Yeremia 28 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 28:1-17

Odiyifo Torofo Hanania

1Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se, 2“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no. 3Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba. 4Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’ ”

5Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim. 6Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu. 7Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te: 8Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse. 9Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”

10Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu, 11na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’ ” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.

12Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se: 13“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu. 14Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’ ”

15Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu. 16Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’ ”

17Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 28:1-17

Odiyifoɔ Torofoɔ Hanania

1Ɔbosome a ɛtɔ so enum wɔ afe korɔ a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedie ahyɛaseɛ, afe a ɛtɔ so ɛnan no mu, odiyifoɔ Hanania a ɔyɛ Asur a ɔfiri Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade efie ɛberɛ a na asɔfoɔ ne nnipa no nyinaa ahyia sɛ, 2“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no. 3Mfeɛ mmienu mu no, mede Awurade efie mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa firii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsane aba bio. 4Na mɛsane de Yehoiakin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommumfoɔ a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba bio’ sei na Awurade seɛ, ‘na mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.’ ”

5Na odiyifoɔ Yeremia buaa odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ ne nnipa a na wɔgyinagyina Awurade efie no nyinaa anim. 6Ɔkaa sɛ, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade efie nneɛma no nyinaa ne nnommumfoɔ bɛfiri Babilonia asane aba ɛha yi no mmra mu. 7Nanso, tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso teɛ: 8Ɛfiri tete no, adiyifoɔ a wɔdii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahennie akɛseɛ. 9Nanso odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wɔbɛgye no atom sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”

10Na odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu, bubuu mu, 11na ɔkaeɛ wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfeɛ mmienu mu.’ ” Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii hɔ kɔeɛ.

12Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu akyire no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Woabubu dua kɔnnua mu, nanso mede dadeɛ kɔnnua bɛsi anan mu. 14Na sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: Mede dadeɛ kɔnnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wiram mmoa so.’ ”

15Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania sɛ, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atorɔ ato mu. 16Ɛno enti, sɛ Awurade seɛ nie: ‘Merebɛyi wo afiri asase so. Afeɛ yi mu ara wobɛwu, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ nsɛm atia Awurade.’ ”

17Ɔbosome a ɛtɔ so nson wɔ afe no ara mu no, odiyifoɔ Hanania wuiɛ.