Romafo 7 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 7:1-25

Wɔde Aware Yɛ Mfatoho

1Me nuanom, munim sɛ esiane sɛ mo nyinaa nim mmara no nti, mote nea mepɛ sɛ meka no ase sɛ; mmere dodow a onipa te ase no, mmara di ne so ana? 2Te sɛ ɔbea warefo, mmere dodow a okunu no te ase no de, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu de a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. 3Ɛno nti sɛ ɔkɔ ɔbarima foforo ho wɔ bere a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ ne kunu no wu a na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio; ɛno nti sɛ ɔware ɔbarima foforo a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.

4Afei me nuanom, mo nso, Kristo wu a owui nti moawu afi mmara no tumi ase. Ne saa nti, mone ɔno a wonyan no fii awufo mu abom sɛnea mobetumi asom Onyankopɔn. 5Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn wɔ yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu. 6Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom.

Yɛne Bɔne Di Aperepere

7Enti asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne ana? Dabi da! Mmom, ɛnam mmara so na mihuu sɛnea bɔne te. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi ade” a, anka minnim anibere. 8Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahorow bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. 9Ansa na mehu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no bae no, metee bɔne ase, na miwui. 10Mihuu sɛ mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no, de owu bae. 11Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa kwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so maa bɔne kum me. 12Nanso mmara no yɛ kronkron; na Mmaransɛm no nso yɛ kronkron, ɛteɛ na eye nso.

13Ade a eye no bɛyɛɛ owu maa me ana? Dabi da! Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa nea eye so de owu brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me huu sɛ bɔne yɛ ade a ɛyɛ hu.

14Yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. 15Mente nea meyɛ ase; efisɛ menyɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ na mmom, meyɛ nea mikyi. 16Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ mepene so sɛ mmara no ye. 17Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ eyi; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18Minim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Efisɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye nanso mintumi nyɛ. 19Papa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. 20Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛe, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

21Mmara no ama mahu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ nea minim sɛ eye. 22Me koma nyinaa mu, migye Onyankopɔn mmara to mu. 23Nanso mifi mʼakwaa nyinaa mu hu sɛ biribi ne mʼadwene di aperepere, ɛma meyɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma meyɛ biribiara. 24Minni ahotɔ! Hena na obegye me afi saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owu mu yi mu? 25Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.

Na afei mʼankasa mʼadwene mu no, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.

New Serbian Translation

Римљанима 7:1-25

Ослобођење од служења Закону

1Или, зар не знате, браћо – говорим онима који познају Закон – да Закон има власт над човеком само док је жив? 2Тако је и удата жена везана Законом. Али, ако јој муж умре, разрешена је Закона који је везује за мужа. 3Зато, уколико живи с другим човеком за живота свог мужа, биће названа прељубницом. Али, ако јој муж премине, разрешује се Закона, те тако не чини прељубу ако се уда за другога. 4Тако сте и ви, браћо моја, умрли за Закон, тиме што је Христос положио свој живот за нас, да припадате њему који је васкрсао из мртвих, те да будемо плодоносни за Бога. 5Јер, док смо живели по захтевима своје природе, наше грешне жеље, подстакнуте Законом, деловале су у нашим удовима, а плод тога је била смрт. 6Али, сада смо ослобођени Закона, пошто смо мртви ономе који нас је држао у ропству. Тако сад на нови начин служимо Богу Духом, а не словом Закона, како је било по старом.

Закон и грех

7Према томе, шта ћемо рећи? Да ли је Закон грех? Никако! Ипак, ја не бих знао шта је грех да нема Закона. Јер, не бих знао шта је пожуда да Закон није рекао: „Не пожели!“ 8Грех је по заповести ухватио прилику и изазвао у мени сваку пожуду. Наиме, грех је без Закона мртав. 9Раније сам живео без Закона, али кад је заповест дошла, грех је оживео, 10те сам ја умро. Тако ме је заповест, која је требало да ме води у живот, довела до смрти. 11Грех је, наиме, ухватио прилику преко заповести, завео ме и путем ње убио. 12Закон је свет и заповест је света, праведна и добра.

13Значи ли то да ми је добро донело смрт? Нипошто! Ипак, да би се грех показао грехом, он ме је посредством добра довео до смрти, тако да би се путем заповести грех показао до крајности грешним.

14Знамо, наиме, да је Закон духован, а да сам ја телесан и као такав у ропству греха. 15Наиме, ја не разумем своје поступке, јер не чиним оно што хоћу, него оно што мрзим. 16А ако чиним оно што нећу, слажем се да је Закон добар. 17Ипак, то сад не чиним више ја, него грех који станује у мени. 18Знам, наиме, да никакво добро не станује у мени, то јест у моме телу. Наиме, имам жељу да чиним добро, али нисам у стању да га чиним. 19Јер, не чиним добро које хоћу, већ зло које нећу. 20Ако, дакле, чиним оно што нећу, онда то не чиним ја сам, већ грех који станује у мени. 21Стога, налазим овај закон: кад хоћу да чиним добро, зло ми се намеће. 22Ја се, наиме, у свом унутарњем бићу веселим Божијем Закону. 23Ипак, опажам други закон који делује у мојим удовима, који ратује против закона мога ума и заробљава ме законом греха који је у мојим удовима. 24Јадан сам ја човек! Ко ће ме избавити овог смртног тела? 25Хвала Богу, који то чини кроз Господа нашег Исуса Христа!

Дакле, ја својим умом служим Божијем Закону, а грешном природом закону греха.