Nnwom 17 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 17:1-15

Dwom 17

Dawid Mpaebɔ.

1Awurade, tie me trenee abisade;

tie me sufrɛ.

Yɛ aso ma me mpaebɔ;

nea emfi nnaadaa anofafa mu.

2Ma me bembu mfi wo;

ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ.

3Wopɛɛpɛɛ me koma mu,

wohwehwɛ me mu anadwo,

na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ;

mʼano nkaa bɔne bi ɛ.

4Nnipa nneyɛe fam no,

anom asɛm nti

matwe me ho afi

basabasayɛfo akwan ho.

5Menam wʼakwan so daa;

me nan nhintiw ɛ.

6Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn

na wubegye me so;

yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.

7Da wo dɔ nwonwaso no adi;

wo a wode wo nsa nifa

gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa

fi wɔn atamfo nsam no.

8Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;

fa me sie wo ntaban nwini no ase,

9fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam,

mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.

10Wopirim wɔn koma,

na wɔkasa ahantan so.

11Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;

wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.

12Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no,

te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.

13Sɔre, Awurade!

Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;

fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.

14Awurade, fa wo nsa

gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam;

asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no.

Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;

wɔn mmabarima wɔ bebree,

na wɔkora agyapade ma wɔn mma.

15Na me trenee mu, mehu wʼanim;

sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 17:1-15

Dwom 17

Dawid Mpaeɛbɔ.

1Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ;

tie me sufrɛ.

Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ

deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.

2Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ.

Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ.

3Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu,

wohwehwɛ me mu anadwo,

na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee;

masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne.

4Nnipa nneyɛɛ fam no,

wʼanomu asɛm enti

matwe me ho afiri

basabasayɛfoɔ akwan ho.

5Menam wʼakwan so daa;

me nan nnwatiriiɛ.

6Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn

na wobɛgye me so;

yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ.

7Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi

wo a wode wo nsa nifa

gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa

firi wɔn atamfoɔ nsam.

8Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;

fa me sie wo ntaban nwunu no ase

9firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam,

mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no.

10Wɔpirim wɔn akoma,

na wɔkasa ahantan so.

11Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;

wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.

12Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no,

te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ.

13Sɔre, Ao Awurade!

Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;

fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam.

14Ao Awurade fa wo nsa

gye me firi nnipa a wɔte sei nsam

asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu.

Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;

wɔn mmammarima wɔ bebree,

na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma.

15Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim;

sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam.