Nnwom 88 – AKCB & HOF

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 88:1-18

Dwom 88

Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

1Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn

misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.

2Ma me mpaebɔ nnu wʼanim;

brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

3Ɔhaw ahyɛ me kra ma

na me nkwa rebɛn owu.

4Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no;

mete sɛ obi a onni ahoɔden.

5Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu,

te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu,

wɔn a wonkae wɔn bio,

na wonhwɛ wɔn bio.

6Woatow me akyene ɔda ase tɔnn,

wɔ sum kabii mu.

7Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so;

woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

8Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn

woama me ho ayɛ wɔn ahi.

Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;

9awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu.

Awurade misu frɛ wo da biara;

metrɛw me nsam kyerɛ wo.

10Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana?

Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana?

11Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu,

anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana?

12Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum,

anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana?

13Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me;

me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu.

14Adɛn, Awurade, na wopo me

na wode wʼanim hintaw me?

15Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu;

wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw.

16Wʼabufuwhyew abu afa me so;

wʼahunahuna asɛe me.

17Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri,

na wɔabu afa me so koraa.

18Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ;

na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.

Hoffnung für Alle

Psalm 88:1-19

Am Rande des Todes – völlig allein!

1Ein Lied von den Nachkommen Korachs. Der Esrachiter Heman verfasste es zum Nachdenken. Auf eine traurige Weise zu singen.

2Herr, mein Gott, du allein kannst mir noch helfen!

Tag und Nacht schreie ich zu dir!

3Lass mein Gebet zu dir dringen,

verschließ deine Ohren nicht vor meinem Flehen!

4Schweres Leid drückt mich nieder,

ich bin dem Tod schon näher als dem Leben.

5Jeder rechnet damit, dass ich bald sterbe,

denn alle Kraft hat mich verlassen.

6Es geht mir wie den Toten, die du vergessen hast,

fern von deiner Hilfe liegen sie in ihrem Grab.

7Du hast mich in den tiefsten Abgrund gestoßen,

in nichts als unergründliche Finsternis.

8Dein Zorn lastet schwer auf mir,

wie hohe Brandungswellen wirft er mich um.

9Alle meine Freunde hast du mir genommen,

voller Abscheu wandten sie sich von mir ab.

Ich bin gefangen und weiß keinen Ausweg mehr.

10Meine Augen sind vom Weinen ganz verquollen.

Jeden Tag rufe ich, Herr, zu dir

und strecke meine Hände nach dir aus.

11Wirst du an den Toten noch ein Wunder tun?

Kommen sie etwa aus ihren Gräbern, um dich zu loben?

12Erzählt man im Totenreich von deiner Gnade

oder in der Gruft von deiner Treue?

13Sind deine Wunder wohl am Ort der Finsternis bekannt?

Wissen die längst vergessenen Toten von deiner Gerechtigkeit?

14Herr, ich schreie zu dir um Hilfe.

Schon früh am Morgen klage ich dir mein Leid.

15Warum hast du mich verstoßen, Herr?

Warum verbirgst du dich vor mir?

16Seit meiner Jugend bin ich elend und vom Tod gezeichnet.

Du hast mir dieses furchtbare Leid auferlegt –

und jetzt bin ich am Ende!

17Dein glühender Zorn hat mich zu Boden geschmettert,

deine schreckliche Strafe hat mich vernichtet!

18Die Angst bedrängt mich von allen Seiten,

vor dieser tödlichen Flut gibt es kein Entrinnen.

19Du hast erreicht, dass mir alle den Rücken kehren,

Freunde und Nachbarn gehen mir aus dem Weg.

Mein einziger Begleiter ist die Finsternis.