Yeremia 39 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 39:1-18

1Yudahene Sedekia dii ade no, ne mfe akron mu, ɔsram a ɛto so du so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo nyinaa tuu Yerusalem so sa, wotuaa kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiae. 2Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, wobubuu kuropɔn no afasu. 3Na Babiloniahene adwumayɛfo no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Pon hɔ: Nergal-Sareser a ofi Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panyin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw, ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa. 4Bere a Yudahene Sedekia ne nʼasraafo nyinaa huu wɔn no, woguanee, wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.

5Nanso Babilonia asraafo no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tataw so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn. 6Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo mmapɔmma nyinaa nso. 7Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.

8Babiloniafo no de ogya too ahemfi no ne nnipa no afi mu, na wodwiriw Yerusalem afasu no. 9Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no de kuropɔn no mu nkae, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a wɔaka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia. 10Nanso ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano no gyaa ahiafo a wonni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa bere no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.

11Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho se, 12“Fa no na hwɛ no so; nhaw no na nea obisa biara no, yɛ ma no.” 13Enti ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano, Nebusaradan, adwumayɛfo panyin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa 14soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo adiwo hɔ bae. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne fi. Enti Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfo mu.

15Bere a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn se, 16“Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek se, ‘Sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me nsɛm a etia kuropɔn yi, mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiyedi so ama aba mu. Saa bere no ɛbɛba mu wɔ wʼanim. 17Nanso megye wo saa da no, Awurade na ose; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wusuro wɔn no nsa. 18Megye wo nkwa, na worentɔ wɔ afoa ano na mmom wubenya wo ti adidi mu, efisɛ wugye me di, Awurade, na ose.’ ”