Nnwom 11 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 11:1-7

Dwom 11

Dawid dwom.

1Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.

Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se,

“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.

2Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu,

na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so

sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu

de awɔ koma mu ahotefo.

3Sɛ wɔresɛe fapem no a,

dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”

4Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;

Awurade te ne soro ahengua so.

Ɔhwɛ nnipa mma,

nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu,

na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de,

ne kra kyi wɔn.

6Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw

agu amumɔyɛfo so;

na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7Awurade yɛ ɔtreneeni,

na ɔpɛ atɛntrenee;

wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 11:1-7

Dwom 11

Dawid dwom.

1Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.

Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ,

“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.

2Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu,

na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so

sɛ wɔbɛto wɔ esum mu

de awɔ akoma mu ahotefoɔ.

3Sɛ wɔresɛe fapem no a,

ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”

4Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;

Awurade te ne soro ahennwa so.

Ɔhwɛ nnipa mma,

nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu,

na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ,

ne kra kyiri wɔn.

6Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ

agu Amumuyɛfoɔ so;

na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7Awurade yɛ ɔteneneeni,

na ɔpɛ atɛntenenee;

wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.