Romafo 9 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 9:1-33

Onyankopɔn Ne Ne Manfo

1Mereka nokware sɛ Okristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanse kyerɛ me sɛ minni atoro. 2Midi awerɛhow na mete daa yaw wɔ me koma mu ma me nkurɔfo. 3Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho. 4Wɔyɛ Onyankopɔn manfo a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asan atena nʼanuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. 5Wɔyɛ tete agyanom asefo, na esiane sɛ Kristo baa onipasu mu nti ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen.

6Menka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, efisɛ ɛnyɛ Israelfo nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfo. 7Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛw.” 8Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo. 9Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka se, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio bere a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.

10Ɛnyɛ eyi nko. Rebeka mma baanu no nyinaa fii agya koro a ɔne yɛn agya Isak. 11Na sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti, 12ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa eyi ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛe so, 13sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Medɔɔ Yakob na metan Esau” no.

14Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? Dabi da! 15Efisɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ,

“Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ,

na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe.”

16Eyi kyerɛ sɛ, ennyina nea obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom egyina Onyankopɔn ahummɔbɔ so. 17Kyerɛwsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao se, “Eyi ara nti na misii wo hene nam so daa me tumi adi, sɛnea ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.” 18Ɛno de, Onyankopɔn hu nea ɔpɛ sɛ ohu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.

19Afei obi bebisa se, “Sɛ yentumi nsiw Onyankopɔn pɛ ho kwan a, adɛn nti na ɔbɔ yɛn sobo?” 20Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, “Adɛn nti na wonwen me sɛɛ?” 21Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde dɔte no nwen nea ɔpɛ biara. Otumi nwen nkuku abien fi dɔte mu, na ɔde mu baako adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara.

22Saa ara na ade biara a Onyankopɔn ayɛ no te. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuw adi na ɔma wohu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ofi nʼabufuwhyew mu rebɛsɛe wɔn no. 23Ɔyɛɛ eyi de kyerɛɛ sɛnea nʼanuonyam no te, bere a onyaa ayamhyehye maa wɔn a wayi wɔn dedaw sɛ wɔmmɛyɛ nʼanuonyam no fafafo. 24Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn fii Yudafo mu nko ara, na mmom amanamanmufo nso. 25Wɔka wɔ Hosea nhoma mu se,

“Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfo no ‘me nkurɔfo,’

na nea ɔnyɛ me dɔfo no mɛfrɛ no ‘me dɔfo,’ ”

26na

“Beae koro no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn se,

‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no,

ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn se ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’ ”

27Na Yesaia dii Israelfo ho yaw sɛ,

“Sɛ Israelfo dɔɔso sɛ mpoano nwea mpo a,

wɔn mu kakraa bi na wobegye wɔn nkwa.

28Efisɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛnea ɛte biara no,

ɔbɛyɛ nea wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”

29Yesaia nso kae se,

“Sɛ Asafo Awurade

annyaw yɛn asefo a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom,

na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.”

Israel Nnye Nni

30Afei asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufo a wɔanhwehwɛ trenee akyi kwan no nam gyidi so yɛɛ atreneefo; 31Nanso Israelfo a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so no bɛsɔ Onyankopɔn ani mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. 32Adɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so sɔ Onyankopɔn ani, nanso anka ɛsɛ sɛ wonya gyidi wɔ Onyankopɔn mu mmom. Wohintiw “hintibo” no. 33Sɛnea wɔakyerɛw se,

“Hwɛ, Mede ɔbo a ɛma nnipa hintiw ato Sion

ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase,

na nea ɔde ne ho to no so no anim rengu ase da.”

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 9:1-33

Onyankopɔn Ne Ne Manfoɔ

1Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ. 2Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ. 3Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho. 4Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. 5Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen.

6Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ. 7Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” 8Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 9Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsane aba wo nkyɛn bio ɛberɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.

10Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak. 11Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no enti, 12ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti, na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛeɛ so, 13sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Medɔɔ Yakob na metanee Esau” no.

14Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Dabi! 15Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ,

“Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ,

na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.”

16Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyina deɛ obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so. 17Atwerɛsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei ara enti na mesii wo ɔhene nam so daa me tumi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ ewiase afanan nyinaa.” 18Ɛnneɛ Onyankopɔn hunu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.

19Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛntumi nsi Onyankopɔn pɛ ho ɛkwan a, adɛn enti na ɔbɔ yɛn soboɔ?” 20Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?” 21Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara.

22Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn. 23Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼanimuonyam no teɛ, ɛberɛ a ɔnyaa ayamhyehyeɛ maa wɔn a wayi wɔn dada sɛ wɔmmɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ. 24Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso. 25Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ,

“Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfoɔ no ‘me nkurɔfoɔ’,

na deɛ ɔnyɛ me dɔfoɔ no mɛfrɛ no ‘me dɔfoɔ,’ ”

26na

“Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,

‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no,

ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’ ”

27Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ,

“Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a,

wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa.

28Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara,

ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”

29Yesaia nso kaa sɛ,

“Sɛ Awurade Otumfoɔ no

annya yɛn asefoɔ a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom,

na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.”

Israel Nnye Nni

30Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ; 31Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. 32Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no. 33Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,

“Hwɛ, Mede ɛboɔ a ɛma nnipa sunti ato Sion

ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase,

na deɛ ɔde ne ho to no soɔ no anim rengu ase da.”