Nnwom 72 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 72:1-20

Dwom 72

Salomo dwom.

1Ao, Onyankopɔn, fa wʼatɛntrenee dom ɔhene no,

na fa wo trenee ma ɔhene babarima.

2Ɔde trenee bebu wo nkurɔfo atɛn,

obebu wo nkurɔfo a wɔrehu amane no atɛntrenee.

3Mmepɔw no de yiyedi bɛbrɛ nnipa no,

nkoko no de trenee bɛba.

4Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufo

na wagye wɔn a wonni bi mma nkwa;

ɔbɛdwerɛw nhyɛsofo.

5Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi

wobesuro wo awo ntoatoaso nyinaa mu.

6Ɔbɛyɛ sɛ osu a ɛtɔ gu asase a wɔadɔw so so,

te sɛ obosu a egugu asase so.

7Atreneefo benyin frɔmfrɔm wɔ ne bere so;

yiyedi bebu so akosi da a ɔsram nni hɔ bio.

8Obedi hene afi po akosi po,

afi Asubɔnten Efrata akosi asase ano.

9Sare so mmusua bɛkotow nʼanim

na nʼatamfo adi mfutuma.

10Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri

de sonkahiri bɛbrɛ no;

Saba ne Seba ahemfo

de ayɛyɛde bɛbrɛ no.

11Ahemfo nyinaa bɛkotow no,

amanaman nyinaa bɛsom no.

12Na obegye mmɔborɔfo a wosu frɛ no,

ne amanehunufo a wonni ɔboafo.

13Obehu wɔn a wɔayɛ mmrɛw ne ahiafo mmɔbɔ

na wagye ahiafo nkwa.

14Obegye wɔn afi nhyɛso ne akakabensɛm ase,

efisɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.

15Ɔhene nkwa so!

ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Seba mmrɛ no.

Ma nnipa mmɔ mpae mma no

na wonhyira no da mu nyinaa.

16Aburow mmu so wɔ asase no so nyinaa;

nnuan mmu so wɔ nkoko so,

ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon;

na enyin sɛ mfuw so sare.

17Ne din bɛtena hɔ daa;

ɛntena hɔ nkyɛ sɛ owia.

Wɔbɛfa no so ahyira amanaman no,

na wɔbɛfrɛ no nhyira.

18Nhyira nka Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn!

Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade.

19Nhyira nka ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa.

Ma nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma.

Amen! Amen!

20Yisai ba Dawid mpaebɔ no awiei ni.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 72:1-20

Dwom 72

Salomo dwom.

1Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no,

na fa wo tenenee ma ɔhene babarima.

2Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn,

ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee.

3Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no,

nkokoɔ no de tenenee bɛba.

4Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ

na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa;

ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ.

5Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi

wɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

6Ɔbɛyɛ sɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so,

te sɛ obosuo a ɛgugu asase so.

7Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm wɔ ne berɛ so;

yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni hɔ bio.

8Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpo

afiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano.

9Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim

na nʼatamfoɔ adi mfuturo.

10Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri

de apeatoɔ bɛbrɛ no;

Saba ne Seba ahemfo

de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no.

11Ahemfo nyinaa bɛkoto no

amanaman nyinaa bɛsom no.

12Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no,

ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ.

13Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ

na wagye ahiafoɔ nkwa.

14Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu,

ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.

15Ɔhene nkwa so!

Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no.

Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no

na wɔnhyira no da mu nyinaa.

16Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa;

nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so,

ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon;

na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ.

17Ne din bɛtena hɔ daa;

ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia.

Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no,

na wɔbɛfrɛ no nhyira.

18Nhyira nka Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn!

Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ.

19Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa.

Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma.

Amen! Amen!

20Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie.