Yeremia 23 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 23:1-40

Trenee Dubaa No

1“Nnome nka nguanhwɛfo a wɔsɛe na wɔhwete me nguankuw no!” Awurade na ose. 2Ɛno nti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfo a wɔhwɛ me nkurɔfo so ni: “Esiane sɛ moabɔ me nguankuw ahwete, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yiye no nti, mede asotwe bɛbrɛ mo, mo bɔne a moayɛ no nti,” nea Awurade se ni. 3“Mʼankasa mɛboaboa me nguan nkae no afi aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsan aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛw. 4Na meyi nguanhwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ose.

5“Nna bi reba,” Awurade na ose,

“sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawid

ɔhene bi a obedi ade nyansa mu

na wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so.

6Ne mmere so, wobegye Yuda nkwa

na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoe mu.

Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no:

Awurade Yɛn Trenee.

7Na afei nna bi reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’ 8na mmom, wɔbɛka se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israel asefo fii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ no so no.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”

Atoro Adiyifo

9Nea ɛfa adiyifo no ho no:

Me koma abubu wɔ me mu;

me nnompe nyinaa wosow.

Mete sɛ ɔsabowfo,

mete sɛ obi a nsa abow no,

esiane Awurade

ne ne nsɛm kronkron no nti.

10Aguamammɔfo ahyɛ asase no so ma;

nnome no nti asase no awo wosee,

adidibea a ɛwɔ nweatam no so ahyew.

Adiyifo no nam ɔkwan bɔne so

de wɔn tumi yɛ nea ɛnteɛ.

11“Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa nsuro Nyankopɔn;

mʼasɔredan mu mpo mihu wɔn amumɔyɛsɛm,”

Awurade na ose.

12“Ɛno nti, wɔn kwan so bɛyɛ torotorootoro;

wɔbɛpam wɔn akɔ sum mu

na hɔ na wɔbɛhwehwe ase.

Mede amanehunu bɛba wɔn so

wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,”

Awurade na ose.

13“Samaria adiyifo mu no

mihuu saa atantanne yi:

Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm

nam so maa me nkurɔfo Israelfo fom kwan.

14Na Yerusalem adiyifo mu no

mahu ade a ɛyɛ hu:

Wɔsɛe aware na wodi atoro.

Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,

enti obiara ntwe ne ho mfi nʼamumɔyɛsɛm ho.

Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;

na Yerusalemfo te sɛ Gomora.”

15Ɛno nti sɛɛ na Asafo Awurade, se fa adiyifo no ho:

“Mɛma wɔadi aduan a ɛyɛ nwen

na wɔanom nsu a awuduru wɔ mu,

efisɛ Yerusalem adiyifo nti,

bɔneyɛ ahyɛ asase yi so ma.”

16Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“Munntie nkɔm a adiyifo no hyɛ kyerɛ mo;

wɔma mo nya anidaso a enni nnyinaso.

Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehu,

a emfi Awurade anom.

17Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wobu me animtiaa no se,

Awurade se: Mubenya asomdwoe.’

Na wɔn a wodi wɔn komaden akyi no nyinaa,

wɔka kyerɛ wɔn se, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’

18Na wɔn mu hena na wasɔre wɔ Awurade agyinatufo mu

sɛ ɔbɛhwɛ anaa obetie nʼasɛm?

Hena na wayɛ aso ate nʼasɛm?

19Hwɛ, Awurade ahum

betu abufuwhyew mu,

mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ

amumɔyɛfo mpampam.

20Awurade abufuw rensan

kosi sɛ obewie

ne koma mu nhyehyɛe nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte ase yiye.

21Mansoma saa adiyifo yi,

nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyin;

mamma wɔn nkra biara,

nanso wɔahyɛ nkɔm.

22Sɛ wɔkaa mʼagyinatufo ho a,

anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfo

na ama wɔatwe wɔn ho afi wɔn akwammɔne

ne wɔn nneyɛe bɔne ho.

23“Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,”

Awurade na ose,

“na menyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?

24Obi betumi de ne ho asie baabi a

merentumi nhu no ana?”

Awurade na ose.

“Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma ana?”

Awurade na ose.

25“Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ atoro nkɔm no keka. Wɔkeka se, ‘Mesoo dae! Mesoo dae!’ 26Eyi bɛkɔ so akosi da bɛn wɔ atoro adiyifo yi koma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? 27Wodwen sɛ dae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfo werɛ afi me din, sɛnea Baal som nti wɔn agyanom werɛ fii me din no. 28Ma odiyifo a waso dae no nka nʼadaeso, na ma nea ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokware mu. Na dɛn na ntɛtɛ ne awi wɔ yɛ?” Awurade na ose. 29“Na mʼasɛm nte sɛ ogya,” Awurade na ose, “ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana?

30“Ɛno nti,” Awurade na ose, “mikyi adiyifo a wɔfa nsɛm a efi wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛnea efi me nkyɛn no. 31Yiw,” Awurade asɛm ni, “mikyi saa adiyifo a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawo ka se, ‘Awurade na ose.’ 32Nokware, mikyi wɔn a wɔhyɛ adaeso ho atoro nkɔm,” Awurade na ose. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atoro nsɛm daadaa me nkurɔfo ma wɔfom kwan, nso mensomaa wɔn na minnyii wɔn. Wɔn so nni mfaso mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ose.

Atoro Adiyisɛm Ne Atoro Adiyifo

33“Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa mo se, ‘Dɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn se, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ose.’ 34Sɛ odiyifo bi, ɔsɔfo bi anaa obi foforo si so dua se, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fifo aso. 35Eyi ne nea mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuae ne dɛn?’ Anaa ‘Dɛn na Awurade aka?’ 36Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; efisɛ obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa nti modannan nsɛm a efi Onyankopɔn, Ɔteasefo, Asafo Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn no mu. 37Eyi ne nea mokɔ so ka kyerɛ odiyifo: ‘Mmuae bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Asɛm bɛn na Awurade aka?’ 38Ɛwɔ mu, musi so dua se, ‘Eyi ne Awurade adiyisɛm’ nanso sɛɛ na Awurade ka: Mokae se, ‘Eyi yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ bere a maka akyerɛ mo se monnka saa nsɛm yi bio. 39Afei, nokware, me werɛ befi mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afi mʼani so. 40Na mede daa animguase, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 23:1-40

將來的盼望

1耶和華說:「那些本應像牧人照顧羊群一樣統治我子民的人有禍了!因為他們殘害、驅散我的子民。」 2以色列的上帝耶和華這樣斥責那些統治祂子民的首領:「你們驅散我的子民,沒有照顧他們。看啊,我必因你們的惡行而懲罰你們。這是耶和華說的。 3我要把我倖存的子民從我流放他們去的各地召集起來,領他們回到故土,使他們子孫興旺。 4我要派首領照顧他們,使他們不再擔驚受怕,也不再有一人迷失。這是耶和華說的。」

5耶和華說:「看啊,時候將到,我要為大衛選立一個公義的苗裔,使他執掌王權。他必秉公行義,治國有方。 6在他掌權的日子,猶大必得拯救,以色列必國泰民安。他將被稱為『耶和華是我們的公義』。」

7耶和華說:「看啊,時候將到,那時人不再憑把以色列人帶出埃及的耶和華起誓, 8而是憑把他們從流放之地——北方和列國領回來的永活耶和華起誓。他們必在自己的國土上安居樂業。」

9論到那些先知,

我的心都碎了,

我的骨頭都顫抖。

因為耶和華和祂聖言的緣故,

我好像不勝酒力的醉漢。

10這裡到處是拜偶像的人,

他們行為邪惡,濫用權力。

大地因受咒詛而悲哀,

曠野的草場都枯乾了。

11耶和華說:「先知和祭司都不敬虔,

我甚至看見他們在我的聖殿裡行惡。

12因此,他們必被趕到黑暗中,

在濕滑的路上跌倒,

因為我必在報應的日子降災禍給他們。

這是耶和華說的。

13我看見撒瑪利亞的先知行為可憎,

他們靠巴力說預言,

引誘我的子民走入歧途。

14我也看見耶路撒冷的先知行為可惡,

他們通姦,謊話連篇,

慫恿惡人,

以致無人悔過自新。

在我眼中,耶路撒冷人就像 所多瑪人和蛾摩拉人一樣敗壞。

15因此,論到這些先知,

萬軍之耶和華說,

『看啊,我要使他們吃苦艾,

喝毒藥,因為褻瀆之風從耶路撒冷的先知那裡蔓延,

遍及全境。』」

16萬軍之耶和華對祂的子民說:「你們不要聽信這些先知的預言,他們使你們充滿虛假的盼望,他們的預言是自己編的,不是耶和華說的。 17他們不斷對藐視我的人說,『耶和華說你們必安享太平。』他們對那些執迷不悟的人說,『災禍不會降到你們身上。』

18「然而,他們誰曾站在耶和華面前看見並聽見祂說話呢?

他們誰曾留心聽祂的話呢?

19看啊,耶和華的怒氣像暴風一樣襲來,

像旋風一樣吹到惡人頭上。

20耶和華不完成祂心中的計劃決不息怒。

將來你們會清楚地明白這一切。

21「我沒有差遣這些先知,

他們卻妄自行動;

我沒有對他們說話,

他們卻亂發預言。

22他們若曾站在我面前聽我說話,

早就向我的子民宣告我的話,

使他們改邪歸正了。」

23耶和華說:「我是無處不在的上帝。」 24耶和華說:「難道人藏起來我就看不見了嗎?我豈不是充滿天地之間嗎?這是耶和華說的。 25我聽見假先知奉我的名說,『上帝託夢給我了!上帝託夢給我了!』 26這些先知謊話連篇,憑空預言要到何時呢? 27他們彼此傳講所做的夢,想藉此使我的子民忘記我,正如他們的祖先因祭拜巴力而忘記了我。 28讓做夢的先知儘管宣揚他們的夢吧,但得到我話語的先知要忠心地傳達我的話。糠秕怎能與麥子相比呢!這是耶和華說的。」 29耶和華說:「難道我的話不像火嗎?不像擊碎岩石的鐵錘嗎?」 30耶和華說:「看啊,我要對付那些假先知,他們盜用同夥的話,卻妄稱是我的話。」 31耶和華說:「看啊,我要對付那些假先知,他們妄自說預言,卻謊稱是耶和華的話。」 32耶和華說:「看啊,我要對付那些假先知,他們謊稱我託夢給他們,四處宣揚,用彌天大謊把我的子民引入歧途。其實我並沒有差遣他們,也沒有委派他們,他們對我的子民毫無益處。這是耶和華說的。」

33耶和華說:「耶利米啊,如果有百姓、先知或祭司問你,『耶和華有什麼啟示?』你要對他們說,『你們就是耶和華的重擔23·33 重擔」希伯來文也有「啟示」的意思。,耶和華說要丟棄你們。』 34如果有先知、祭司或百姓宣稱有耶和華的啟示,我必懲罰他和他全家。 35你們各人要問自己的親友,『耶和華有什麼答覆?』或『耶和華說了什麼?』 36你們不可再說有耶和華的啟示,因為你們把自己的話當成祂的啟示,曲解你們永活的上帝——萬軍之耶和華的話。 37耶利米啊,你要這樣問先知,『耶和華有什麼答覆?耶和華說了什麼?』 38如果他們說,『這是耶和華的啟示。』你就說,『耶和華說,你們無視我的警告,宣稱有我的啟示, 39我必徹底忘記你們,把你們和我賜給你們及你們祖先的城邑拋棄。 40我要使你們永遠蒙羞受辱、遺臭萬年。』」