Nnwom 73 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 73:1-28

NHOMA A ƐTO SO ABIƐSA

Nnwom 73–89

Dwom 73

Asaf dwom.

1Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel,

oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.

2Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri;

anka merehwere me nnyinaso,

3efisɛ mʼani beree ahantanfo

bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no.

4Wonni aperepere;

na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden.

5Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so;

ɔdesani haw biara nna wɔn so.

6Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade,

na wofura akakabensɛm.

7Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi;

na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei.

8Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye;

wɔde nhyɛso hunahuna afoforo wɔ ahomaso mu.

9Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm,

na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.

10Ɛno nti wɔn nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn

na wonya nsu nom ma ebu so.

11Wobisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu?

Na Ɔsorosoroni no wɔ nhumu ana?”

12Sɛɛ na amumɔyɛfo no te,

hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyade.

13Ampa ara, mannya hwee amfi me komamtew mu;

me nsa a enni fɔ no ayɛ ɔkwa.

14Da mu nyinaa mihu amane;

anɔpa biara wɔtwe mʼaso.

15Sɛ mekae se, “Mɛkasa saa” a,

anka midii wo mma no huammɔ.

16Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte eyinom nyinaa ase,

nanso na ɛhyɛ me so

17kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ;

ɛhɔ na metee nea awiei no ɛbɛba wɔn so no ase.

18Ampa ara wode wɔn gu faako a hɔ yɛ toro

wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.

19Sɛnea wɔsɛe prɛko pɛ,

na ehu hwim wɔn kɔ no.

20Ɛte sɛ adaeso, bere a onipa anyan,

Awurade, sɛ wokanyan wo ho a,

wubebu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a enni hɔ.

21Bere a awerɛhow hyɛɛ me koma mu

na me honhom dii yaw no,

22meyɛɛ sɛ obi a onnim hwee na onni adwene;

meyɛɛ sɛ aboa gyimfo wɔ wʼanim.

23Nanso na me ne wo wɔ hɔ bere biara;

na wode wo nsa nifa aso me mu.

24Wode wʼafotu kyerɛ me kwan;

na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu.

25Hena na mewɔ wɔ ɔsoro ka wo ho?

Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.

26Me honam, ne me koma bedi me huammɔ,

nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden

ne me kyɛfa daa nyinaa.

27Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera.

Wosɛe wɔn a wonni wo nokware nyinaa.

28Nanso me de, minim sɛ eye sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn.

Mede Otumfo Awurade ayɛ me guankɔbea;

mɛka wo nneyɛe nyinaa akyerɛ.

King James Version

Psalms 73:1-28

A Psalm of Asaph.

1Truly God is good to Israel, even to such as are of a clean heart.73.1 of: or, for73.1 Truly: or, Yet73.1 of…: Heb. clean of heart

2But as for me, my feet were almost gone; my steps had well nigh slipped.

3For I was envious at the foolish, when I saw the prosperity of the wicked.

4For there are no bands in their death: but their strength is firm.73.4 firm: Heb. fat

5They are not in trouble as other men; neither are they plagued like other men.73.5 in…: Heb. in the trouble of other men73.5 like: Heb. with

6Therefore pride compasseth them about as a chain; violence covereth them as a garment.

7Their eyes stand out with fatness: they have more than heart could wish.73.7 have…: Heb. pass the thoughts of the heart

8They are corrupt, and speak wickedly concerning oppression: they speak loftily.

9They set their mouth against the heavens, and their tongue walketh through the earth.

10Therefore his people return hither: and waters of a full cup are wrung out to them.

11And they say, How doth God know? and is there knowledge in the most High?

12Behold, these are the ungodly, who prosper in the world; they increase in riches.

13Verily I have cleansed my heart in vain, and washed my hands in innocency.

14For all the day long have I been plagued, and chastened every morning.73.14 chastened: Heb. my chastisement was

15If I say, I will speak thus; behold, I should offend against the generation of thy children.

16When I thought to know this, it was too painful for me;73.16 too…: Heb. labour in mine eyes

17Until I went into the sanctuary of God; then understood I their end.

18Surely thou didst set them in slippery places: thou castedst them down into destruction.

19How are they brought into desolation, as in a moment! they are utterly consumed with terrors.

20As a dream when one awaketh; so, O Lord, when thou awakest, thou shalt despise their image.

21Thus my heart was grieved, and I was pricked in my reins.

22So foolish was I, and ignorant: I was as a beast before thee.73.22 ignorant: Heb. I knew not73.22 before: Heb. with

23Nevertheless I am continually with thee: thou hast holden me by my right hand.

24Thou shalt guide me with thy counsel, and afterward receive me to glory.

25Whom have I in heaven but thee? and there is none upon earth that I desire beside thee.

26My flesh and my heart faileth: but God is the strength of my heart, and my portion for ever.73.26 strength: Heb. rock

27For, lo, they that are far from thee shall perish: thou hast destroyed all them that go a whoring from thee.

28But it is good for me to draw near to God: I have put my trust in the Lord GOD, that I may declare all thy works.