Nnwom 130 – AKCB & NRT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 130:1-8

Dwom 130

Ɔsoroforo dwom.

1Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;

2Awurade, tie me nne.

Wɛn wʼaso

ma me nkotosrɛ.

3Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a,

anka hena na obetumi agyina ano?

4Nanso wowɔ bɔnefakyɛ;

ɛno nti wosuro wo.

5Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn,

na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.

6Metwɛn Awurade

sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee,

sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.

7Israel, ma wʼani nna Awurade so,

efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ

na ogye ankasa wɔ ne mu.

8Ɔno ankasa begye Israel

afi wɔn bɔne nyinaa mu.

New Russian Translation

Псалтирь 130:1-3

Псалом 130

1Песнь восхождения Давида.

Господи, не возгордилось мое сердце,

и не вознеслись мои глаза,

и не занимался я великими,

недосягаемыми для меня делами.

2Но смирял и успокаивал свою душу,

как ребенка, отнятого от материнской груди;

душа моя – как ребенок, отнятый от материнской груди.

3Да уповает Израиль на Господа

отныне и вовеки!