Nahum 1 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nahum 1:1-15

1Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.

Awurade Abufuw A Etia Ninewe

2Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn,

Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma.

Awurade tɔ nʼatamfo so were,

na nʼabufuw tena wɔn so.

3Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so,

na ɔtwe ɔfɔdifo aso.

Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu,

omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma.

4Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow;

ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow.

Basan ne Karmel twintwam,

na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa.

5Mmepɔw wosow biribiri nʼanim

na nkoko nan.

Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa

wosow nʼanim.

6Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano?

Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu?

Nʼabufuw hwie te sɛ ogya;

abotan yam wɔ nʼanim.

7Awurade ye,

ɔyɛ ahohia mu guankɔbea.

Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

8Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so

bɛma Ninewe aba awiei.

Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.

9Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,

ɔbɛsɛe no;

ɔhaw biara remma nto so mprenu.

10Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho,

na bere a wɔn nsa abow wɔn no

wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano.

11Ninewe, wo mu na

nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade

na otu fo bɔne no fi.

12Nea Awurade se ni:

“Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de,

nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.

Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so,

nanso merenyɛ saa bio.

13Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu

na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”

14Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:

“Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so.

Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu

a esisi wʼabosonnan mu no.

Mesiesie wo da

efisɛ woadan ayɛ atantanne.”

15Hwɛ mmepɔw no so,

nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn

ɔno na ɔka asomdwoesɛm!

Yuda di wʼafahyɛ na

di wɔ bɔhyɛ so.

Nnipabɔne rentu wo so sa bio;

Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.