Nnwom 140 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 140:1-13

Dwom 140

Dawid dwom.

1Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam;

bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,

2wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu

na wɔhwanyan ɔko mu da biara.

3Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de;

nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.

4Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam;

bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a

wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.

5Ahantanfo asum me afiri;

wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu

wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.

6Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.”

Awurade, tie me mmɔborɔsu.

7Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,

wokata me ti so wɔ ɔko da,

8nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;

mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.

9Wɔatwa me ho ahyia,

nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

10Ma nnyansramma ngu wɔn so;

ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,

ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.

11Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;

ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.

12Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee

na odi onnibi asɛm ma no.

13Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din

na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.