Nnwom 129 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 129:1-8

Dwom 129

Ɔsoroforo dwom.

1“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,

ma Israel nka ɛ.

2“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,

nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ.

3Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi

ayɛ wɔn nkɔmoa atenten.

4Nanso Awurade yɛ ɔtreneeni;

watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.”

5Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa

mfa animguase nsan wɔn akyi.

6Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi,

a ennyin na ɛhyew;

7na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma,

na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma.

8Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se,

Awurade nhyira mmra mo so;

yehyira mo wɔ Awurade din mu.”

Nova Versão Internacional

Salmos 129:1-8

Salmo 129

Cântico de Peregrinação.

1Muitas vezes me oprimiram desde a minha juventude;

que Israel o repita:

2Muitas vezes me oprimiram desde a minha juventude,

mas jamais conseguiram vencer-me.

3Passaram o arado em minhas costas

e fizeram longos sulcos.

4O Senhor é justo!

Ele libertou-me das algemas dos ímpios.

5Retrocedam envergonhados

todos os que odeiam Sião.

6Sejam como o capim do terraço,

que seca antes de crescer,

7que não enche as mãos do ceifeiro

nem os braços daquele que faz os fardos.

8E que ninguém que passa diga:

“Seja sobre vocês a bênção do Senhor;

nós os abençoamos em nome do Senhor!”