Dwom 30
Dawid dwom.
1Mɛma wo so, Awurade,
efisɛ, woayi me afi bun mu
na woamma mʼatamfo anserew me.
2Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me
na wosaa me yare.
3Awurade, wuyii me fii ɔda mu;
wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu.
4Monto ayeyi nnwom mma Awurade;
mo a moyɛ nʼahotewfo!
Monkamfo ne din kronkron no.
5Nʼabufuw nkyɛ,
na nʼadɔe wɔ hɔ daa;
agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo,
nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
6Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se,
“Merenhinhim da.”
7Awurade, woyɛɛ me adom no
womaa me bepɔw gyinaa pintinn
na wode wʼanim hintaw me no,
me koma tui.
8Wo, Awurade na mefrɛɛ wo;
wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se:
9“Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so,
sɛ mɛkɔ amoa mu?
Mfutuma beyi wo ayɛ ana?
Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?
10Tie me, Awurade, na hu me mmɔbɔ!
Awurade, yɛ me boafo.”
11Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw;
wuyii mʼatweaatam fii me ho
na wode anigye furaa me,
12sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm.
Awurade me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa.