Nnwom 119 – AKCB & CARS

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 119:1-176

Dwom 119

Awurade Mmara

1Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

na wɔnantew sɛnea Awurade mmara kyerɛ.

2Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde,

na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.

3Wɔnyɛ mfomso biara;

na wɔnam nʼakwan so.

4Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ

a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ.

5Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi,

ayɛ osetie wɔ wo hyɛ nsɛm ho ɛ!

6Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a,

ɛno de, anka mʼanim rengu ase.

7Mede koma a mu tew bɛkamfo wo

bere a meresua wo mmara a ɛteɛ no.

8Medi wo hyɛ nsɛm so;

na nnyaw me korakora.

Awurade Mmara Ho Osetie

9Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?

Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so.

10Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;

mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.

11Mede wʼasɛm asie me koma mu

sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.

12Awurade, ayeyi nka wo;

kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

13Mede mʼano ka mmara

a efi wʼanom nyinaa.

14Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so,

sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.

15Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho

na mehwehwɛ wʼakwan mu.

16Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho;

na merentoto wʼasɛm ase.

Awurade Mmara Mu Ahotɔ

17Yɛ wo somfo yiye;

na matena ase adi wʼasɛm so.

18Bue mʼani na minhu anwonwade a

ɛwɔ wo mmara no mu.

19Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;

mfa wo mmaransɛm no nhintaw me.

20Me kra tɔ beraw bere biara,

wo mmara ho anigyina nti.

21Woka ahantanfo anim, wɔn a wɔadome wɔn,

na wɔman fi wo mmaransɛm ho no.

22Yi wɔn animka ne animtiaabu fi me mu,

efisɛ midi wʼahyɛde so.

23Ɛwɔ mu sɛ sodifo hyia di me ho nseku,

nanso wo somfo bedwinnwen wʼahyɛde ho.

24Wʼahyɛde yɛ mʼanigyede

na ɛyɛ me fotufo.

Awurade Mmara Sodi Ho Bɔhyɛ

25Woabrɛ me ase ma meda mfutuma mu;

kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm no te.

26Mesesee mʼakwan na wugyee me so;

kyerɛkyerɛ me wʼahyɛde.

27Ma mente nea ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;

na mesusuw wʼanwonwade ho.

28Awerɛhow ama me kra atɔ beraw;

hyɛ me den sɛnea wʼasɛm no kyerɛ.

29Yi me fi nnaadaa akwan so;

na fa wo mmara so dom me.

30Mafa nokware kwan no so;

mede me koma abata wo mmara ho.

31Awurade, mikura wo nkyerɛkyerɛ mu dennen,

mma mʼanim ngu ase.

32Mitu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,

efisɛ woama mʼadwene mu adɔ.

Ntease Ho Mpaebɔ

33Kyerɛkyerɛ me, Awurade, na minni wo hyɛ nsɛm so,

na medi so akosi awiei.

34Ma me ntease, na medi wo mmara so,

na mede me koma nyinaa bedi so.

35Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no

na hɔ na minya anigye.

36Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho

na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho.

37Yi mʼani fi nneɛma hunu so;

na kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm te.

38Di bɔ a woahyɛ wo somfo no so,

na wasuro wo.

39Yi animguase a ɛbɔ me hu no fi hɔ,

efisɛ wo mmara yɛ papa.

40Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!

Kyɛe me nkwa so wɔ wo trenee mu.

Awurade Mmara Mu Ahotoso

41Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,

wo nkwagye no, sɛnea wo bɔhyɛ no te.

42Afei mebua nea oyi me ahi no,

efisɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotoso.

43Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom,

efisɛ mʼanidaso wɔ wo mmara mu.

44Medi wo mmara so bere biara

akosi daa apem.

45Mede ahofadi bɛnantew,

efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.

46Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo anim

na wɔrengu mʼanim ase,

47efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho,

na medɔ no.

48Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no,

na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho.

Awurade Mmara No Mu Ahotoso

49Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo,

efisɛ woama me anidaso.

50Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:

Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.

51Ahantanfo bu me animtiaa bebree,

nanso mennan mfi wo mmara ho.

52Awurade mekae wo tete mmara no,

na minya awerɛkyekye wɔ mu.

53Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfo

a wɔapo wo mmara nti.

54Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban

wɔ baabiara a mesoɛ.

55Awurade, anadwo mekae wo din,

na medi wo mmara so.

56Eyi ne ade a meyɛ da biara,

midi wo nkyerɛkyerɛ so.

Ahofama Wɔ Awurade Mmara Sodi Mu

57Awurade, wo ne me kyɛfa;

mahyɛ bɔ sɛ medi wo nsɛm so.

58Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo;

hu me mmɔbɔ sɛnea wo bɔhyɛ no te.

59Madwene mʼakwan ho

na madan mʼanammɔntu akyerɛ wʼahyɛde.

60Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn

sɛ medi wo mmara nsɛm so.

61Ɛwɔ mu, amumɔyɛfo de hama kyekyere me,

nanso me werɛ remfi wo mmara.

62Ɔdasu mu, mesɔre de wʼaseda ma wo,

wo mmara a ɛteɛ nti.

63Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo,

wɔn a wodi wo nkyerɛkyerɛ so nyinaa.

64Awurade, wʼadɔe ahyɛ asase so ma;

kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

Awurade Mmara Sodi So Mfaso

65Wo ne wo somfo nni no yiye

sɛnea wʼasɛm te, Awurade.

66Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmu pa,

efisɛ migye wo mmara nsɛm no di.

67Mefom ɔkwan ansa na mihuu amane,

na mprempren de midi wʼasɛm so.

68Wuye, na nea woyɛ nso ye;

kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

69Ahantanfo de atoro asra me ho de,

nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.

70Wɔn koma yɛ den na wonni ɔtema,

nanso mʼani gye wo mmara ho.

71Eye sɛ mihuu amane

sɛnea mesua wo hyɛ nsɛm.

72Mmara a efi wʼanom no som bo ma me

sen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem.

Nokware A Ɛwɔ Awurade Mmara Mu

73Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me;

ma me ntease a mede besua wo mmara nsɛm.

74Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye,

efisɛ mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

75Awurade, minim sɛnea wo mmara te,

na nokwaredi mu na woatwe mʼaso.

76Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛ

sɛnea bɔ a woahyɛ wo somfo no te no.

77Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa,

efisɛ mʼani ka wo mmara ho.

78Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa nti

nanso mesusuw wo nkyerɛkyerɛ ho.

79Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn,

wɔn a wɔte wo mmara ase no.

80Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho,

na mʼanim angu ase.

Ogye Mpaebɔ

81Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti,

nanso mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

82Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;

meka se, “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”

83Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de,

nanso me werɛ mfi wo hyɛ nsɛm no.

84Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn?

Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?

85Ahantanfo atu amoa de asum me afiri,

a ɛne wo mmara bɔ abira.

86Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso;

boa me, efisɛ nnipa taa me kwa.

87Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so,

nanso minnyaee wo nkyerɛkyerɛ sodi.

88Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te,

na medi nkyerɛkyerɛ a efi wʼanom no so.

Awurade Mmara Mu Gyidi

89Awurade, wʼasɛm no wɔ hɔ daa;

egyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.

90Wo nokwaredi kɔ so wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;

wode asase sii hɔ, na etim hɔ.

91Wo mmara wɔ hɔ besi nnɛ,

na nneɛma nyinaa som wo.

92Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,

anka mʼamanehunu akum me.

93Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no,

efisɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.

94Gye me nkwa, na meyɛ wo de;

na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.

95Amumɔyɛfo retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,

nanso, misusuw wʼahyɛde ho.

96Mahu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ nea ɛkɔpem;

nanso wo mmara nsɛm no nni ɔhye.

Awurade Mmara Ho Dɔ

97Ao, medɔ wo mmara no yiye!

Midwinnwen ho da mu nyinaa.

98Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo,

efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.

99Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa,

efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.

100Mewɔ ntease sen mpanyimfo,

efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so.

101Memfaa mʼanan nsii ɔkwan bɔne biara so

sɛnea metumi ayɛ osetie ama wʼasɛm.

102Memman mfii wo mmara ho,

efisɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.

103Wo nsɛm yɛ me dɛ,

ɛyɛ dɛ sen ɛwo wɔ mʼanom.

104Minya ntease fi wo nkyerɛkyerɛ mu;

enti mikyi ɔkwan bɔne biara.

Awurade Mmara Yɛ Kanea

105Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea

ne me kwan so hann.

106Maka ntam ahyɛ mu kena se

medi wo trenee mmara no so.

107Mahu amane bebree;

kyɛe me nkwa so, Awurade, sɛnea wʼasɛm te.

108Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a efi me pɛ mu,

na kyerɛkyerɛ me wo mmara.

109Ɛwɔ mu sɛ daa metoto me nkwa ase de,

nanso me werɛ remfi wo mmara.

110Amumɔyɛfo asum me afiri,

nanso memfom mfii wo nkyerɛkyerɛ ho.

111Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ;

ɛma me koma ani gye.

112Me koma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo hyɛ nsɛm so

akosi awiei.

Awurade Mmara Mu Bammɔ

113Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,

na medɔ wo mmara.

114Wone me guankɔbea ne me kyɛm;

mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

115Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo,

na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so!

116Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu;

mma mʼanidaso nyɛ ɔkwa.

117So me mu, na menya ogye;

na bere biara mɛhwɛ wo hyɛ nsɛm no.

118Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa,

na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.

119Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide;

enti medɔ wʼahyɛde.

120Wo ho suro ma me ho popo;

wo mmara abɔ me hu.

Awurade Mmara Ho Setie

121Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ.

Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me so!

122Hwɛ ma wo somfo nni yiye;

mma ahantanfo nhyɛ me so.

123Mahwɛ wo nkwagye anim ama mʼani abu,

ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛteɛ no.

124Wo ne wo somfo nni no sɛnea wʼadɔe te,

na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

125Meyɛ wo somfo; ma me nhumu

na mate wʼahyɛde ase.

126Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi;

wɔrebu wo mmara so.

127Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm

sen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa,

128na midwen sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa ye nti,

mikyi ɔkwan bɔne biara.

Pere Sɛ Wubedi Awurade Mmara So

129Wʼahyɛde yɛ nwonwa;

enti midi so.

130Wo nsɛm asete ma hann;

na ɛma ntetekwaa nya ntease.

131Mibue mʼanom na migu ahome,

na mʼani gyina wo mmara nsɛm.

132Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔ

sɛnea woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.

133Tutu mʼanammɔn sɛnea wʼasɛm no te;

mma bɔne biara nni me so.

134Gye me fi nnipa nhyɛso mu,

na madi wo nkyerɛkyerɛ so.

135Ma wʼanim nhyerɛn wo somfo so

na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

136Nsuten nisu aguare me,

efisɛ nnipa nni wo mmara so.

Awurade Mmara Yɛ Pɛ

137Ɔtreneeni ne wo, Awurade,

na wo mmara nso yɛ pɛ.

138Ahyɛde a woayɛ no yɛ trenee;

ɛyɛ nea wonya mu ahotoso pa ara.

139Abufuw ahyɛ me ma,

efisɛ mʼatamfo bu wɔn ani gu wo nsɛm so.

140Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara,

na wo somfo dɔ wɔn.

141Ɛwɔ mu sɛ menka hwee na memfra de,

nanso me werɛ mfi wo nkyerɛkyerɛ.

142Wo trenee wɔ hɔ daa,

na wo mmara no yɛ nokware.

143Ɔhaw ne awerɛhow aba me so,

nanso wo mmara nsɛm ma me ahosɛpɛw.

144Wʼahyɛde yɛ nokware daa;

ma me ntease na manya nkwa.

Ogye Mpaebɔ

145Awurade, mede me koma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,

na medi wo hyɛ nsɛm no so.

146Misu mefrɛ wo, gye me nkwa

na midi wʼahyɛde so.

147Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa;

mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.

148Mʼani gu so anadwo nyinaa,

na misusuw wo bɔhyɛ ho.

149Tie me nne sɛnea wʼadɔe no te;

Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara te.

150Wɔn a wɔhyehyɛ atirimɔdensɛm no abɛn,

nanso wɔne wo mmara ntam ware.

151Awurade, wo de, wobɛn me,

na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.

152Mmere bi a atwa mu no, misuaa wʼahyɛde

a wode tim hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.

Mmoa Ho Mpaebɔ

153Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa

efisɛ me werɛ mfii wo mmara no.

154Di mʼasɛm ma me na gye me;

kyɛe me nkwa so sɛnea wo bɔhyɛ no te.

155Nkwagye ne atirimɔdenfo ntam kwan ware,

efisɛ wɔnhwehwɛ wo hyɛ nsɛm no.

156Awurade, wʼayamhyehye yɛ kɛse;

kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara no te.

157Atamfo a wɔteetee me dɔɔso,

nanso memman mfii wo nhyehyɛe ho.

158Mehwɛ wɔn a wonni gyidi no a wɔn ho yɛ me nwini,

efisɛ wonni wʼasɛm so.

159Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;

Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te.

160Wo nsɛm nyinaa yɛ nokware;

na wo mmara a ɛteɛ no to rentwa da.

Nya Ahofama Ma Awurade Mmara

161Sodifo taataa me kwa,

nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na misuro.

162Mʼani gye wo bɔhyɛ ho

te sɛ obi a wanya asade kɛse.

163Mikyi nkontompo

na medɔ wo mmara.

164Mekamfo wo mpɛn ason da biara,

wo mmara a ɛteɛ no nti.

165Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso,

na biribiara rentumi mma wonhintiw.

166Awurade, metwɛn wo nkwagye,

na midi wo mmara nsɛm so.

167Midi wʼahyɛde so

na medɔ no yiye.

168Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so,

na wunim mʼakwan nyinaa.

Mmoa Ho Mpaebɔ

169Awurade, ma me sufrɛ nnu wʼanim;

ma me ntease sɛnea wʼasɛm no te.

170Ma me nkotosrɛ nnu wʼanim;

na gye me sɛnea wo bɔhyɛ no te.

171Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;

efisɛ wokyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

172Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,

efisɛ wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee.

173Ma wo nsa nyɛ krado mmɛboa me,

efisɛ maso wo nkyerɛkyerɛ no mu.

174Awurade, mʼani agyina wo nkwagye,

na wo mmara yɛ mʼanigyede.

175Ma mentena nkwa mu na matumi akamfo wo,

na wo mmara nso awowaw me.

176Mafom kwan sɛ oguan a wayera.

Hwehwɛ wo somfo,

efisɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm no ɛ.

Священное Писание

Забур 119:1-7

Песнь 119

Песнь восхожденияПеснь 119 Согласно средневековым преданиям эти 15 песен (с 119 по 133) воспевались на 15 ступенях лестницы, ведущей из «женского двора» во «двор исраильтян» в Иерусалимском храме постпленной эпохи. Однако более вероятно, что они воспевались паломниками, следовавшими в Иерусалим на ежегодные религиозные праздники..

1В скорби своей я воззвал к Вечному,

и Он ответил мне.

2Я сказал: «Избавь меня, Вечный,

от коварных лжецов!»

3Что Всевышний даст тебе

и что прибавит, коварный лжец?

4Он накажет тебя острыми стрелами воина

и горящими углями из корней дрока.

5Горе мне, что пребываю в Мешехе

и живу среди кедарских шатров119:5 Мешех находился в Малой Азии, а Кедар – в Аравии (см. Езек. 27:21; Ис. 21:13-17). Эти местности здесь символизируют очень отдалённые от Исраила земли..

6Душа моя слишком долго жила

с ненавидящими мир.

7Я – мирный человек,

но только заговорю – они сразу к войне.