a mu dɔ mu, mo a motete Hasor,”

Awurade na ose.

“Babiloniahene Nebukadnessar apam mo ti so;

wayɛ nhyehyɛe a etia mo.

31“Sɔre kɔtow hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ,

ɔman a wɔte ahotoso mu,”

Awurade na ose,

“ɔman a wonni apon anaa akwanside;

na emu nnipa nko ara na wɔte.

32Wɔn mfurum bɛyɛ asade,

na wɔn anantwikuw akɛse no bɛyɛ asade.

Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no,

na mede amanehunu befi afa nyinaa aba wɔn so,”

Awurade na ose.

33“Hasor bɛyɛ ahade ama adompo,

ɛbɛda mpan afebɔɔ.

Obiara rentena hɔ;

onipa biara rentena mu.”

Asɛm A Ɛfa Elam Ho

34Eyi ne asɛm a, efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedi mfiase: 35Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“Hwɛ mebubu Elam agyan mu,

nea wɔn ahoɔden gyina so no.

36Mede mframa anan no bɛba Elam so

afi ɔsorosoro afanan;

mɛbɔ wɔn ahwete mframa anan no mu,

na ɔman biara nni hɔ a

Elam atubrafo renkɔ so.

37Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfo anim,

wɔ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no anim;

mede amanehunu bɛba wɔn so

mpo mʼabufuwhyew no,”

Awurade na ose.

“Mede afoa bɛtaa wɔn

kosi sɛ, mewie wɔn korakora.

38Mesi mʼahengua wɔ Elam

na masɛe ne hene ne nʼadwumayɛfo,”

Awurade na ose.

39“Nanso mɛsan de Elam adenya ama no

nna a ɛreba no mu,”

Awurade na ose.

Nueva Versión Internacional (Castilian)

Jeremías 49:1-39

Mensaje para Amón

1Así dice el Señor acerca de los amonitas:

«¿Acaso Israel no tiene hijos?

¿Acaso no tiene herederos?

¿Por qué el dios Moloc49:1 Moloc. Lit. Malcán; es decir, Milcón. Alt. su rey. También en v. 3. ha heredado Gad,

y su pueblo vive en sus ciudades?

2Vienen días —afirma el Señor

en que yo haré resonar el grito de guerra

contra Rabá de los amonitas;

y se convertirá en un montón de ruinas,

y sus ciudades serán incendiadas.

Entonces Israel despojará de todo

a los que de todo la despojaron

—afirma el Señor—.

3»¡Gime, Hesbón, porque Hai ha sido destruida!

¡Gritad, hijas de Rabá!

¡Vestíos de luto, y haced lamentación;

corred de un lado a otro, dentro de los muros!,

porque Moloc se marcha al destierro,

junto con sus sacerdotes y oficiales.

4¿Por qué te jactas de tus valles,

de tus fértiles valles,

hija rebelde, que confías en tus tesoros

y dices: “¿Quién me atacará?”?

5Voy a hacer que te acose

el terror por todas partes

—afirma el Señor Todopoderoso—.

Todos seréis expulsados, cada uno por su lado,

y nadie reunirá a los fugitivos.

6»Pero, después de esto,

cambiaré la suerte de los amonitas»,

afirma el Señor.

Mensaje para Edom

49:9-10Abd 5-6

49:14-16Abd 1-4

7Así dice el Señor Todopoderoso acerca de Edom:

«¿Ya no hay sabiduría en Temán?

¿Se acabó el consejo de los inteligentes?

¿Acaso se ha echado a perder su sabiduría?

8Habitantes de Dedán:

¡Huid, volveos atrás!

¡Escondeos en lo más profundo de la tierra!

Yo provocaré un desastre sobre Esaú,

pues le llegó la hora del castigo.

9Si los vendimiadores llegaran a ti,

¿no te dejarían algunos racimos?

Si de noche llegaran ladrones,

¿no se llevarían solo lo que pudieran?

10Pero yo despojaré por completo a Esaú;

descubriré sus escondites, y no podrá ocultarse.

Sus hijos, parientes y vecinos,

serán destruidos y dejarán de existir.

11¡Abandona a tus huérfanos,

que yo les protegeré la vida!

¡Tus viudas pueden confiar en mí!»

12Así dice el Señor: «Los que no estaban condenados a beber la copa de castigo la bebieron. ¿Y acaso tú vas a quedarte sin castigo? ¡De ninguna manera quedarás impune, sino que también beberás de esa copa! 13Juro por mí mismo —afirma el Señor—, que Bosra se convertirá en objeto de maldición, y en horror, oprobio y desolación. Para siempre quedarán en ruinas todas sus ciudades».

14He oído un mensaje del Señor.

Un heraldo lo anuncia entre las naciones:

«¡Reuníos, atacad a la ciudad!

¡Preparaos para la guerra!»

15«Te haré pequeño entre las naciones,

menospreciado entre los hombres.

16Tú, que habitas en las hendiduras de las rocas;

tú, que ocupas las alturas de los montes:

fuiste engañado por el terror que infundías

y por el orgullo de tu corazón.

Aunque pongas tu nido tan alto como el del águila,

desde allí te haré caer

—afirma el Señor—.

17Tan espantosa será la caída de Edom

que todo el que pase junto a la ciudad

quedará pasmado al ver todas sus heridas.

18Será como en la destrucción de Sodoma y Gomorra

y de sus ciudades vecinas;

nadie volverá a vivir allí,

ni la habitará ningún ser humano

—afirma el Señor—.

19»Como león que sale de los matorrales del Jordán

hacia praderas de verdes pastos,

en un instante espantaré de su tierra a los de Edom,

y sobre ellos nombraré a mi elegido.

Porque, ¿quién como yo?

¿Quién me puede desafiar?

¿Qué pastor se me puede oponer?»

20Por eso, escuchad el plan que el Señor

ha fraguado contra Edom;

escuchad lo que tiene proyectado

contra los habitantes de Temán:

Serán arrastrados

los más pequeños del rebaño;

por causa de ellos

sus praderas quedarán asoladas.

21Tiembla la tierra

por el estruendo de su caída;

hasta en el Mar Rojo

resuenan sus gritos.

22Remonta el vuelo el enemigo,

se desliza como un águila,

extiende sus alas sobre Bosra.

En aquel día se angustiarán los valientes de Edom,

como se angustia una mujer de parto.

Mensaje para Damasco

23Mensaje acerca de Damasco:

«Jamat y Arfad están desconcertadas,

pues ya saben de la mala noticia.

Naufragan en el mar de la angustia,

y no pueden calmarse.

24Damasco desfallece;

trató de huir, pero la dominó el pánico.

Se halla presa de la angustia y el dolor,

como si estuviera de parto.

25¿Por qué no ha sido abandonada

la ciudad famosa, la que era mi delicia?

26En aquel día sus jóvenes

quedarán tendidos en las calles;

¡perecerán todos sus soldados!

—afirma el Señor Todopoderoso—.

27Prenderé fuego al muro de Damasco,

y los palacios de Ben Adad serán consumidos».

Mensaje para Cedar y Jazor

28Así dice el Señor acerca de Cedar y de los reinos de Jazor que fueron atacados por Nabucodonosor, rey de Babilonia:

«¡Vamos, atacad a Cedar!

¡Destruid a esa gente del oriente!

29Sus tiendas y rebaños les serán arrebatados,

se llevarán sus toldos, bienes y camellos.

La gente les gritará:

“¡Cunde el terror por todas partes!”

30»¡Huid, habitantes de Jazor!

Escapad ya, escondeos

en lo más profundo de la tierra

—afirma el Señor—.

Nabucodonosor, rey de Babilonia,

maquina planes contra vosotros;

contra vosotros ha diseñado un plan.

31»¡Vamos, atacad a esta nación indolente

que vive del todo confiada,

nación que no tiene puertas ni cerrojos,

y que vive muy aislada!

—afirma el Señor—.

32Sus camellos serán el botín,

y su numeroso ganado, el despojo.

Dispersaré a los cuatro vientos

a los que se rapan las sienes;

de todas partes les traeré su ruina

—afirma el Señor—.

33Jazor se convertirá en una guarida de chacales,

en un lugar desolado para siempre.

Ningún ser humano vivirá allí,

nadie habitará en ese lugar».

Mensaje para Elam

34La palabra del Señor acerca de Elam vino al profeta Jeremías al comienzo del reinado de Sedequías, rey de Judá.

35Así dice el Señor Todopoderoso:

«Voy a quebrar el arco de Elam;

voy a acabar con lo mejor de su poderío.

36Voy a desatar contra Elam los cuatro vientos

desde los cuatro confines de la tierra.

Los voy a esparcir por los cuatro vientos,

y no quedará nación alguna

adonde no lleguen sus desterrados.

37Aterraré a Elam frente a sus enemigos,

frente a los que atentan contra su vida;

desataré mi ardiente ira,

y traeré sobre ellos calamidad

—afirma el Señor—.

Haré que la espada los persiga

hasta que los haya exterminado.

38Estableceré mi trono en Elam,

y destruiré a su rey y a sus oficiales

—afirma el Señor—.

39»Pero en los días venideros

cambiaré la suerte de Elam»,

afirma el Señor.