Nehemia 7 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 7:1-73

1Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo. 2Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree. 3Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”

Nehemia Kyerɛw Nnipa No Din

4Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu. 5Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:

6Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 7Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.

Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni:

8Abusuafo dodow ni:  Paros asefo 2,1729Sefatia asefo 37210Arah asefo 65211Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo 2,81812Elam asefo 1,25413Satu asefo 84514Sakai asefo 76015Binui asefo 64816Bebai asefo 62817Asgad asefo 2,32218Adonikam asefo 66719Bigwai asefo 2,06720Adin asefo 65521Ater (Hesekia) asefo 9822Hasum asefo 32823Besai asefo 32424Harif asefo 11225Gibeon asefo 9526Mmarima dodow a wofi  Betlehem ne Netofa 18827Anatot 12828Bet-Asmawet 4229Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 74330Rama ne Geba 62131Mikmas 12232Bet-El ne Ai 12333Nebo 5234Elam 1,25435Harim 32036Yeriko 34537Lod, Hadid ne Ono 72138Senaa 3,930

39Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:

Yedaia asefo (Yesua fifo mu no) 97340Imer asefo 1,05241Pashur asefo 1,24742Harim asefo 1,017

43Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:

Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo 74

44Nnwontofo:

Asaf asefo 148

45Asɔredan Aponanohwɛfo:

Salum, Ater, Talmon asefo,Akub, Hatita ne Sobai asefo 138

46Asɔredan mu asomfo:

Siha, Hasufa, Tabaot asefo,47Keros, Siaha, Padon asefo,48Lebana, Hagaba, Salmai asefo,49Hanan, Gidel, Gahar asefo,50Reaia, Resin, Nekoda asefo,51Gasam, Usa, Paseah asefo,52Besai, Meunim, Nefusim asefo,53Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo,54Baslit, Mehida, Harsa asefo55Barkos, Sisera, Tema asefo56Nesia ne Hatifa asefo,

57Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni:

Sotai, Soferet, Perida asefo,58Yaala, Darkon, Gidel asefo,59Sefatia, Hatil,Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo,60Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ 392

61Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel:

62Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ 642

63Asɔfo baasa a wɔn din de

Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.)

64Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 65Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

66Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 67a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho. 68Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245). 69Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho.

70Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530). 71Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no. 72Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).

73Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so.

Ɛsra Kenkan Mmara No

Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,

New International Version

Nehemiah 7:1-73

1After the wall had been rebuilt and I had set the doors in place, the gatekeepers, the musicians and the Levites were appointed. 2I put in charge of Jerusalem my brother Hanani, along with Hananiah the commander of the citadel, because he was a man of integrity and feared God more than most people do. 3I said to them, “The gates of Jerusalem are not to be opened until the sun is hot. While the gatekeepers are still on duty, have them shut the doors and bar them. Also appoint residents of Jerusalem as guards, some at their posts and some near their own houses.”

The List of the Exiles Who Returned

4Now the city was large and spacious, but there were few people in it, and the houses had not yet been rebuilt. 5So my God put it into my heart to assemble the nobles, the officials and the common people for registration by families. I found the genealogical record of those who had been the first to return. This is what I found written there:

6These are the people of the province who came up from the captivity of the exiles whom Nebuchadnezzar king of Babylon had taken captive (they returned to Jerusalem and Judah, each to his own town, 7in company with Zerubbabel, Joshua, Nehemiah, Azariah, Raamiah, Nahamani, Mordecai, Bilshan, Mispereth, Bigvai, Nehum and Baanah):

The list of the men of Israel:

8the descendants of Parosh2,1729of Shephatiah37210of Arah65211of Pahath-Moab (through the line of Jeshua and Joab)2,81812of Elam1,25413of Zattu84514of Zakkai76015of Binnui64816of Bebai62817of Azgad2,32218of Adonikam66719of Bigvai2,06720of Adin65521of Ater (through Hezekiah)9822of Hashum32823of Bezai32424of Hariph11225of Gibeon95

26the men of Bethlehem and Netophah18827of Anathoth12828of Beth Azmaveth4229of Kiriath Jearim, Kephirah and Beeroth74330of Ramah and Geba62131of Mikmash12232of Bethel and Ai12333of the other Nebo5234of the other Elam1,25435of Harim32036of Jericho34537of Lod, Hadid and Ono72138of Senaah3,930

39The priests:

the descendants of Jedaiah (through the family of Jeshua)97340of Immer1,05241of Pashhur1,24742of Harim1,017

43The Levites:

the descendants of Jeshua (through Kadmiel through the line of Hodaviah)74

44The musicians:

the descendants of Asaph148

45The gatekeepers:

the descendants ofShallum, Ater, Talmon, Akkub, Hatita and Shobai138

46The temple servants:

the descendants ofZiha, Hasupha, Tabbaoth,47Keros, Sia, Padon,48Lebana, Hagaba, Shalmai,49Hanan, Giddel, Gahar,50Reaiah, Rezin, Nekoda,51Gazzam, Uzza, Paseah,52Besai, Meunim, Nephusim,53Bakbuk, Hakupha, Harhur,54Bazluth, Mehida, Harsha,55Barkos, Sisera, Temah,56Neziah and Hatipha

57The descendants of the servants of Solomon:

the descendants ofSotai, Sophereth, Perida,58Jaala, Darkon, Giddel,59Shephatiah, Hattil,Pokereth-Hazzebaim and Amon

60The temple servants and the descendants of the servants of Solomon392

61The following came up from the towns of Tel Melah, Tel Harsha, Kerub, Addon and Immer, but they could not show that their families were descended from Israel:

62the descendants ofDelaiah, Tobiah and Nekoda642

63And from among the priests:

the descendants ofHobaiah, Hakkoz and Barzillai (a man who had married a daughter of Barzillai the Gileadite and was called by that name).

64These searched for their family records, but they could not find them and so were excluded from the priesthood as unclean. 65The governor, therefore, ordered them not to eat any of the most sacred food until there should be a priest ministering with the Urim and Thummim.

66The whole company numbered 42,360, 67besides their 7,337 male and female slaves; and they also had 245 male and female singers. 68There were 736 horses, 245 mules,7:68 Some Hebrew manuscripts (see also Ezra 2:66); most Hebrew manuscripts do not have this verse. 69435 camels and 6,720 donkeys.

70Some of the heads of the families contributed to the work. The governor gave to the treasury 1,000 darics7:70 That is, about 19 pounds or about 8.4 kilograms of gold, 50 bowls and 530 garments for priests. 71Some of the heads of the families gave to the treasury for the work 20,000 darics7:71 That is, about 375 pounds or about 170 kilograms; also in verse 72 of gold and 2,200 minas7:71 That is, about 1 1/3 tons or about 1.2 metric tons of silver. 72The total given by the rest of the people was 20,000 darics of gold, 2,000 minas7:72 That is, about 1 1/4 tons or about 1.1 metric tons of silver and 67 garments for priests.

73The priests, the Levites, the gatekeepers, the musicians and the temple servants, along with certain of the people and the rest of the Israelites, settled in their own towns.

Ezra Reads the Law

When the seventh month came and the Israelites had settled in their towns,