Nnwom 29 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 29:1-11

Dwom 29

Dawid dwom.

1Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde,

momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

2Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no;

monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.

3Awurade nne wɔ nsu no so;

anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu,

Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.

4Awurade nne mu wɔ tumi;

Awurade nne mu wɔ anuonyam.

5Awurade nne bubu sida;

Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete

6Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,

na Sirion nso sɛ ɛko ba.

7Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.

8Awurade nne wosow sare so;

Awurade wosow Kades sare.

9Awurade nne kyinkyim adum

na ɛma kwae yɛ kwaterekwa.

Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,

“Anuonyam nka Onyankopɔn!”

10Awurade di hene wɔ nsuyiri so;

wɔasi Awurade hene afebɔɔ.

11Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden,

na ɔde asomdwoe hyira wɔn.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 29:1-11

第 29 篇

上帝威嚴的聲音

大衛的詩。

1上帝的眾子啊,

要讚美耶和華,

讚美祂的榮耀和能力,

2要讚美祂榮耀的名,

穿上聖潔的衣服敬拜祂。

3耶和華的聲音迴盪在海上,

榮耀的上帝打雷,

在洪濤之上打雷。

4耶和華的聲音充滿能力;

耶和華的聲音充滿威嚴。

5耶和華的聲音震斷香柏樹,

耶和華劈碎黎巴嫩的香柏樹,

6使黎巴嫩山跳躍如小牛,

西連山跳躍如野牛。

7耶和華的聲音攜閃電而來,

8震動曠野,

震動加低斯的曠野。

9耶和華的聲音擊倒橡樹29·9 擊倒橡樹」或譯「使母鹿生產」。

使樹木凋零。

眾人在祂殿中高呼:

「榮耀歸於耶和華!」

10耶和華坐在洪濤之上,

耶和華永遠坐著為王。

11耶和華賜力量給自己的子民,

賜給他們平安的福樂。