Yeremia 27 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 27:1-22

Yuda Bɛsom Nebukadnessar

1Yudahene Yosia babarima Sedekia adedi mfiase no, asɛm yi fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn se, 2Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamdua ne nkyehama yɛ konnua sɛn wo kɔn mu. 3Fa nkra ma abɔfo a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon. 4Fa nkra kɔma wɔn wuranom se: Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Ka eyi kyerɛ wo wuranom se: 5Mede me tumi kɛse ne me basa a mateɛ mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a mepɛ. 6Afei mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wuram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase. 7Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nenabarima kosi sɛ ne bere betwa mu; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛse bedi ne so.

8“ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahenni bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne konnua ase a, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kosi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ose. 9Ɛno nti munntie mo adiyifo, mo nkɔmhyɛfo, mo adae asekyerɛfo, mo samanfrɛfo anaa mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo se, “Morensom Babiloniahene.” 10Wɔhyɛ mo atoro nkɔm a ɛbɛma wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera. 11Nanso sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene konnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔw so atena so, Awurade, na ose.’ ”

12Mede saa nkra koro no ara kɔmaa Yudahene Sedekia se, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene konnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfo na mubenya nkwa. 13Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfo wuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛnea Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no? 14Munntie adiyifo no a wɔka kyerɛ mo se, ‘Morensom Babiloniahene,’ efisɛ wɔhyɛ mo atoro nkɔm. 15‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ose. ‘Wɔhyɛ atoro nkɔm wɔ me din mu. Enti mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ”

16Na meka kyerɛɛ asɔfo no ne saa nkurɔfo yi nyinaa se, “Sɛɛ na Awurade se: Munntie adiyifo no a wɔhyɛ mo nkɔm se, ‘Ɛrenkyɛ koraa wɔde Awurade fi nneɛma no befi Babilonia aba.’ Wɔhyɛ atoro nkɔm kyerɛ mo. 17Munntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mubenya nkwa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛe? 18Sɛ wɔyɛ adiyifo na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkotow nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade fi ne Yudahene ahemfi ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia. 19Na sɛɛ na Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafrae afadum, po, nnyinaso a wotumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho. 20Nea Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ bere a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakyin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no. 21Yiw, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade fi, Yudahene ahemfi ne Yerusalem no ho no ni: 22‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na hɔ na ɛbɛka kosi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ose. ‘Afei mede nneɛma no bɛsan aba bio abesisi wɔn sibea wɔ ha.’ ”

Japanese Contemporary Bible

エレミヤ書 27:1-22

27

ユダ、ネブカデネザルに仕える

1ヨシヤの子でユダ王国のエホヤキム王の治世の初めに、主からエレミヤに別のことばがありました。 2「くびきを作り、それを農耕用の牛につけるように、おまえの首に革ひもで結びつけなさい。 3それから、エドムの王、モアブの王、アモンの王、ツロの王、シドンの王に、エルサレム在住の大使を通じてメッセージを送れ。 4それぞれの王に、イスラエルの神である天の軍勢の主からのことばだと言わせなさい。 5『わたしは大きな力をもって、地と、全人類と、あらゆる動物を造った。これらを、わたしの目にかなった者に与える。 6わたしはすでにおまえたちの国々を、わたしの代理人、バビロンのネブカデネザル王に与えた。また、おまえたちの家畜を全部彼のものとした。 7彼の時がくるまで、すべての国は彼とその子孫に仕える。そのあとで、多くの国の民と強い王たちがバビロンを征服し、住民を奴隷とする。 8今は彼に従い、彼に仕えよ。おまえたちの首をバビロンのくびきに入れるのだ。わたしは、彼の奴隷になろうとしない国の民を罰する。戦争とききんと疫病を送るので、その国は彼に征服される。 9バビロンの王はおまえたちを奴隷にしないと言う偽預言者、占い師、夢見る者、霊媒、魔術師のことばに耳を傾けてはならない。 10彼らはみなうそつきだ。もし彼らの助言に従い、バビロンの王に降伏しないなら、おまえたちを国外へ追放し、遠い地で滅ぼす。 11だが、バビロン王の意のままになる国の民は、今までのように自国に住み、土地を耕す。』」 12エレミヤはこの預言をユダのゼデキヤ王にも伝え、こうつけ加えました。「生きていたい者は、バビロン王に降伏しなさい。 13あなたも民も、なぜ、そんなに死に急ぐのですか。なぜ、主がバビロン王に従わない国々に、与えると言った戦争とききんと疫病を選ぶのですか。 14バビロン王がこの国を征服するはずはないと、しきりに言っている偽預言者のことばを聞いてはなりません。彼らは、とんでもないうそつきです。 15『わたしは送り出した覚えもないのに、彼らはわたしの名によって、おまえたちにうそをついている。どうしても彼らの言うことを聞くというなら、おまえを、偽預言者ともどもこの国から追放して、殺すよりほかはない』と、神は言っています。」

16私はくり返し、祭司とすべての民に告げました。「主は命じます。神殿から運び出された金の皿はまもなくバビロンから戻ってくる、と言っている預言者に、耳を貸すな。そんなことがあるはずはない。 17彼らの言うことを聞いてはならない。バビロン王に降伏して生き延びよ。そうでないと、この町は全部破壊される。 18もし、彼らがほんとうに神の預言者なら、まだ神殿に残っている金の皿や、王宮とエルサレムの宮殿にある金の皿が、おまえたちといっしょにバビロンへ持ち去られないよう、祈るべきではないか。 19-21天の軍勢の主は、こう言います。『バビロンのネブカデネザル王が、ユダとエルサレムの重立った人々を、エホヤキムの子でユダ王国のエコヌヤ王と共に連れ去った時残しておいた、神殿の前にある青銅の柱、神殿の庭の大きな青銅の水盤、そのほか金属製の台や儀式用具などは、 22みなバビロンに運び去られ、わたしが取り返すまでそこにある。後に、わたしはそれらの物をみな、エルサレムへ持ち帰る。』」