Yeremia 38 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 38:1-28

Wɔde Yeremia Hyɛ Abura Mu

1Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka akyerɛ nnipa no nyinaa se, 2“Sɛɛ na Awurade se: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu no bewu wɔ afoa, ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafo afa no benya nkwa. Obenya ne ti adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. 3Na sɛɛ na Awurade se, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene asraafo nsa, na wɔn na wobedi so.’ ”

4Ɛno nti adwumayɛfo no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafo a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiyedi na mmom wɔn sɛe.”

5Ɔhene Sedekia buae se, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”

6Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfo adiwo no mu. Wɔde ntampehama gyaagyaa no too abura no mu; na nsu nni mu, mmom dontori na na ɛwɔ mu, enti Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.

7Na Ebed-Melek38.7 Ebed-Melek—Ɛkyerɛ “ahenkwaa”. Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfi hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Bere a ɔhene no te Benyamin Pon hɔ no, 8Ebed-Melek fii ahemfi hɔ kɔka kyerɛɛ no se, 9“Ɔdɛɛfo, nea saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumɔyɛsɛm a etia odiyifo Yeremia. Wɔatow no akyene abura mu, baabi a ɔkɔm bekum no wɔ bere a brodo asa wɔ kuropɔn yi mu.”

10Na ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek se, “Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na munkoyi odiyifo Yeremia mfi abura no mu, ansa na wawu.”

11Ɛno nti Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfi hɔ. Ɔkɔsesaw ntamagow ne ntade dedaw de kyekyeree ntampehama ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. 12Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia se, “Fa ntamagow ne ntade dedaw no hyehyɛ wo mmotuam, na ntampehama no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa, 13Wɔde ntampehama no twetwee no yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo adiwo hɔ.

Sedekia Bisa Yeremia Nsɛm Bio

14Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa Awurade asɔredan ano kwan a ɛto so abiɛsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia se, “Merebebisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.”

15Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛ mema wo mmuae a, worenkum me ana? Mpo sɛ mitu wo fo a, worentie me.”

16Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kokoa mu kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo na meremfa wo nhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wo no nsa.”

17Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no se: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔrenkum wo na wɔrenhyew kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafo bɛtena nkwa mu. 18Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafo, na wɔbɛhyew no dwerɛbee; na wo ankasa rentumi nguan mfi wɔn nsam.’ ”

19Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Misuro Yudafo a wɔkɔ Babiloniafo afa no, efisɛ ebia Babiloniafo no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayayade.”

20Yeremia buae se, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ nea meka kyerɛ wo. Ɛno na ɛbɛma asi wo yiye na woanya nkwa. 21Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafo no de a, nea Awurade ayi akyerɛ me ni: 22Mmea a wɔaka wɔ Yudahene ahemfi hɔ nyinaa no, wɔde wɔn befi adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfo no. Saa mmea no bɛka akyerɛ wo se,

“ ‘Wɔdaadaa wo na wodii wo so

wo nnamfonom a wugye wɔn di no.

Wʼanan amem wɔ dontori mu;

wo nnamfonom agyaw wo hɔ kɔ.’

23“Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafo no. Wo de, worentumi nguan mfi wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkyere wo, na wɔbɛhyew saa kuropɔn yi.”

24Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdi yi, anyɛ saa a, wubewu. 25Sɛ adwumayɛfo no te sɛ me ne wo kasae, na wobebisa wo se, ‘Ma yɛnte nea woka kyerɛɛ ɔhene ne nea ɔhene nso ka kyerɛɛ wo; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yebekum wo a,’ 26ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsan nkɔ Yonatan fi mma me nkowu wɔ hɔ.’ ” 27Adwumayɛfo no nyinaa baa Yeremia hɔ bebisaa no, na ɔkaa nea ɔhene hyɛɛ no se ɔnka no nyinaa. Enti wɔanka hwee ankyerɛ no bio, efisɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔtwetwe no.

28Na Yeremia tenaa ɔwɛmfo adiwo hɔ kosii da a wɔfaa Yerusalem.

Wɔfa Yerusalem

Sɛnea wɔfaa Yerusalem ni:

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 38:1-28

Wɔde Yeremia Hyɛ Abura Mu

1Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ nnipa no nyinaa sɛ, 2“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. 3Na yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’ ”

4Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ.”

5Ɔhene Sedekia buaa sɛ, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”

6Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ adihɔ no mu. Wɔde ntampehoma gyaagyaa no too abura no mu; na nsuo nni mu, mmom atɛkyɛ na na ɛwom, enti Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.

7Na Ebed-Melek38.7 Ebed-Melek—Ɛkyerɛ “ahenkwaa”. Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfie hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Ɛberɛ a ɔhene no te Benyamin Ɛpono hɔ no, 8Ebed-Melek firii ahemfie hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, 9“Ɔdɛɛfoɔ, deɛ saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumuyɛsɛm a ɛtia odiyifoɔ Yeremia. Wɔato no atwene abura mu, baabi a ɛkɔm bɛkum no wɔ ɛberɛ a burodo asa wɔ kuropɔn yi mu.”

10Ɛna ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek sɛ, “Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu, ansa na wawu.”

11Ɛno enti, Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɛdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfie hɔ. Ɔkɔsesaa ntomago ne ntadeɛ dada de kyekyeree ntampehoma ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. 12Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Fa ntomago ne ntadeɛ dada no hyehyɛ wo mmɔtoam, na ntampehoma no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa, 13Wɔde ntampehoma no twetwee no de yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.

Sedekia Bisa Yeremia Nsɛm Bio

14Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa Awurade asɔredan ano ɛkwan a ɛtɔ so mmiɛnsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Merebɛbisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.”

15Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Sɛ mema wo mmuaeɛ a, worenkum me anaa? Mpo sɛ metu wo fo a, worentie me.”

16Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kɔkoam kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wonhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wo no nsa.”

17Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, no seɛ: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔrenkum wo na wɔrenhye kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafoɔ bɛtena nkwa mu. 18Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafoɔ, na wɔbɛhye no dwerɛbee; na wʼankasa rentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’ ”

19Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri sɛ, ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ.”

20Yeremia buaa sɛ, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa. 21Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafoɔ no de a, deɛ Awurade ayi akyerɛ me nie: 22Mmaa a wɔaka wɔ Yudahene ahemfie hɔ nyinaa no, wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfoɔ no. Saa mmaa no bɛka akyerɛ wo sɛ,

“ ‘Wɔdaadaa wo na wɔdii wo so

wo nnamfonom a wogye wɔn die no.

Wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu;

wo nnamfonom agya wo hɔ kɔ.’

23“Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafoɔ no. Wo deɛ worentumi nnwane mfiri wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkye wo, na wɔbɛhye saa kuropɔn yi.”

24Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdie yi, anyɛ saa a, wobɛwu. 25Sɛ adwumayɛfoɔ no te sɛ me ne wo kasaeɛ, na wɔbɛbisa wo sɛ, ‘Ma yɛnte deɛ woka kyerɛɛ ɔhene ne deɛ ɔhene nso ka kyerɛɛ woɔ; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yɛbɛkum wo a,’ 26ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsane nkɔ Yonatan efie mma me nkɔwu wɔ hɔ.’ ” 27Adwumayɛfoɔ no nyinaa baa Yeremia hɔ bɛbisaa no, na ɔkaa deɛ ɔhene hyɛɛ no sɛ ɔnka no nyinaa. Enti, wɔanka hwee ankyɛre no bio, ɛfiri sɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔdie no.

28Na Yeremia tenaa ɔwɛmfoɔ adihɔ hɔ kɔsii da a wɔfaa Yerusalem.

Wɔfa Yerusalem

Sɛdeɛ wɔfaa Yerusalem nie: