Nnwom 120 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 120:1-7

Dwom 120

Ɔsoroforo dwom.

1Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,

na ogye me so.

2Awurade, gye me fi atoro ano,

ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

3Dɛn na ɔbɛyɛ wo,

na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

4Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam

ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.

5Nnome nka me sɛ metena Mesek,

na mete Kedar ntamadan mu!

6Matena wɔn a wokyi asomdwoe

mu akyɛ dodo.

7Meyɛ asomdwoe nipa;

nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.