Nnwom 100 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 100:1-5

Dwom 100

Ayeyi Dwom.

1Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa.

2Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade;

momfa anigye nnwom mmra nʼanim.

3Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;

ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de;

yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.

4Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,

na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;

momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

5Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa;

ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 100:1-5

Dwom 100

Ayɛyie Dwom.

1Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa

2Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade;

momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim.

3Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;

ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea;

yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.

4Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu

na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;

momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

5Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;

ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.