Nehemia 9 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 9:1-38

Israel Ka Wɔn Bɔne

1Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so aduasa baako no, ɔmanfo no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, furaa atweaatam, tuu mfutuma petee wɔn tirim. 2Bere a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfo no twee wɔn ho fii ananafo nyinaa ho. 3Wɔkenkan Awurade, wɔn Nyankopɔn, mmara nhoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abiɛsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisonnidiso a na wɔresom Awurade, wɔn Nyankopɔn. 4Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani. 5Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!”

Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka. 6Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu soro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfo nyinaa som wo.

7“Woyɛ Awurade Nyankopɔn a wuyii Abram fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, san too no din Abraham. 8Odii wo nokware no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfo, Hetifo, Perisifo Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma ɔne nʼasefo. Na wudii wo bɔhyɛ so, efisɛ daa wudi wʼasɛm so.

9“Wuhuu amane ne awerɛhow a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su fi Po Kɔkɔɔ no ho. 10Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade kyerɛɛ Farao, nʼasomfo ne ne manfo nyinaa, efisɛ na wunim nhyɛso kwan a na Misraimfo no de wɔn fa so. Wowɔ anuonyam a ahyeta a ani mpa so da. 11Wopaee po mu maa wo nkurɔfo, sɛnea wobetumi afa asase wosee so. Na wusum wɔn atamfo guu po bun mu. Wɔmemem sɛ abo wɔ bun a emu dɔ no ase. 12Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛnea wobehu kwan.

13“Wusian bepɔw Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn fi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛde a ɛyɛ nokware brɛɛ wɔn. 14Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo somfo Mose so hyɛɛ wɔn sɛnea wonsi nni wʼahyɛde ne wo mmara no nyinaa so. 15Bere a ɔkɔm dee wɔn no, womaa wɔn brodo a efi ɔsoro ne nsu a efi ɔbotan mu, bere a osukɔm dee wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no.

16“Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so. 17Wɔantie, na wɔankae wʼanwonwade a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔtew atua yii ntuanoni sɛ ɔnsan mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso woyɛ ɔdebɔnekyɛ, ahummɔbɔ ne ɔdomfo Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw na wʼadɔe dɔɔso. Enti woampo wɔn, 18bere a wɔyɛɛ nantwi ba na wɔka se, ‘Oyi ne mo nyame a, oyii mo fii Misraim no.’ Wɔyɛɛ bɔne, kekaa abususɛm a ɛyɛ hu.

19“Nanso wo mmɔborɔhunu mu no, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ sare no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. 20Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn brodo afi ɔsoro anaa nsu bere a osukɔm de wɔn. 21Wohwɛɛ wɔn so mfe aduanan wɔ sare so. Saa bere no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntade antetew, na wɔn anan ase antaatae.

22“Woboaa yɛn agyanom ma wodii ahemman akɛse ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfo duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ofi Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa. 23Womaa wɔn asefo dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woahyɛ wɔn agyanom ho bɔ no so. 24Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na mpo, ahemfo ne Kanaanfo a wɔtenaa asase no so no tumi sae. Wo nkurɔfo ne wɔn dii no sɛnea wɔpɛ. 25Yɛn agyanom faa nkurow a wɔabɔ ho ban ne nsasebere no. Wɔfaa afi a nnepa wɔ mu ne asuten a wɔatutu dedaw no ne bobeturo ne ngofuw ne nnuabafuw no bebree. Enti wodidii ara kosii sɛ wɔdodɔ yɛɛ akɛse, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu.

26“Nanso eyinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, tew wʼanim atua. Wɔtow wo mmara no guu nkyɛn. Wokunkum adiyifo a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu. 27Enti wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa. Nanso wɔn amanehunu mu no, wosu frɛɛ wo, na wutiee wɔn fi ɔsoro. Na ahummɔbɔ a ɛso mu na wosomaa agyefo a wogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam.

28“Nanso na nneɛma nyinaa rekɔ so yiye no, wo manfo san kɔɔ bɔne mu bio, na wosan maa wɔn atamfo dii wɔn so. Nanso bere biara a wo nkurɔfo besu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wufi ɔsoro tiee wɔn bio. Wʼahummɔbɔ nwonwaso nti, wugyee wɔn ntoatoaso.

29“Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsan mmedi wo mmara no so, nanso wɔyɛɛ ahomaso ne asobrakye a wɔanni wʼahyɛde no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a wɔnam so benya nkwa no so. Wɔnam ahomaso so, dan wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wobetie wo. 30Wo dɔ nti, wunyaa wɔn ho ntoboase mfe bebree. Wosomaa wo honhom ma ɔnam adiyifo so bɔɔ wɔn kɔkɔ faa wɔn bɔne ho. Nanso wɔantie. Enti womaa abosonsomfo a wɔwɔ asase yi so no ho kwan ma wodii wɔn so bio. 31Nanso wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfo ne ahummɔbɔ Nyankopɔn.

32“Afei, yɛn Nyankopɔn, ɔkɛse, otumfo ne ɔnwonwani Nyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛe no ommu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛse aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfo ne adiyifo ne yɛn agyanom so fi bere a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de besi saa bere yi. 33Bere biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛse a wotwe yɛn aso sɛnea ɛsɛ wɔ so. 34Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfo, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛde ne wo kɔkɔbɔ dennen no so. 35Mpo, bere a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ bere a woahwie wʼayamye adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛse, nanso wɔannu wɔn ho amfi wɔn amumɔyɛsɛm ho.

36“Enti mprempren, yɛyɛ nkoa wɔ asase a nnepa abu so wɔ so a wode maa yɛn agyanom no so. Dodow yi nyinaa mu, yɛyɛ nkoa. 37Nnɔbae a ebu so boro so no nyinaa akodi ahemfo a esiane yɛn bɔne nti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwi so tumi. Yɛsom wɔn sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛse mu.

Woti Apam No Mu

38“Eyinom nyinaa nti, yɛnam kurukyerɛw so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔwano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifo ne asɔfo din wɔ.”

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 9:1-38

Israel Ka Wɔn Bɔne

1Bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) ɛda a ɛtɔ so aduasa baako no, ɔmanfoɔ no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, firaa ayitoma, tuu mfuturo petee wɔn tirim. 2Ɛberɛ a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfoɔ no twee wɔn ho firii ananafoɔ nyinaa ho. 3Wɔkenkan Awurade, wɔn Onyankopɔn, mmara nwoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwere mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwere mmiɛnsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ ɛberɛ a na wɔresom Awurade, wɔn Onyankopɔn. 4Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani. 5Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!”

Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka. 6Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu ɔsoro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa som wo.

7“Woyɛ Awurade Onyankopɔn a woyii Abram firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, sane too no edin Abraham. 8Ɔdii wo nokorɛ no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma ɔne nʼasefoɔ. Na wodii wo bɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, daa wodi wʼasɛm so.

9“Wohunuu amane ne awerɛhoɔ a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su firi Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 10Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ kyerɛɛ Farao, nʼasomfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, na wonim nhyɛsoɔ ɛkwan a na Misraimfoɔ no de wɔn fa so. Wowɔ animuonyam a ahyeta a ani mpa so da. 11Wopaee ɛpo mu maa wo nkurɔfoɔ, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa asase wesee so. Na wopuaa wɔn atamfoɔ guu ɛpo bunu mu. Wɔmemem sɛ aboɔ wɔ nsubunu a emu dɔ no ase. 12Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛdeɛ wɔbɛhunu ɛkwan.

13“Wosianee bepɔ Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn firi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛdeɛ a ɛyɛ nokorɛ brɛɛ wɔn. 14Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo ɔsomfoɔ Mose so hyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsi nni wʼahyɛdeɛ ne wo mmara no nyinaa so. 15Ɛberɛ a ɛkɔm de wɔn no, womaa wɔn burodo a ɛfiri ɔsoro ne nsuo a ɛfiri ɔbotan mu wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no.

16“Nanso, yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛdeɛ so. 17Wɔantie, na wɔankae wʼanwanwadeɛ a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔyɛɛ dɔm yii ntuanoni sɛ ɔnsane mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso, woyɛ ɔfakyɛfoɔ, ahummɔborɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu na wʼadɔeɛ dɔɔso. Woannyaa wɔn 18wɔ ɛberɛ a wɔyɛɛ ohoni sɛso a ɔte sɛ nantwie ba na wɔkaa sɛ, ‘Yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim no.’ Wɔyɛɛ bɔne, kekaa abususɛm a ɛyɛ hu.

19“Nanso, wo mmɔborɔhunu mu, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ ɛserɛ no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. 20Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn deɛ wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn burodo afiri soro anaa nsuo wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn. 21Wohwɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so. Saa ɛberɛ no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntadeɛ antete, na wɔn anan ase antaatae.

22“Woboaa yɛn agyanom, ma wɔdii ahemman akɛseɛ ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfoɔ duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa. 23Womaa wɔn asefoɔ dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woahyɛ wɔn agyanom ho bɔ no so. 24Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na, mpo, ahemfo ne Kanaanfoɔ a wɔtenaa asase no so no tumi saeɛ. Wo nkurɔfoɔ ne wɔn dii no sɛdeɛ wɔpɛ. 25Yɛn agyanom faa nkuro a wɔabɔ ho ban ne nsase bereɛ no. Wɔfaa afie a nnepa wɔ mu ne nsuseneeɛ a wɔatutu dada no ne bobefuo ne ngofuo ne nnuabafuo no bebree. Enti, wɔdidiiɛ ara kɔsii sɛ wɔdodɔreeɛ, yɛɛ akɛseɛ, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu.

26“Nanso, yeinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, yɛɛ dɔm tiaa wo. Wɔtoo wo mmara no guu nkyɛn. Wɔkunkumm adiyifoɔ no a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsane mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu. 27Enti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa. Nanso, wɔn amanehunu mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wotiee wɔn firi ɔsoro. Na ahummɔborɔ a ɛso mu, wosomaa agyefoɔ a wɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ nsam.

28“Nanso, na nneɛma nyinaa rekɔ so yie no, wo manfoɔ sane kɔɔ bɔne mu bio, na wosane maa wɔn atamfoɔ dii wɔn so. Nanso, ɛberɛ biara a wo nkurɔfoɔ bɛsu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wotiee bio firi ɔsoro. Wʼahummɔborɔ nwanwa enti, wogyee wɔn ntoatoasoɔ.

29“Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnsane mmɛdi wo mmara no so nanso, wɔyɛɛ ahomasoɔ ne asoɔden a wɔanni wʼahyɛdeɛ no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a, wɔnam so bɛnya nkwa. Nanso, wɔnam ahomasoɔ so danee wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wɔbɛtie wo. 30Wo dɔ enti, wonyaa wɔn ho ntoboaseɛ mfeɛ bebree. Wosomaa wo honhom a ɔnam adiyifoɔ so bɔɔ wɔn kɔkɔ faa wɔn bɔne ho. Nanso, ɛkɔka he ara a, wɔntie. Enti, bio, womaa abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase yi so no ho kwan, ma wɔdii wɔn so. 31Nanso, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso enti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfoɔ ne ahummɔborɔ Onyankopɔn.

32“Afei, yɛn Onyankopɔn, ɔkɛseɛ, otumfoɔ ne ɔnwanwani Onyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛeɛ no ɔmmu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛseɛ aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne yɛn agyanom so, firi ɛberɛ a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de bɛsi saa ɛberɛ yi. 33Ɛberɛ biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛseɛ a wotwe yɛn aso sɛdeɛ ɛsɛ wɔ so. 34Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfoɔ, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛdeɛ ne wo kɔkɔbɔ denden no so. 35Mpo, ɛberɛ a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ ɛberɛ a woahwie wʼayamyɛ adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛseɛ nanso, wɔannu wɔn ho amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho.

36“Enti, seesei, yɛyɛ nkoa wɔ asase a nnepa abu so wɔ so a wode maa yɛn agyanom no so. Dodoɔ yi nyinaa mu, yɛyɛ nkoa. 37Afudeɛ a ɛbu so boro so no nyinaa akɔdi ahemfo a ɛsiane yɛn bɔne enti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwie so tumi. Yɛsom wɔn sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛseɛ mu.

Wɔti Apam No Mu

38“Yeinom nyinaa akyi, yɛnam nkurukyire so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifoɔ ne asɔfoɔ din wɔ.”