Mmebusɛm 25 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 25:1-28

Salomo Mmebusɛm Nkekaho

1Eyinom yɛ Salomo mmebusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufo kyerɛwee:

2Ɛyɛ Onyankopɔn anuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie;

sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo anuonyam.

3Sɛnea ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no,

saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo koma mu.

4Sɛ woyi dwetɛ ho fi a,

na ato nea ɛkɔ dwetɛdwumfo nsam;

5Yi amumɔyɛfo fi ɔhene anim,

na trenee bɛma nʼahengua atim.

6Mma wo ho so wɔ ɔhene anim,

na mpere dibea wɔ atitiriw mu;

7Eye ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo se, “Bra soro ha,”

sen sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitiriw bi anim.

Nea wode wʼani ahu no

8mpɛ ntɛm mfa nkɔ asennii,

na sɛ awiei no wo yɔnko gu wʼanim ase a

dɛn na wobɛyɛ?

9Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a

nna obi foforo ahintasɛm adi,

10anyɛ saa a, nea ɔbɛte no begu wʼanim ase

na din bɔne a wubenya no rempepa da.

11Asɛm a wɔka no sɛnea ɛfata no

te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ

de atuatua dwetɛ nsiesiei mu.

12Sikakɔkɔɔ asokaa anaa sikakɔkɔɔ ankasa ahyehyɛde

te sɛ onyansafo animka a ɔde ma nea ɔyɛ aso ma no.

13Sɛnea sukyerɛmma ma wim dwo wɔ otwabere mu no,

saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsoma no no;

na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

14Omununkum ne mframa a ɛmfa osu mma no

te sɛ onipa a ɔde akyɛde a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

15Ntoboase ma sodifo ti da,

na tɛkrɛmabere tumi bu dompe mu.

16Sɛ wunya ɛwo a, nni ntra so,

ne bebrebe bɛma woafe.

17Ntaa nkɔ wo yɔnko fi,

wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

18Onipa a odi adansekurum tia ne yɔnko no

te sɛ kontibaa, afoa anaa bɛmma a ano yɛ nnam.

19Ɛse a ɛyare ɔkekaw anaa nan a ɛyɛ apakye

te sɛ nea wode wo ho to ɔtorofo so hiada mu.

20Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no,

te sɛ nea ɔpa ntama gu awɔwbere mu

anaa te sɛ nsa nyinyanyinya a wohwie gu apirakuru so.

21Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.

22Sɛ woyɛ saa a, wobɛsosɔ nnyansramma agu nʼatifi,

na Awurade bɛma wo akatua.

23Sɛnea atifi fam mframa de osu ba no,

saa ara na tɛkrɛma a edi nseku de omuna ba.

24Eye sɛ wobɛtena suhyɛ twɔtwɔw ase baabi,

sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.

25Nsuonwini a ɔkra a atɔ beraw nya no

te sɛ anigyesɛm a efi akyirikyiri.

26Asuti a afono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ

te sɛ ɔtreneeni a ogyaa ne ho ma amumɔyɛfo.

27Enye sɛ wodi ɛwo ntraso,

saa ara na ɛnyɛ anuonyam sɛ obi bɛhwehwɛ nsɛm a mu dɔ mu.

28Onipa a onni ahohyɛso no

te sɛ kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

箴言 25:1-28

所羅門的箴言(續)

1以下也是所羅門的箴言,由猶大希西迦的人抄錄。

2將事隱藏是上帝的榮耀,

把事查明是君王的光榮。

3天之高,地之厚,

君王的心測不透。

4除掉銀子裡的渣滓,

銀匠就能鑄造器皿。

5清除君王身邊的惡人,

王位必因公義而鞏固。

6不可在王面前妄自尊大,

不要佔據大人物的位子。

7與其在權貴面前受羞辱,

不如等人邀請你坐上座。

8不可魯莽地打官司,

以免敗訴、羞愧難當。

9遇到跟鄰舍爭訟,

不可洩露其秘密,

10免得聽見的人辱罵你,

你的惡名將永難洗刷。

11一句話說得合宜,

就像金蘋果放在銀器裡。

12對受教者而言,

智者的責備猶如金耳環和金飾物。

13忠信的使者叫主人心裡舒暢,

就像夏收之時有冰雪的涼氣。

14誇口送禮物卻食言的人,

就像沒有雨水的風和雲。

15堅忍說服君王,

柔舌折斷骨頭。

16找到蜂蜜要酌量而食,

免得吃多了嘔吐。

17不要頻頻去鄰舍家,

免得惹人煩、遭人厭。

18作偽證陷害鄰舍的人,

無異於大錘、刀和利箭。

19危難時投靠奸詐之人,

形同倚靠壞牙和跛腳。

20對憂傷的人唱歌,

如同天寒脫衣、傷口撒鹽。

21你的仇敵若餓了,

就給他吃的;

若渴了,就給他水喝;

22因為你這是把炭火堆在他頭上,

耶和華必獎賞你。

23北風帶來雨水,

讒言激起憤怒。

24寧願住在屋頂的一角,

不跟爭鬧的妻子同屋。

25有好消息從遠方傳來,

如涼水滋潤乾渴的人。

26義人向惡人低頭,

就像清泉被攪渾,

水井受污染。

27蜂蜜吃得太多有害無益,

追求自己的榮耀也不光彩。

28無法自制的人就像被攻破的無牆之城。