Nnwom 32 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 32:1-11

Dwom 32

Dawid dwom.

1Nhyira ne wɔn a

wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,

na wɔakata wɔn bɔne so.

2Nhyira nka onipa a

Awurade mmu ne bɔne ngu no so

na nnaadaa nni ne honhom mu.

3Bere a meyɛɛ komm no,

me nnompe yɛɛ mmrɛw,

apini a misii no da mu nyinaa nti.

4Awia ne anadwo

wo nsa yɛɛ den wɔ me so;

mʼahoɔden sae

te sɛ awia bere mu ɔhyew.

5Afei, migyee me bɔne too mu.

Mankata mʼamumɔyɛ so.

Mekae se, “Mɛka

me bɔne akyerɛ Awurade,”

na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.

6Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae

bere a wohu wo;

ampa ara sɛ asu akɛse yiri a,

ɛrenka no.

7Wone me hintabea;

wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu

na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.

8Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so

metu wo fo na mahwɛ wo so.

9Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a

onni ntease nti

wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no,

sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.

10Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso,

nanso Awurade adɔe a ɛnsa da no

twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.

11Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo;

monto dwom, mo a mo koma mu tew.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 32:1-11

Dwom 32

Dawid dwom.

1Nhyira ne wɔn a

wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,

na wɔakata wɔn bɔne so.

2Nhyira nka onipa a

Awurade mmu ne bɔne ngu ne so,

na nnaadaa nni ne honhom mu.

3Ɛberɛ a meyɛɛ komm no,

me nnompe yɛɛ mmrɛ

apinie a mesii no da mu nyinaa enti.

4Awia ne anadwo

wo nsa yɛɛ den wɔ me so;

mʼahoɔden saeɛ

sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.

5Afei, megyee me bɔne too mu.

Mankata mʼamumuyɛ so.

Mekaa sɛ, “Mɛka

me bɔne akyerɛ Awurade,”

na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.

6Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ

ɛberɛ a wɔhunu woɔ;

ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,

ɛrenka no.

7Wone me hintabea;

wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu

na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.

8Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ

mɛtu wo fo na mahwɛ wo so.

9Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a

ɔnni nteaseɛ enti

wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no

sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.

10Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso,

nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no,

ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.

11Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ;

monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ.