Mateo 7 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 7:1-29

Atɛnyi

1“Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn. 2Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.

3“Adɛn na woma dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho? 4Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ bere a mpuran da wʼani so daa. 5Nyaatwomni! Di kan yi mpuran a ɛda wʼankasa ani so no ansa na woatumi ahu ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no yiye na woayi ama no.

6“Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara nso na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so, na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.

Bisa, Hwehwɛ, Pem

7“Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo. 8Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.

9“Na hena na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo? 10Anaasɛ obisa no nsumnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no? 12Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.

Ɔpon Ne Ɔkwan Hiahiaa No

13“Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu. 14Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.

15“Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho. 16Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi ntew bobe wɔ nsɔe so; saa ara nso na worentumi ntew borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛnse so. 17Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne. 18Dua pa ntumi nsow aba bɔne; saa ara nso na dua bɔne ntumi nsow aba pa. 19Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu hyew no. 20Onipa nneyɛe na ɛma wohu ne suban.

21“Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu. 22Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’ 23Na mabua wɔn se, ‘Minnim mo da. Mumfi me so nkɔ, nnebɔneyɛfo!’

24“Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so. 25Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so. 26Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no te sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii nwea so. 27Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no. Na edwiriw guu fam, bubuu pasaa.”

28Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn, 29efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ te sɛ obi a okura tumi, na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 7:1-29

责人先责己

1“不要论断别人,免得你们被论断。 2因为你们怎样论断别人,也必照样被论断;你们用什么尺度衡量别人,也要用什么尺度衡量你们。 3为什么你只看见你弟兄眼中的小刺,却看不见自己眼中的大梁呢? 4既然你自己眼中有大梁,又怎么能对弟兄说‘让我除去你眼中的小刺’呢? 5你这伪君子啊!要先除掉自己眼中的大梁,才能看得清楚,好清除弟兄眼中的小刺。

6“不要把圣物给狗,免得狗转过头来咬你们,也不要把珍珠丢在猪前,免得猪践踏了珍珠。

祈求、寻找、叩门

7“祈求,就会给你们;寻找,就会寻见;叩门,就会给你们开门。 8因为凡祈求的,就得到;寻找的,就寻见;叩门的,就给他开门。

9“你们做父亲的,谁会在儿子要饼时给他石头, 10要鱼时给他毒蛇呢? 11你们虽然邪恶,尚且知道把好东西给儿女,你们的天父岂不更要把好东西赐给求祂的人吗?

12“所以,你们希望人怎样待你们,就要怎样待人,这是律法和先知的教导。

辨别与抉择

13“你们要进窄门,因为通向灭亡的门大,路宽,进去的人也多; 14但通向永生的门小,路窄,找到的人也少。

15“你们要提防假先知,他们披着羊皮到你们当中,骨子里却是凶残的狼。 16你们可以凭他们结的果子认出他们。荆棘怎能结出葡萄呢?蒺藜怎能长出无花果呢? 17同样,好树结好果子,坏树结坏果子; 18好树结不出坏果子,坏树也结不出好果子。 19凡不结好果子的树,都要被砍下来丢在火里。 20因此,你们可以凭他们结的果子认出他们。 21并不是所有称呼我‘主啊,主啊’的人都能进天国,只有遵行我天父旨意的人才能进去。 22在审判那天,很多人会对我说,‘主啊,主啊,我们不是奉你的名传道,奉你的名赶鬼,奉你的名行了许多神迹吗?’ 23我会清楚地告诉他们,‘我从来不认识你们,你们这些作恶的人走开!’

两种盖房子的人

24“所以,凡听了我的这些话就去行的人,就像聪明人把房子建在磐石上。 25任由风吹雨打、洪水冲击,房子仍屹立不倒,因为它建基在磐石上。 26凡听了我这些话不去行的,就像愚昧人把房子建在沙土上。 27遇到风吹雨打、洪水冲击,房子就倒塌了,而且倒塌得很厉害。”

28大家听完耶稣这番教导,都很惊奇, 29因为祂教导他们时像位有权柄的人,不像他们的律法教师。